2 Chronicles 23 (BOATCB2)
1 Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. 2 Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem. 3 Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam.Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. AWURADE ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene. 4 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo. 5 Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena AWURADE Asɔredan adiwo ahorow hɔ. 6 Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn AWURADE Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di AWURADE mmara so, na wɔtenatena afikyiri. 7 Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.” 8 Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie. 9 Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. 10 Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae. 11 Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!” 12 Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ AWURADE asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi. 13 Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!” 14 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ AWURADE Asɔredan mu ha.” 15 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ. 16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ AWURADE nkurɔfo. 17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim. 18 Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii AWURADE Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no. 19 Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii AWURADE Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu. 20 Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii AWURADE Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so. 21 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia.
In Other Versions
2 Chronicles 23 in the ANGEFD
2 Chronicles 23 in the ANTPNG2D
2 Chronicles 23 in the AS21
2 Chronicles 23 in the BAGH
2 Chronicles 23 in the BBPNG
2 Chronicles 23 in the BBT1E
2 Chronicles 23 in the BDS
2 Chronicles 23 in the BEV
2 Chronicles 23 in the BHAD
2 Chronicles 23 in the BIB
2 Chronicles 23 in the BLPT
2 Chronicles 23 in the BNT
2 Chronicles 23 in the BNTABOOT
2 Chronicles 23 in the BNTLV
2 Chronicles 23 in the BOATCB
2 Chronicles 23 in the BOBCV
2 Chronicles 23 in the BOCNT
2 Chronicles 23 in the BOECS
2 Chronicles 23 in the BOGWICC
2 Chronicles 23 in the BOHCB
2 Chronicles 23 in the BOHCV
2 Chronicles 23 in the BOHLNT
2 Chronicles 23 in the BOHNTLTAL
2 Chronicles 23 in the BOICB
2 Chronicles 23 in the BOILNTAP
2 Chronicles 23 in the BOITCV
2 Chronicles 23 in the BOKCV
2 Chronicles 23 in the BOKCV2
2 Chronicles 23 in the BOKHWOG
2 Chronicles 23 in the BOKSSV
2 Chronicles 23 in the BOLCB
2 Chronicles 23 in the BOLCB2
2 Chronicles 23 in the BOMCV
2 Chronicles 23 in the BONAV
2 Chronicles 23 in the BONCB
2 Chronicles 23 in the BONLT
2 Chronicles 23 in the BONUT2
2 Chronicles 23 in the BOPLNT
2 Chronicles 23 in the BOSCB
2 Chronicles 23 in the BOSNC
2 Chronicles 23 in the BOTLNT
2 Chronicles 23 in the BOVCB
2 Chronicles 23 in the BOYCB
2 Chronicles 23 in the BPBB
2 Chronicles 23 in the BPH
2 Chronicles 23 in the BSB
2 Chronicles 23 in the CCB
2 Chronicles 23 in the CUV
