1 Corinthians 14 (BOATCB2)

1 Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma mpere nhwehwɛ Honhom akyɛde no, ne titiriw no nkɔmhyɛ. 2 Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm. 3 Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. 4 Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. 5 Ɛwɔ mu sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Efisɛ onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa. 6 Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. 7 Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. 8 Na sɛ nea ɔhyɛn akobɛn no nso anhyɛn no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko? 9 Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. 10 Ɔkasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu. 11 Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no. 12 Esiane sɛ mopere sɛ mubenya Honhom no akyɛde no nti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ nea ɛbɛboa asafo no ama agyina yiye. 13 Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae na otumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14 Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no, nanso mʼadwene mmoa. 15 Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae, na mede me ntease bɛbɔ mpae nso; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede me ntease nso bɛto bi. 16 Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase. 17 Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no wɔ ɔkwan biara so. 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa. 19 Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu. 20 Monnnwene sɛ mmofra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm de a, monyɛ mo ho sɛ mmofra. Nanso munnwen sɛ mmadwemma. 21 Kyerɛwsɛm no ka se,“Menam nnipa a wɔka kasa foforo sobɛkasa akyerɛ saa nnipa yi.Menam ahɔho anofafa so bɛkasa,nanso wɔrentie me,”Awurade na ose. 22 Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne na Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne. 23 Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fi ase ka kasa foforo na sɛ ahɔho anaa wɔn a wonni gyidi fra mo mu a, munnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? 24 Nanso sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a onni gyidi anaa onipa foforo bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bebu no atɛn 25 na ne kokoamsɛm bɛda adi, na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne se, “Nokware ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!” 26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ dɛn? Sɛ muhyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforo na ɔfoforo nso akyerɛkyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔso. 27 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforo a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforo nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28 Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforo yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. 29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie adwene ho. 30 Na sɛ obi a ɔte hɔ no nso nya asɛm fi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31 Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛnea mo nyinaa benya osuahu bi ne nkuranhyɛ. 32 Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so gyae ma ɔfoforo nso kasa. 33 Efisɛ Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoepɛfo. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no. 34 Ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wonni ho kwan sɛ wɔkasa, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no. 35 Sɛ wɔrehwehwɛ biribi mu ahu a, wommisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbea kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguase. 36 Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no fi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na efi? 37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ, “Nsɛm a merekyerɛw yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ menkyerɛw.” 38 Enti sɛ ontie eyi a, ɛno de munntie ɔno nso. 39 Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforo. 40 Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.

