Romans 4 (BOATCB2)
1 Asɛm bɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae? 2 Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛe so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim. 3 Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.” 4 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wobu nʼakatua no sɛ akyɛde, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. 5 Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfo to mu, efisɛ wɔwɔ gyidi wɔ ne mu. 6 Dawid ka asɛm koro no ara se nhyira a efi Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfi nnipa nnwuma mu. Ɛno nti Dawid kae se: 7 “Nhyira ne wɔn awɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,na wɔakata wɔn bɔne so. 8 Nhyira nka onipa aAwurade mmu ne bɔne ngu ne so da.” 9 Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko ana? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no; efisɛ yɛakenkan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.” 10 Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii. 11 Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a wontwaa wɔn twetia nso. 12 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidi sɛnea na Abraham wɔ gyidi ansa na wɔretwa no twetia no. 13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo, mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so. 14 Sɛ wɔn a wodi Mmara so yɛ adedifo a, ɛno de na gyidi nka hwee, na bɔhyɛ no nso so nni mfaso, 15 efisɛ mmara de abufuwhyew ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. 16 Enti bɔhyɛ no fi gyidi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebefi adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefo nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17 Sɛnea wɔakyerɛw no, “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, efi sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufo nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforo fi nea enni hɔ mu dii. 18 Bere a anidaso asa no, Abraham nyaa anidaso gye dii, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛnea na wɔaka akyerɛ no se, “Saa na wʼasefo bɛyɛ” no. 19 Abraham gyidi anhinhim bere a na ɔreyɛ adi mfe ɔha no mpo. Na onim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20 Nanso ne gyidi anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ɔhyɛɛ ne gyidi mu den de anuonyam maa Onyankopɔn. 21 Na ogye dii yiye sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ nea wahyɛ ho bɔ no. 22 Eyi nti wobuu no sɛ trenee maa no. 23 Wɔkyerɛw se, “Wobuu no sɛ trenee maa no” no, wɔankyerɛw amma ɔno nko ara. 24 Na mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso a Onyankopɔn bebu yɛn sɛ atreneefo, yɛn a yegye nea onyan Yesu, yɛn Awurade fii awufo mu di no. 25 Yɛn bɔne nti, woyii no maa owu, na wonyan no maa yɛn bembu.
In Other Versions
Romans 4 in the ANGEFD
Romans 4 in the ANTPNG2D
Romans 4 in the AS21
Romans 4 in the BAGH
Romans 4 in the BBPNG
Romans 4 in the BBT1E
Romans 4 in the BDS
Romans 4 in the BEV
Romans 4 in the BHAD
Romans 4 in the BIB
Romans 4 in the BLPT
Romans 4 in the BNT
Romans 4 in the BNTABOOT
Romans 4 in the BNTLV
Romans 4 in the BOATCB
Romans 4 in the BOBCV
