Romans 14 (BOATCB2)
        
        
          1 Sɛ obi gyidi sua wɔ mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye. 2 Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara. 3 Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no. 4 Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim.  5 Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6 Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. 7 Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; 8 sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de. 9 Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.  10 Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,“Awurade ka se, mete ase yi,obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim;na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.”  12 Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.  13 Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. 14 Ahotoso a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no. 15 Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no. 16 Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne. 17 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. 18 Obiara a ɔsom Kristo wɔ saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.  19 Ɛno nti ɛsɛ sɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu yɛ den. 20 Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan, nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne. 21 Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua.  22 Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. 23 Na sɛ ne tirim nteɛ no wɔ nea odi ho na sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Romans 14 in the ANGEFD
  
  
    Romans 14 in the ANTPNG2D
  
  
    Romans 14 in the AS21
  
  
    Romans 14 in the BAGH
  
  
    Romans 14 in the BBPNG
  
  
    Romans 14 in the BBT1E
  
  
    Romans 14 in the BDS
  
  
    Romans 14 in the BEV
  
  
    Romans 14 in the BHAD
  
  
    Romans 14 in the BIB
  
  
    Romans 14 in the BLPT
  
  
    Romans 14 in the BNT
  
  
    Romans 14 in the BNTABOOT
  
  
    Romans 14 in the BNTLV
  
  
    Romans 14 in the BOATCB
  
  
    Romans 14 in the BOBCV
  
  
    Romans 14 in the BOCNT
  
  
    Romans 14 in the BOECS
  
  
    Romans 14 in the BOGWICC
  
  
    Romans 14 in the BOHCB
  
  
    Romans 14 in the BOHCV
  
  
    Romans 14 in the BOHLNT
  
  
    Romans 14 in the BOHNTLTAL
  
  
    Romans 14 in the BOICB
  
  
    Romans 14 in the BOILNTAP
  
  
    Romans 14 in the BOITCV
  
  
    Romans 14 in the BOKCV
  
  
    Romans 14 in the BOKCV2
  
  
    Romans 14 in the BOKHWOG
  
  
    Romans 14 in the BOKSSV
  
  
    Romans 14 in the BOLCB
  
  
    Romans 14 in the BOLCB2
  
  
    Romans 14 in the BOMCV
  
  
    Romans 14 in the BONAV
  
  
    Romans 14 in the BONCB
  
  
    Romans 14 in the BONLT
  
  
    Romans 14 in the BONUT2
  
  
    Romans 14 in the BOPLNT
  
  
    Romans 14 in the BOSCB
  
  
    Romans 14 in the BOSNC
  
  
    Romans 14 in the BOTLNT
  
  
    Romans 14 in the BOVCB
  
  
    Romans 14 in the BOYCB
  
  
    Romans 14 in the BPBB
  
  
    Romans 14 in the BPH
  
  
    Romans 14 in the BSB
  
  
    Romans 14 in the CCB
  
  
    Romans 14 in the CUV
  
  
    Romans 14 in the CUVS
  
  
    Romans 14 in the DBT
  
  
    Romans 14 in the DGDNT
  
  
    Romans 14 in the DHNT
  
  
    Romans 14 in the DNT
  
  
    Romans 14 in the ELBE
  
  
    Romans 14 in the EMTV
  
  
