1 Peter 3 (BOATCB)

1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, 2 ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. 3 Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. 4 Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5 Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. 6 Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa. 7 Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan. 8 Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9 Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira. 10 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiena ɔhunu nna pa no,ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. 11 Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papana ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire. 12 Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ sona ɔtie wɔn mpaeɛbɔna ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.” 13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo? 14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo. 15 Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ. 16 Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho. 17 Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne. 18 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. 21 Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa. 22 Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.

In Other Versions

1 Peter 3 in the ANGEFD

1 Peter 3 in the ANTPNG2D

1 Peter 3 in the AS21

1 Peter 3 in the BAGH

1 Peter 3 in the BBPNG

1 Peter 3 in the BBT1E

1 Peter 3 in the BDS

1 Peter 3 in the BEV

1 Peter 3 in the BHAD

1 Peter 3 in the BIB

1 Peter 3 in the BLPT

1 Peter 3 in the BNT

1 Peter 3 in the BNTABOOT

1 Peter 3 in the BNTLV

1 Peter 3 in the BOATCB2

1 Peter 3 in the BOBCV

1 Peter 3 in the BOCNT

1 Peter 3 in the BOECS

1 Peter 3 in the BOGWICC

1 Peter 3 in the BOHCB

1 Peter 3 in the BOHCV

1 Peter 3 in the BOHLNT

1 Peter 3 in the BOHNTLTAL

1 Peter 3 in the BOICB

1 Peter 3 in the BOILNTAP

1 Peter 3 in the BOITCV

1 Peter 3 in the BOKCV

1 Peter 3 in the BOKCV2

1 Peter 3 in the BOKHWOG

1 Peter 3 in the BOKSSV

1 Peter 3 in the BOLCB

1 Peter 3 in the BOLCB2

1 Peter 3 in the BOMCV

1 Peter 3 in the BONAV

1 Peter 3 in the BONCB

1 Peter 3 in the BONLT

1 Peter 3 in the BONUT2

1 Peter 3 in the BOPLNT

1 Peter 3 in the BOSCB

1 Peter 3 in the BOSNC

1 Peter 3 in the BOTLNT

1 Peter 3 in the BOVCB

1 Peter 3 in the BOYCB

1 Peter 3 in the BPBB

1 Peter 3 in the BPH

1 Peter 3 in the BSB

1 Peter 3 in the CCB

1 Peter 3 in the CUV

1 Peter 3 in the CUVS

1 Peter 3 in the DBT

1 Peter 3 in the DGDNT

1 Peter 3 in the DHNT

1 Peter 3 in the DNT

1 Peter 3 in the ELBE

1 Peter 3 in the EMTV

1 Peter 3 in the ESV

1 Peter 3 in the FBV

1 Peter 3 in the FEB

1 Peter 3 in the GGMNT

1 Peter 3 in the GNT

1 Peter 3 in the HARY

1 Peter 3 in the HNT

1 Peter 3 in the IRVA

1 Peter 3 in the IRVB

1 Peter 3 in the IRVG

1 Peter 3 in the IRVH

1 Peter 3 in the IRVK

1 Peter 3 in the IRVM

1 Peter 3 in the IRVM2

1 Peter 3 in the IRVO

1 Peter 3 in the IRVP

1 Peter 3 in the IRVT

1 Peter 3 in the IRVT2

1 Peter 3 in the IRVU

1 Peter 3 in the ISVN

1 Peter 3 in the JSNT

1 Peter 3 in the KAPI

1 Peter 3 in the KBT1ETNIK

1 Peter 3 in the KBV

1 Peter 3 in the KJV

1 Peter 3 in the KNFD

1 Peter 3 in the LBA

1 Peter 3 in the LBLA

1 Peter 3 in the LNT

1 Peter 3 in the LSV

1 Peter 3 in the MAAL

1 Peter 3 in the MBV

1 Peter 3 in the MBV2

1 Peter 3 in the MHNT

1 Peter 3 in the MKNFD

1 Peter 3 in the MNG

1 Peter 3 in the MNT

1 Peter 3 in the MNT2

1 Peter 3 in the MRS1T

1 Peter 3 in the NAA

1 Peter 3 in the NASB

1 Peter 3 in the NBLA

1 Peter 3 in the NBS

1 Peter 3 in the NBVTP

1 Peter 3 in the NET2

1 Peter 3 in the NIV11

1 Peter 3 in the NNT

1 Peter 3 in the NNT2

1 Peter 3 in the NNT3

1 Peter 3 in the PDDPT

1 Peter 3 in the PFNT

1 Peter 3 in the RMNT

1 Peter 3 in the SBIAS

1 Peter 3 in the SBIBS

1 Peter 3 in the SBIBS2

1 Peter 3 in the SBICS

1 Peter 3 in the SBIDS

1 Peter 3 in the SBIGS

1 Peter 3 in the SBIHS

1 Peter 3 in the SBIIS

1 Peter 3 in the SBIIS2

1 Peter 3 in the SBIIS3

1 Peter 3 in the SBIKS

1 Peter 3 in the SBIKS2

1 Peter 3 in the SBIMS

1 Peter 3 in the SBIOS

1 Peter 3 in the SBIPS

1 Peter 3 in the SBISS

1 Peter 3 in the SBITS

1 Peter 3 in the SBITS2

1 Peter 3 in the SBITS3

1 Peter 3 in the SBITS4

1 Peter 3 in the SBIUS

1 Peter 3 in the SBIVS

1 Peter 3 in the SBT

1 Peter 3 in the SBT1E

1 Peter 3 in the SCHL

1 Peter 3 in the SNT

1 Peter 3 in the SUSU

1 Peter 3 in the SUSU2

1 Peter 3 in the SYNO

1 Peter 3 in the TBIAOTANT

1 Peter 3 in the TBT1E

1 Peter 3 in the TBT1E2

1 Peter 3 in the TFTIP

1 Peter 3 in the TFTU

1 Peter 3 in the TGNTATF3T

1 Peter 3 in the THAI

1 Peter 3 in the TNFD

1 Peter 3 in the TNT

1 Peter 3 in the TNTIK

1 Peter 3 in the TNTIL

1 Peter 3 in the TNTIN

1 Peter 3 in the TNTIP

1 Peter 3 in the TNTIZ

1 Peter 3 in the TOMA

1 Peter 3 in the TTENT

1 Peter 3 in the UBG

1 Peter 3 in the UGV

1 Peter 3 in the UGV2

1 Peter 3 in the UGV3

1 Peter 3 in the VBL

1 Peter 3 in the VDCC

1 Peter 3 in the YALU

1 Peter 3 in the YAPE

1 Peter 3 in the YBVTP

1 Peter 3 in the ZBP