1 Corinthians 14 (BOATCB)

1 Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ. 2 Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. 3 Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. 4 Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. 5 Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri sɛ, onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye sɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa. 6 Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. 7 Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ, abɛn anaa sankuo a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. 8 Na sɛ deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? 9 Saa ara nso na mebisa sɛ, sɛ moka kasa foforɔ a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. 10 Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni hɔ a nteaseɛ nni mu. 11 Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. 12 Esiane sɛ mopere sɛ mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie. 13 Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforɔ no bɔ mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14 Sɛ meka kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom bɔ saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. 15 Ɛdeɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. 16 Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. 17 Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no yɛ sɛ ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so. 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. 19 Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu. 20 Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. 21 Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ sobɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasananso, wɔrentie me,”Awurade na ɔseɛ. 22 Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. 23 Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? 24 Nanso, sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn 25 na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!” 26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? Sɛ mohyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. 27 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28 Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. 29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. 30 Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31 Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. 32 Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. 33 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no. 34 Ɛsɛ sɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan sɛ wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. 35 Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbaa kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ. 36 Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? 37 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ. 38 Enti, sɛ ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso. 39 Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforɔ. 40 Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.

In Other Versions

1 Corinthians 14 in the ANGEFD

1 Corinthians 14 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 14 in the AS21

1 Corinthians 14 in the BAGH

1 Corinthians 14 in the BBPNG

1 Corinthians 14 in the BBT1E

1 Corinthians 14 in the BDS

1 Corinthians 14 in the BEV

1 Corinthians 14 in the BHAD

1 Corinthians 14 in the BIB

1 Corinthians 14 in the BLPT

1 Corinthians 14 in the BNT

1 Corinthians 14 in the BNTABOOT

1 Corinthians 14 in the BNTLV

1 Corinthians 14 in the BOATCB2

1 Corinthians 14 in the BOBCV

1 Corinthians 14 in the BOCNT

1 Corinthians 14 in the BOECS

1 Corinthians 14 in the BOGWICC

1 Corinthians 14 in the BOHCB

1 Corinthians 14 in the BOHCV

1 Corinthians 14 in the BOHLNT

1 Corinthians 14 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 14 in the BOICB

1 Corinthians 14 in the BOILNTAP

1 Corinthians 14 in the BOITCV

1 Corinthians 14 in the BOKCV

1 Corinthians 14 in the BOKCV2

1 Corinthians 14 in the BOKHWOG