    Romans 14 in the ESV
  
  
    Romans 14 in the FBV
  
  
    Romans 14 in the FEB
  
  
    Romans 14 in the GGMNT
  
  
    Romans 14 in the GNT
  
  
    Romans 14 in the HARY
  
  
    Romans 14 in the HNT
  
  
    Romans 14 in the IRVA
  
  
    Romans 14 in the IRVB
  
  
    Romans 14 in the IRVG
  
  
    Romans 14 in the IRVH
  
  
    Romans 14 in the IRVK
  
  
    Romans 14 in the IRVM
  
  
    Romans 14 in the IRVM2
  
  
    Romans 14 in the IRVO
  
  
    Romans 14 in the IRVP
  
  
    Romans 14 in the IRVT
  
  
    Romans 14 in the IRVT2
  
  
    Romans 14 in the IRVU
  
  
    Romans 14 in the ISVN
  
  
    Romans 14 in the JSNT
  
  
    Romans 14 in the KAPI
  
  
    Romans 14 in the KBT1ETNIK
  
  
    Romans 14 in the KBV
  
  
    Romans 14 in the KJV
  
  
    Romans 14 in the KNFD
  
  
    Romans 14 in the LBA
  
  
    Romans 14 in the LBLA
  
  
    Romans 14 in the LNT
  
  
    Romans 14 in the LSV
  
  
    Romans 14 in the MAAL
  
  
    Romans 14 in the MBV
  
  
    Romans 14 in the MBV2
  
  
    Romans 14 in the MHNT
  
  
    Romans 14 in the MKNFD
  
  
    Romans 14 in the MNG
  
  
    Romans 14 in the MNT
  
  
    Romans 14 in the MNT2
  
  
    Romans 14 in the MRS1T
  
  
    Romans 14 in the NAA
  
  
    Romans 14 in the NASB
  
  
    Romans 14 in the NBLA
  
  
    Romans 14 in the NBS
  
  
    Romans 14 in the NBVTP
  
  
    Romans 14 in the NET2
  
  
    Romans 14 in the NIV11
  
  
    Romans 14 in the NNT
  
  
    Romans 14 in the NNT2
  
  
    Romans 14 in the NNT3
  
  
    Romans 14 in the PDDPT
  
  
    Romans 14 in the PFNT
  
  
    Romans 14 in the RMNT
  
  
    Romans 14 in the SBIAS
  
  
    Romans 14 in the SBIBS
  
  
    Romans 14 in the SBIBS2
  
  
    Romans 14 in the SBICS
  
  
    Romans 14 in the SBIDS
  
  
    Romans 14 in the SBIGS
  
  
    Romans 14 in the SBIHS
  
  
    Romans 14 in the SBIIS
  
  
    Romans 14 in the SBIIS2
  
  
    Romans 14 in the SBIIS3
  
  
    Romans 14 in the SBIKS
  
  
    Romans 14 in the SBIKS2
  
  
    Romans 14 in the SBIMS
  
  
    Romans 14 in the SBIOS
  
  
    Romans 14 in the SBIPS
  
  
    Romans 14 in the SBISS
  
  
    Romans 14 in the SBITS
  
  
    Romans 14 in the SBITS2
  
  
    Romans 14 in the SBITS3
  
  
    Romans 14 in the SBITS4
  
  
    Romans 14 in the SBIUS
  
  
    Romans 14 in the SBIVS
  
  
    Romans 14 in the SBT
  
  
    Romans 14 in the SBT1E
  
  
    Romans 14 in the SCHL
  
  
    Romans 14 in the SNT
  
  
    Romans 14 in the SUSU
  
  
    Romans 14 in the SUSU2
  
  
    Romans 14 in the SYNO
  
  
    Romans 14 in the TBIAOTANT
  
  
    Romans 14 in the TBT1E
  
  
    Romans 14 in the TBT1E2
  
  
    Romans 14 in the TFTIP
  
  
    Romans 14 in the TFTU
  
  
    Romans 14 in the TGNTATF3T
  
  
    Romans 14 in the THAI
  
  
    Romans 14 in the TNFD
  
  
    Romans 14 in the TNT
  
  
    Romans 14 in the TNTIK
  
  
    Romans 14 in the TNTIL
  
  
    Romans 14 in the TNTIN
  
  
    Romans 14 in the TNTIP
  
  
    Romans 14 in the TNTIZ
  
  
    Romans 14 in the TOMA
  
  
    Romans 14 in the TTENT
  
  
    Romans 14 in the UBG
  
  
    Romans 14 in the UGV
  
  
    Romans 14 in the UGV2
  
  
    Romans 14 in the UGV3
  
  
    Romans 14 in the VBL
  
  
    Romans 14 in the VDCC
  
  
    Romans 14 in the YALU
  
  
    Romans 14 in the YAPE
  
  
    Romans 14 in the YBVTP
  
  
    Romans 14 in the ZBP