Romans 15 (BOATCB2)

1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den. 3 Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” 4 Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso. 5 Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no. 7 Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no. 8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,“Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu;na mato nnwom akamfo wo din.” 10 Na ɛka bio se,“Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade,mo ne ne nkurɔfo Yudafo.” 11 Bio,“Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ;asase so aman nyinaa monkamfo no.” 12 Na Yesaia ka bio se,“Yisai aseni bɛsɔre,nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so;ɔno na wɔn ani bɛda ne so.” 13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso. 14 Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15 Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti. 16 Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho. 17 Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18 Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. 19 Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so. 21 Mmom sɛnea wɔakyerɛw no:“Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.” 22 Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan. 23 Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti, 24 mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no. 25 Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no. 26 Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27 Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. 28 Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo. 29 Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba. 30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. 31 Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu. 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. 33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

In Other Versions

Romans 15 in the ANGEFD

Romans 15 in the ANTPNG2D

Romans 15 in the AS21

Romans 15 in the BAGH

Romans 15 in the BBPNG

Romans 15 in the BBT1E

Romans 15 in the BDS

Romans 15 in the BEV

Romans 15 in the BHAD

Romans 15 in the BIB

Romans 15 in the BLPT

Romans 15 in the BNT

Romans 15 in the BNTABOOT

Romans 15 in the BNTLV

Romans 15 in the BOATCB

Romans 15 in the BOBCV

Romans 15 in the BOCNT

Romans 15 in the BOECS

Romans 15 in the BOGWICC

Romans 15 in the BOHCB

Romans 15 in the BOHCV

Romans 15 in the BOHLNT

Romans 15 in the BOHNTLTAL

Romans 15 in the BOICB

Romans 15 in the BOILNTAP

Romans 15 in the BOITCV

Romans 15 in the BOKCV

Romans 15 in the BOKCV2

Romans 15 in the BOKHWOG

Romans 15 in the BOKSSV

Romans 15 in the BOLCB

Romans 15 in the BOLCB2

Romans 15 in the BOMCV

Romans 15 in the BONAV

Romans 15 in the BONCB

Romans 15 in the BONLT

Romans 15 in the BONUT2

Romans 15 in the BOPLNT

Romans 15 in the BOSCB

Romans 15 in the BOSNC

Romans 15 in the BOTLNT

Romans 15 in the BOVCB

Romans 15 in the BOYCB

Romans 15 in the BPBB

Romans 15 in the BPH

Romans 15 in the BSB

Romans 15 in the CCB

Romans 15 in the CUV

Romans 15 in the CUVS

Romans 15 in the DBT

Romans 15 in the DGDNT

Romans 15 in the DHNT

Romans 15 in the DNT

Romans 15 in the ELBE

Romans 15 in the EMTV

Romans 15 in the ESV

Romans 15 in the FBV

Romans 15 in the FEB

Romans 15 in the GGMNT

Romans 15 in the GNT

Romans 15 in the HARY

Romans 15 in the HNT

Romans 15 in the IRVA

Romans 15 in the IRVB

Romans 15 in the IRVG

Romans 15 in the IRVH

Romans 15 in the IRVK

Romans 15 in the IRVM

Romans 15 in the IRVM2

Romans 15 in the IRVO

Romans 15 in the IRVP

Romans 15 in the IRVT

Romans 15 in the IRVT2

Romans 15 in the IRVU

Romans 15 in the ISVN

Romans 15 in the JSNT

Romans 15 in the KAPI

Romans 15 in the KBT1ETNIK

Romans 15 in the KBV

Romans 15 in the KJV

Romans 15 in the KNFD

Romans 15 in the LBA

Romans 15 in the LBLA

Romans 15 in the LNT

Romans 15 in the LSV

Romans 15 in the MAAL

Romans 15 in the MBV

Romans 15 in the MBV2

Romans 15 in the MHNT

Romans 15 in the MKNFD

Romans 15 in the MNG

Romans 15 in the MNT

Romans 15 in the MNT2

Romans 15 in the MRS1T

Romans 15 in the NAA

Romans 15 in the NASB

Romans 15 in the NBLA

Romans 15 in the NBS

Romans 15 in the NBVTP

Romans 15 in the NET2

Romans 15 in the NIV11

Romans 15 in the NNT

Romans 15 in the NNT2

Romans 15 in the NNT3

Romans 15 in the PDDPT

Romans 15 in the PFNT

Romans 15 in the RMNT

Romans 15 in the SBIAS

Romans 15 in the SBIBS

Romans 15 in the SBIBS2

Romans 15 in the SBICS

Romans 15 in the SBIDS

Romans 15 in the SBIGS

Romans 15 in the SBIHS

Romans 15 in the SBIIS

Romans 15 in the SBIIS2

Romans 15 in the SBIIS3

Romans 15 in the SBIKS

Romans 15 in the SBIKS2

Romans 15 in the SBIMS

Romans 15 in the SBIOS

Romans 15 in the SBIPS

Romans 15 in the SBISS

Romans 15 in the SBITS

Romans 15 in the SBITS2

Romans 15 in the SBITS3

Romans 15 in the SBITS4

Romans 15 in the SBIUS

Romans 15 in the SBIVS

Romans 15 in the SBT

Romans 15 in the SBT1E

Romans 15 in the SCHL

Romans 15 in the SNT

Romans 15 in the SUSU

Romans 15 in the SUSU2

Romans 15 in the SYNO

Romans 15 in the TBIAOTANT

Romans 15 in the TBT1E

Romans 15 in the TBT1E2

Romans 15 in the TFTIP

Romans 15 in the TFTU

Romans 15 in the TGNTATF3T

Romans 15 in the THAI

Romans 15 in the TNFD

Romans 15 in the TNT

Romans 15 in the TNTIK

Romans 15 in the TNTIL

Romans 15 in the TNTIN

Romans 15 in the TNTIP

Romans 15 in the TNTIZ

Romans 15 in the TOMA

Romans 15 in the TTENT

Romans 15 in the UBG

Romans 15 in the UGV

Romans 15 in the UGV2

Romans 15 in the UGV3

Romans 15 in the VBL

Romans 15 in the VDCC

Romans 15 in the YALU

Romans 15 in the YAPE

Romans 15 in the YBVTP

Romans 15 in the ZBP