Romans 4 in the BOCNT
Romans 4 in the BOECS
Romans 4 in the BOGWICC
Romans 4 in the BOHCB
Romans 4 in the BOHCV
Romans 4 in the BOHLNT
Romans 4 in the BOHNTLTAL
Romans 4 in the BOICB
Romans 4 in the BOILNTAP
Romans 4 in the BOITCV
Romans 4 in the BOKCV
Romans 4 in the BOKCV2
Romans 4 in the BOKHWOG
Romans 4 in the BOKSSV
Romans 4 in the BOLCB
Romans 4 in the BOLCB2
Romans 4 in the BOMCV
Romans 4 in the BONAV
Romans 4 in the BONCB
Romans 4 in the BONLT
Romans 4 in the BONUT2
Romans 4 in the BOPLNT
Romans 4 in the BOSCB
Romans 4 in the BOSNC
Romans 4 in the BOTLNT
Romans 4 in the BOVCB
Romans 4 in the BOYCB
Romans 4 in the BPBB
Romans 4 in the BPH
Romans 4 in the BSB
Romans 4 in the CCB
Romans 4 in the CUV
Romans 4 in the CUVS
Romans 4 in the DBT
Romans 4 in the DGDNT
Romans 4 in the DHNT
Romans 4 in the DNT
Romans 4 in the ELBE
Romans 4 in the EMTV
Romans 4 in the ESV
Romans 4 in the FBV
Romans 4 in the FEB
Romans 4 in the GGMNT
Romans 4 in the GNT
Romans 4 in the HARY
Romans 4 in the HNT
Romans 4 in the IRVA
Romans 4 in the IRVB
Romans 4 in the IRVG
Romans 4 in the IRVH
Romans 4 in the IRVK
Romans 4 in the IRVM
Romans 4 in the IRVM2
Romans 4 in the IRVO
Romans 4 in the IRVP
Romans 4 in the IRVT
Romans 4 in the IRVT2
Romans 4 in the IRVU
Romans 4 in the ISVN
Romans 4 in the JSNT
Romans 4 in the KAPI
Romans 4 in the KBT1ETNIK
Romans 4 in the KBV
Romans 4 in the KJV
Romans 4 in the KNFD
Romans 4 in the LBA
Romans 4 in the LBLA
Romans 4 in the LNT
Romans 4 in the LSV
Romans 4 in the MAAL
Romans 4 in the MBV
Romans 4 in the MBV2
Romans 4 in the MHNT
Romans 4 in the MKNFD
Romans 4 in the MNG
Romans 4 in the MNT
Romans 4 in the MNT2
Romans 4 in the MRS1T
Romans 4 in the NAA
Romans 4 in the NASB
Romans 4 in the NBLA
Romans 4 in the NBS
Romans 4 in the NBVTP
Romans 4 in the NET2
Romans 4 in the NIV11
Romans 4 in the NNT
Romans 4 in the NNT2
Romans 4 in the NNT3
Romans 4 in the PDDPT
Romans 4 in the PFNT
Romans 4 in the RMNT
Romans 4 in the SBIAS
Romans 4 in the SBIBS
Romans 4 in the SBIBS2
Romans 4 in the SBICS
Romans 4 in the SBIDS
Romans 4 in the SBIGS
Romans 4 in the SBIHS
Romans 4 in the SBIIS
Romans 4 in the SBIIS2
Romans 4 in the SBIIS3
Romans 4 in the SBIKS
Romans 4 in the SBIKS2
Romans 4 in the SBIMS
Romans 4 in the SBIOS
Romans 4 in the SBIPS
Romans 4 in the SBISS
Romans 4 in the SBITS
Romans 4 in the SBITS2
Romans 4 in the SBITS3
Romans 4 in the SBITS4
Romans 4 in the SBIUS
Romans 4 in the SBIVS
Romans 4 in the SBT
Romans 4 in the SBT1E
Romans 4 in the SCHL
Romans 4 in the SNT
Romans 4 in the SUSU
Romans 4 in the SUSU2
Romans 4 in the SYNO
Romans 4 in the TBIAOTANT
Romans 4 in the TBT1E
Romans 4 in the TBT1E2
Romans 4 in the TFTIP
Romans 4 in the TFTU
Romans 4 in the TGNTATF3T
Romans 4 in the THAI
Romans 4 in the TNFD
Romans 4 in the TNT
Romans 4 in the TNTIK
Romans 4 in the TNTIL
Romans 4 in the TNTIN
Romans 4 in the TNTIP
Romans 4 in the TNTIZ
Romans 4 in the TOMA
Romans 4 in the TTENT
Romans 4 in the UBG
Romans 4 in the UGV
Romans 4 in the UGV2
Romans 4 in the UGV3
Romans 4 in the VBL
Romans 4 in the VDCC
Romans 4 in the YALU
Romans 4 in the YAPE
Romans 4 in the YBVTP
Romans 4 in the ZBP