2 Chronicles 23 (BOATCB)

1 Atalia dii adeɛ mfeɛ nson no, ɔsɔfoɔ Yehoiada yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔsii ne bo ne asahene baanum, a wɔn ne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. 2 Saa mmarima yi faa esum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda nkuro so sɛ, wɔmmra Yerusalem. 3 Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam.Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. AWURADE ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene. 4 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na wɔbɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ. 5 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛkɔ ahemfie, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no akɔ Fapem Ɛpono no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a aka no nyinaa tenatena AWURADE Asɔredan adihɔ ahodoɔ hɔ. 6 Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne AWURADE Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di AWURADE mmara so, na wɔtenatena afikyire. 7 Mo Lewifoɔ na mobɛbɔ ɔhene ho ban, na mobɛkurakura mo akodeɛ. Sɛ obiara a ɔnni ho kwan wura Asɔredan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no pɛɛ.” 8 Enti, Lewifoɔ no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma obiara ankɔ fie. 9 Na Yehoiada de mpea ne akokyɛm a na ɛyɛ Ɔhene Dawid dea na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. 10 Ɔde awɛmfoɔ no twaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔayɛ wɔn akodeɛ krado. Wɔgyinagyinaa saa so wɔ Asɔredan no anafoɔ fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. 11 Afei, Yehoiada ne ne mmammarima yii ɔhene babarima Yoas baeɛ, na wɔde ahenkyɛ no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nwoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!” 12 Ɛberɛ a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfoɔ reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ AWURADE asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm korɔ a asi. 13 Na ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntotorobɛnto. Nnwontofoɔ a wɔnam nnwontodeɛ so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfoɔ no anim ahokeka so. Ɛberɛ a Atalia hunuu yei no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!” 14 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ akodɔm no so no sɛ, “Montwe no mfiri Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, monkum no. Nanso, monnkum no wɔ AWURADE Asɔredan mu ha.” 15 Enti, wɔtwee no de no kɔɔ ɛkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfie hɔ so, kumm no hɔ. 16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfoɔ no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ AWURADE nkurɔfoɔ. 17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kɔbubu guiɛ. Wɔsɛee afɔrebukyia no, dwerɛɛ ohoni no, kumm Baal ɔsɔfoɔ Matan wɔ afɔrebukyia no anim. 18 Yehoiada nam ahyɛdeɛ a Dawid ka too hɔ so, de Lewifoɔ asɔfoɔ sisii AWURADE Asɔredan no dwumadie ahodoɔ no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛ wɔn ho, sɛdeɛ Dawid ahyɛ no. 19 Ɔde apono ano ahwɛfoɔ no sisii AWURADE Asɔredan apono ano, sɛdeɛ wɔremma wɔn a wɔn ho nte no nkɔ mu. 20 Afei, asahene, atitire, ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii AWURADE Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam ɛpono no ano, wuraa ahemfie hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehyeɛ ahennwa no so. 21 Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa ɔman no mu, ɛfiri sɛ, na wɔakum Atalia.