In Other Versions

1 Corinthians 14 in the ANGEFD

1 Corinthians 14 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 14 in the AS21

1 Corinthians 14 in the BAGH

1 Corinthians 14 in the BBPNG

1 Corinthians 14 in the BBT1E

1 Corinthians 14 in the BDS

1 Corinthians 14 in the BEV

1 Corinthians 14 in the BHAD

1 Corinthians 14 in the BIB

1 Corinthians 14 in the BLPT

1 Corinthians 14 in the BNT

1 Corinthians 14 in the BNTABOOT

1 Corinthians 14 in the BNTLV

1 Corinthians 14 in the BOATCB

1 Corinthians 14 in the BOBCV

1 Corinthians 14 in the BOCNT

1 Corinthians 14 in the BOECS

1 Corinthians 14 in the BOGWICC

1 Corinthians 14 in the BOHCB

1 Corinthians 14 in the BOHCV

1 Corinthians 14 in the BOHLNT

1 Corinthians 14 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 14 in the BOICB

1 Corinthians 14 in the BOILNTAP

1 Corinthians 14 in the BOITCV

1 Corinthians 14 in the BOKCV

1 Corinthians 14 in the BOKCV2

1 Corinthians 14 in the BOKHWOG

1 Corinthians 14 in the BOKSSV

1 Corinthians 14 in the BOLCB

1 Corinthians 14 in the BOLCB2

1 Corinthians 14 in the BOMCV

1 Corinthians 14 in the BONAV

1 Corinthians 14 in the BONCB

1 Corinthians 14 in the BONLT

1 Corinthians 14 in the BONUT2

1 Corinthians 14 in the BOPLNT

1 Corinthians 14 in the BOSCB

1 Corinthians 14 in the BOSNC

1 Corinthians 14 in the BOTLNT

1 Corinthians 14 in the BOVCB

1 Corinthians 14 in the BOYCB

1 Corinthians 14 in the BPBB

1 Corinthians 14 in the BPH

1 Corinthians 14 in the BSB

1 Corinthians 14 in the CCB

1 Corinthians 14 in the CUV

1 Corinthians 14 in the CUVS

1 Corinthians 14 in the DBT

1 Corinthians 14 in the DGDNT

1 Corinthians 14 in the DHNT

1 Corinthians 14 in the DNT

1 Corinthians 14 in the ELBE

1 Corinthians 14 in the EMTV

1 Corinthians 14 in the ESV

1 Corinthians 14 in the FBV

1 Corinthians 14 in the FEB

1 Corinthians 14 in the GGMNT

1 Corinthians 14 in the GNT

1 Corinthians 14 in the HARY

1 Corinthians 14 in the HNT

1 Corinthians 14 in the IRVA

1 Corinthians 14 in the IRVB

1 Corinthians 14 in the IRVG

1 Corinthians 14 in the IRVH

1 Corinthians 14 in the IRVK

1 Corinthians 14 in the IRVM

1 Corinthians 14 in the IRVM2

1 Corinthians 14 in the IRVO

1 Corinthians 14 in the IRVP

1 Corinthians 14 in the IRVT

1 Corinthians 14 in the IRVT2

1 Corinthians 14 in the IRVU

1 Corinthians 14 in the ISVN

1 Corinthians 14 in the JSNT

1 Corinthians 14 in the KAPI

1 Corinthians 14 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 14 in the KBV

1 Corinthians 14 in the KJV

1 Corinthians 14 in the KNFD

1 Corinthians 14 in the LBA

1 Corinthians 14 in the LBLA

1 Corinthians 14 in the LNT

1 Corinthians 14 in the LSV

1 Corinthians 14 in the MAAL

1 Corinthians 14 in the MBV

1 Corinthians 14 in the MBV2

1 Corinthians 14 in the MHNT

1 Corinthians 14 in the MKNFD

1 Corinthians 14 in the MNG

1 Corinthians 14 in the MNT

1 Corinthians 14 in the MNT2

1 Corinthians 14 in the MRS1T

1 Corinthians 14 in the NAA

1 Corinthians 14 in the NASB

1 Corinthians 14 in the NBLA

1 Corinthians 14 in the NBS

1 Corinthians 14 in the NBVTP

1 Corinthians 14 in the NET2

1 Corinthians 14 in the NIV11

1 Corinthians 14 in the NNT

1 Corinthians 14 in the NNT2

1 Corinthians 14 in the NNT3

1 Corinthians 14 in the PDDPT

1 Corinthians 14 in the PFNT

1 Corinthians 14 in the RMNT

1 Corinthians 14 in the SBIAS

1 Corinthians 14 in the SBIBS

1 Corinthians 14 in the SBIBS2

1 Corinthians 14 in the SBICS

1 Corinthians 14 in the SBIDS

1 Corinthians 14 in the SBIGS

1 Corinthians 14 in the SBIHS

1 Corinthians 14 in the SBIIS

1 Corinthians 14 in the SBIIS2

1 Corinthians 14 in the SBIIS3

1 Corinthians 14 in the SBIKS

1 Corinthians 14 in the SBIKS2

1 Corinthians 14 in the SBIMS

1 Corinthians 14 in the SBIOS

1 Corinthians 14 in the SBIPS

1 Corinthians 14 in the SBISS

1 Corinthians 14 in the SBITS

1 Corinthians 14 in the SBITS2

1 Corinthians 14 in the SBITS3

1 Corinthians 14 in the SBITS4

1 Corinthians 14 in the SBIUS

1 Corinthians 14 in the SBIVS

1 Corinthians 14 in the SBT

1 Corinthians 14 in the SBT1E

1 Corinthians 14 in the SCHL

1 Corinthians 14 in the SNT

1 Corinthians 14 in the SUSU

1 Corinthians 14 in the SUSU2

1 Corinthians 14 in the SYNO

1 Corinthians 14 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 14 in the TBT1E

1 Corinthians 14 in the TBT1E2

1 Corinthians 14 in the TFTIP

1 Corinthians 14 in the TFTU

1 Corinthians 14 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 14 in the THAI

1 Corinthians 14 in the TNFD

1 Corinthians 14 in the TNT

1 Corinthians 14 in the TNTIK

1 Corinthians 14 in the TNTIL

1 Corinthians 14 in the TNTIN

1 Corinthians 14 in the TNTIP

1 Corinthians 14 in the TNTIZ

1 Corinthians 14 in the TOMA

1 Corinthians 14 in the TTENT

1 Corinthians 14 in the UBG

1 Corinthians 14 in the UGV

1 Corinthians 14 in the UGV2

1 Corinthians 14 in the UGV3

1 Corinthians 14 in the VBL

1 Corinthians 14 in the VDCC

1 Corinthians 14 in the YALU

1 Corinthians 14 in the YAPE

1 Corinthians 14 in the YBVTP

1 Corinthians 14 in the ZBP