1 Corinthians 14 in the BOKSSV

1 Corinthians 14 in the BOLCB

1 Corinthians 14 in the BOLCB2

1 Corinthians 14 in the BOMCV

1 Corinthians 14 in the BONAV

1 Corinthians 14 in the BONCB

1 Corinthians 14 in the BONLT

1 Corinthians 14 in the BONUT2

1 Corinthians 14 in the BOPLNT

1 Corinthians 14 in the BOSCB

1 Corinthians 14 in the BOSNC

1 Corinthians 14 in the BOTLNT

1 Corinthians 14 in the BOVCB

1 Corinthians 14 in the BOYCB

1 Corinthians 14 in the BPBB

1 Corinthians 14 in the BPH

1 Corinthians 14 in the BSB

1 Corinthians 14 in the CCB

1 Corinthians 14 in the CUV

1 Corinthians 14 in the CUVS

1 Corinthians 14 in the DBT

1 Corinthians 14 in the DGDNT

1 Corinthians 14 in the DHNT

1 Corinthians 14 in the DNT

1 Corinthians 14 in the ELBE

1 Corinthians 14 in the EMTV

1 Corinthians 14 in the ESV

1 Corinthians 14 in the FBV

1 Corinthians 14 in the FEB

1 Corinthians 14 in the GGMNT

1 Corinthians 14 in the GNT

1 Corinthians 14 in the HARY

1 Corinthians 14 in the HNT

1 Corinthians 14 in the IRVA

1 Corinthians 14 in the IRVB

1 Corinthians 14 in the IRVG

1 Corinthians 14 in the IRVH

1 Corinthians 14 in the IRVK

1 Corinthians 14 in the IRVM

1 Corinthians 14 in the IRVM2

1 Corinthians 14 in the IRVO

1 Corinthians 14 in the IRVP

1 Corinthians 14 in the IRVT

1 Corinthians 14 in the IRVT2

1 Corinthians 14 in the IRVU

1 Corinthians 14 in the ISVN

1 Corinthians 14 in the JSNT

1 Corinthians 14 in the KAPI

1 Corinthians 14 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 14 in the KBV

1 Corinthians 14 in the KJV

1 Corinthians 14 in the KNFD

1 Corinthians 14 in the LBA

1 Corinthians 14 in the LBLA

1 Corinthians 14 in the LNT

1 Corinthians 14 in the LSV

1 Corinthians 14 in the MAAL

1 Corinthians 14 in the MBV

1 Corinthians 14 in the MBV2

1 Corinthians 14 in the MHNT

1 Corinthians 14 in the MKNFD

1 Corinthians 14 in the MNG

1 Corinthians 14 in the MNT

1 Corinthians 14 in the MNT2

1 Corinthians 14 in the MRS1T

1 Corinthians 14 in the NAA

1 Corinthians 14 in the NASB

1 Corinthians 14 in the NBLA

1 Corinthians 14 in the NBS

1 Corinthians 14 in the NBVTP

1 Corinthians 14 in the NET2

1 Corinthians 14 in the NIV11

1 Corinthians 14 in the NNT

1 Corinthians 14 in the NNT2

1 Corinthians 14 in the NNT3

1 Corinthians 14 in the PDDPT

1 Corinthians 14 in the PFNT

1 Corinthians 14 in the RMNT

1 Corinthians 14 in the SBIAS

1 Corinthians 14 in the SBIBS

1 Corinthians 14 in the SBIBS2

1 Corinthians 14 in the SBICS

1 Corinthians 14 in the SBIDS

1 Corinthians 14 in the SBIGS

1 Corinthians 14 in the SBIHS

1 Corinthians 14 in the SBIIS

1 Corinthians 14 in the SBIIS2

1 Corinthians 14 in the SBIIS3

1 Corinthians 14 in the SBIKS

1 Corinthians 14 in the SBIKS2

1 Corinthians 14 in the SBIMS

1 Corinthians 14 in the SBIOS

1 Corinthians 14 in the SBIPS

1 Corinthians 14 in the SBISS

1 Corinthians 14 in the SBITS

1 Corinthians 14 in the SBITS2

1 Corinthians 14 in the SBITS3

1 Corinthians 14 in the SBITS4

1 Corinthians 14 in the SBIUS

1 Corinthians 14 in the SBIVS

1 Corinthians 14 in the SBT

1 Corinthians 14 in the SBT1E

1 Corinthians 14 in the SCHL

1 Corinthians 14 in the SNT

1 Corinthians 14 in the SUSU

1 Corinthians 14 in the SUSU2

1 Corinthians 14 in the SYNO

1 Corinthians 14 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 14 in the TBT1E

1 Corinthians 14 in the TBT1E2

1 Corinthians 14 in the TFTIP

1 Corinthians 14 in the TFTU

1 Corinthians 14 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 14 in the THAI

1 Corinthians 14 in the TNFD

1 Corinthians 14 in the TNT

1 Corinthians 14 in the TNTIK

1 Corinthians 14 in the TNTIL

1 Corinthians 14 in the TNTIN

1 Corinthians 14 in the TNTIP

1 Corinthians 14 in the TNTIZ

1 Corinthians 14 in the TOMA

1 Corinthians 14 in the TTENT

1 Corinthians 14 in the UBG

1 Corinthians 14 in the UGV

1 Corinthians 14 in the UGV2

1 Corinthians 14 in the UGV3

1 Corinthians 14 in the VBL

1 Corinthians 14 in the VDCC

1 Corinthians 14 in the YALU

1 Corinthians 14 in the YAPE

1 Corinthians 14 in the YBVTP

1 Corinthians 14 in the ZBP