In Other Versions

2 Chronicles 23 in the ANGEFD

2 Chronicles 23 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 23 in the AS21

2 Chronicles 23 in the BAGH

2 Chronicles 23 in the BBPNG

2 Chronicles 23 in the BBT1E

2 Chronicles 23 in the BDS

2 Chronicles 23 in the BEV

2 Chronicles 23 in the BHAD

2 Chronicles 23 in the BIB

2 Chronicles 23 in the BLPT

2 Chronicles 23 in the BNT

2 Chronicles 23 in the BNTABOOT

2 Chronicles 23 in the BNTLV

2 Chronicles 23 in the BOATCB2

2 Chronicles 23 in the BOBCV

2 Chronicles 23 in the BOCNT

2 Chronicles 23 in the BOECS

2 Chronicles 23 in the BOGWICC

2 Chronicles 23 in the BOHCB

2 Chronicles 23 in the BOHCV

2 Chronicles 23 in the BOHLNT

2 Chronicles 23 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 23 in the BOICB

2 Chronicles 23 in the BOILNTAP

2 Chronicles 23 in the BOITCV

2 Chronicles 23 in the BOKCV

2 Chronicles 23 in the BOKCV2

2 Chronicles 23 in the BOKHWOG

2 Chronicles 23 in the BOKSSV

2 Chronicles 23 in the BOLCB

2 Chronicles 23 in the BOLCB2

2 Chronicles 23 in the BOMCV

2 Chronicles 23 in the BONAV

2 Chronicles 23 in the BONCB

2 Chronicles 23 in the BONLT

2 Chronicles 23 in the BONUT2

2 Chronicles 23 in the BOPLNT

2 Chronicles 23 in the BOSCB

2 Chronicles 23 in the BOSNC

2 Chronicles 23 in the BOTLNT

2 Chronicles 23 in the BOVCB

2 Chronicles 23 in the BOYCB

2 Chronicles 23 in the BPBB

2 Chronicles 23 in the BPH

2 Chronicles 23 in the BSB

2 Chronicles 23 in the CCB

2 Chronicles 23 in the CUV

2 Chronicles 23 in the CUVS

2 Chronicles 23 in the DBT

2 Chronicles 23 in the DGDNT

2 Chronicles 23 in the DHNT

2 Chronicles 23 in the DNT

2 Chronicles 23 in the ELBE

2 Chronicles 23 in the EMTV

2 Chronicles 23 in the ESV

2 Chronicles 23 in the FBV

2 Chronicles 23 in the FEB

2 Chronicles 23 in the GGMNT

2 Chronicles 23 in the GNT

2 Chronicles 23 in the HARY

2 Chronicles 23 in the HNT

2 Chronicles 23 in the IRVA

2 Chronicles 23 in the IRVB

2 Chronicles 23 in the IRVG

2 Chronicles 23 in the IRVH

2 Chronicles 23 in the IRVK

2 Chronicles 23 in the IRVM

2 Chronicles 23 in the IRVM2

2 Chronicles 23 in the IRVO

2 Chronicles 23 in the IRVP

2 Chronicles 23 in the IRVT

2 Chronicles 23 in the IRVT2

2 Chronicles 23 in the IRVU

2 Chronicles 23 in the ISVN

2 Chronicles 23 in the JSNT

2 Chronicles 23 in the KAPI

2 Chronicles 23 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 23 in the KBV

2 Chronicles 23 in the KJV

2 Chronicles 23 in the KNFD

2 Chronicles 23 in the LBA

2 Chronicles 23 in the LBLA

2 Chronicles 23 in the LNT

2 Chronicles 23 in the LSV

2 Chronicles 23 in the MAAL

2 Chronicles 23 in the MBV

2 Chronicles 23 in the MBV2

2 Chronicles 23 in the MHNT

2 Chronicles 23 in the MKNFD

2 Chronicles 23 in the MNG

2 Chronicles 23 in the MNT

2 Chronicles 23 in the MNT2

2 Chronicles 23 in the MRS1T

2 Chronicles 23 in the NAA

2 Chronicles 23 in the NASB

2 Chronicles 23 in the NBLA

2 Chronicles 23 in the NBS

2 Chronicles 23 in the NBVTP

2 Chronicles 23 in the NET2

2 Chronicles 23 in the NIV11

2 Chronicles 23 in the NNT

2 Chronicles 23 in the NNT2

2 Chronicles 23 in the NNT3

2 Chronicles 23 in the PDDPT

2 Chronicles 23 in the PFNT

2 Chronicles 23 in the RMNT

2 Chronicles 23 in the SBIAS

2 Chronicles 23 in the SBIBS

2 Chronicles 23 in the SBIBS2

2 Chronicles 23 in the SBICS

2 Chronicles 23 in the SBIDS

2 Chronicles 23 in the SBIGS

2 Chronicles 23 in the SBIHS

2 Chronicles 23 in the SBIIS

2 Chronicles 23 in the SBIIS2

2 Chronicles 23 in the SBIIS3

2 Chronicles 23 in the SBIKS

2 Chronicles 23 in the SBIKS2

2 Chronicles 23 in the SBIMS

2 Chronicles 23 in the SBIOS

2 Chronicles 23 in the SBIPS

2 Chronicles 23 in the SBISS

2 Chronicles 23 in the SBITS

2 Chronicles 23 in the SBITS2

2 Chronicles 23 in the SBITS3

2 Chronicles 23 in the SBITS4

2 Chronicles 23 in the SBIUS

2 Chronicles 23 in the SBIVS

2 Chronicles 23 in the SBT

2 Chronicles 23 in the SBT1E

2 Chronicles 23 in the SCHL

2 Chronicles 23 in the SNT

2 Chronicles 23 in the SUSU

2 Chronicles 23 in the SUSU2

2 Chronicles 23 in the SYNO

2 Chronicles 23 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 23 in the TBT1E

2 Chronicles 23 in the TBT1E2

2 Chronicles 23 in the TFTIP

2 Chronicles 23 in the TFTU

2 Chronicles 23 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 23 in the THAI

2 Chronicles 23 in the TNFD

2 Chronicles 23 in the TNT

2 Chronicles 23 in the TNTIK

2 Chronicles 23 in the TNTIL

2 Chronicles 23 in the TNTIN

2 Chronicles 23 in the TNTIP

2 Chronicles 23 in the TNTIZ

2 Chronicles 23 in the TOMA

2 Chronicles 23 in the TTENT

2 Chronicles 23 in the UBG

2 Chronicles 23 in the UGV

2 Chronicles 23 in the UGV2

2 Chronicles 23 in the UGV3

2 Chronicles 23 in the VBL

2 Chronicles 23 in the VDCC

2 Chronicles 23 in the YALU

2 Chronicles 23 in the YAPE

2 Chronicles 23 in the YBVTP

2 Chronicles 23 in the ZBP