2 Chronicles 23 in the CUVS
2 Chronicles 23 in the DBT
2 Chronicles 23 in the DGDNT
2 Chronicles 23 in the DHNT
2 Chronicles 23 in the DNT
2 Chronicles 23 in the ELBE
2 Chronicles 23 in the EMTV
2 Chronicles 23 in the ESV
2 Chronicles 23 in the FBV
2 Chronicles 23 in the FEB
2 Chronicles 23 in the GGMNT
2 Chronicles 23 in the GNT
2 Chronicles 23 in the HARY
2 Chronicles 23 in the HNT
2 Chronicles 23 in the IRVA
2 Chronicles 23 in the IRVB
2 Chronicles 23 in the IRVG
2 Chronicles 23 in the IRVH
2 Chronicles 23 in the IRVK
2 Chronicles 23 in the IRVM
2 Chronicles 23 in the IRVM2
2 Chronicles 23 in the IRVO
2 Chronicles 23 in the IRVP
2 Chronicles 23 in the IRVT
2 Chronicles 23 in the IRVT2
2 Chronicles 23 in the IRVU
2 Chronicles 23 in the ISVN
2 Chronicles 23 in the JSNT
2 Chronicles 23 in the KAPI
2 Chronicles 23 in the KBT1ETNIK
2 Chronicles 23 in the KBV
2 Chronicles 23 in the KJV
2 Chronicles 23 in the KNFD
2 Chronicles 23 in the LBA
2 Chronicles 23 in the LBLA
2 Chronicles 23 in the LNT
2 Chronicles 23 in the LSV
2 Chronicles 23 in the MAAL
2 Chronicles 23 in the MBV
2 Chronicles 23 in the MBV2
2 Chronicles 23 in the MHNT
2 Chronicles 23 in the MKNFD
2 Chronicles 23 in the MNG
2 Chronicles 23 in the MNT
2 Chronicles 23 in the MNT2
2 Chronicles 23 in the MRS1T
2 Chronicles 23 in the NAA
2 Chronicles 23 in the NASB
2 Chronicles 23 in the NBLA
2 Chronicles 23 in the NBS
2 Chronicles 23 in the NBVTP
2 Chronicles 23 in the NET2
2 Chronicles 23 in the NIV11
2 Chronicles 23 in the NNT
2 Chronicles 23 in the NNT2
2 Chronicles 23 in the NNT3
2 Chronicles 23 in the PDDPT
2 Chronicles 23 in the PFNT
2 Chronicles 23 in the RMNT
2 Chronicles 23 in the SBIAS
2 Chronicles 23 in the SBIBS
2 Chronicles 23 in the SBIBS2
2 Chronicles 23 in the SBICS
2 Chronicles 23 in the SBIDS
2 Chronicles 23 in the SBIGS
2 Chronicles 23 in the SBIHS
2 Chronicles 23 in the SBIIS
2 Chronicles 23 in the SBIIS2
2 Chronicles 23 in the SBIIS3
2 Chronicles 23 in the SBIKS
2 Chronicles 23 in the SBIKS2
2 Chronicles 23 in the SBIMS
2 Chronicles 23 in the SBIOS
2 Chronicles 23 in the SBIPS
2 Chronicles 23 in the SBISS
2 Chronicles 23 in the SBITS
2 Chronicles 23 in the SBITS2
2 Chronicles 23 in the SBITS3
2 Chronicles 23 in the SBITS4
2 Chronicles 23 in the SBIUS
2 Chronicles 23 in the SBIVS
2 Chronicles 23 in the SBT
2 Chronicles 23 in the SBT1E
2 Chronicles 23 in the SCHL
2 Chronicles 23 in the SNT
2 Chronicles 23 in the SUSU
2 Chronicles 23 in the SUSU2
2 Chronicles 23 in the SYNO
2 Chronicles 23 in the TBIAOTANT
2 Chronicles 23 in the TBT1E
2 Chronicles 23 in the TBT1E2
2 Chronicles 23 in the TFTIP
2 Chronicles 23 in the TFTU
2 Chronicles 23 in the TGNTATF3T
2 Chronicles 23 in the THAI
2 Chronicles 23 in the TNFD
2 Chronicles 23 in the TNT
2 Chronicles 23 in the TNTIK
2 Chronicles 23 in the TNTIL
2 Chronicles 23 in the TNTIN
2 Chronicles 23 in the TNTIP
2 Chronicles 23 in the TNTIZ
2 Chronicles 23 in the TOMA
2 Chronicles 23 in the TTENT
2 Chronicles 23 in the UBG
2 Chronicles 23 in the UGV
2 Chronicles 23 in the UGV2
2 Chronicles 23 in the UGV3
2 Chronicles 23 in the VBL
2 Chronicles 23 in the VDCC
2 Chronicles 23 in the YALU
2 Chronicles 23 in the YAPE
2 Chronicles 23 in the YBVTP
2 Chronicles 23 in the ZBP