Acts 13 (BOATCB)

1 Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo. 2 Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.” 3 Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn. 4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro. 5 Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ. 6 Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu. 7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8 Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm. 9 Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ, 10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi.”Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa. 12 Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no. 13 Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem. 14 Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ. 15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.” 16 Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me! 17 Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim, 18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan. 19 Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ, 20 maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ. 21 Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan. 22 Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’ 23 “Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa. 24 Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25 Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’ 26 “Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. 27 Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. 28 Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no. 29 Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. 30 Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31 ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no. 32 “Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. 33 Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ,“ ‘Woyɛ me ba;ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’ 34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ,“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’ 35 Wɔaka no baabi nso sɛ,“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’ 36 “Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. 37 Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ. 38 “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39 Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40 Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so: 41 “ ‘Mo fɛdifoɔ!Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo!Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so,na sɛ obi ka kyerɛ mo a,morennye nni!’ ” 42 Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu. 44 Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm. 45 Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no. 46 Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. 47 Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ,“‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea;ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ” 48 Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. 49 Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa. 50 Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu. 51 Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom. 52 Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.

In Other Versions

Acts 13 in the ANGEFD

Acts 13 in the ANTPNG2D

Acts 13 in the AS21

Acts 13 in the BAGH

Acts 13 in the BBPNG

Acts 13 in the BBT1E

Acts 13 in the BDS

Acts 13 in the BEV

Acts 13 in the BHAD

Acts 13 in the BIB

Acts 13 in the BLPT

Acts 13 in the BNT

Acts 13 in the BNTABOOT

Acts 13 in the BNTLV

Acts 13 in the BOATCB2

Acts 13 in the BOBCV

Acts 13 in the BOCNT

Acts 13 in the BOECS

Acts 13 in the BOGWICC

Acts 13 in the BOHCB

Acts 13 in the BOHCV

Acts 13 in the BOHLNT

Acts 13 in the BOHNTLTAL

Acts 13 in the BOICB

Acts 13 in the BOILNTAP

Acts 13 in the BOITCV

Acts 13 in the BOKCV

Acts 13 in the BOKCV2

Acts 13 in the BOKHWOG

Acts 13 in the BOKSSV

Acts 13 in the BOLCB

Acts 13 in the BOLCB2

Acts 13 in the BOMCV

Acts 13 in the BONAV

Acts 13 in the BONCB

Acts 13 in the BONLT

Acts 13 in the BONUT2

Acts 13 in the BOPLNT

Acts 13 in the BOSCB

Acts 13 in the BOSNC

Acts 13 in the BOTLNT

Acts 13 in the BOVCB

Acts 13 in the BOYCB

Acts 13 in the BPBB

Acts 13 in the BPH

Acts 13 in the BSB

Acts 13 in the CCB

Acts 13 in the CUV

Acts 13 in the CUVS

Acts 13 in the DBT

Acts 13 in the DGDNT

Acts 13 in the DHNT

Acts 13 in the DNT

Acts 13 in the ELBE

Acts 13 in the EMTV

Acts 13 in the ESV

Acts 13 in the FBV

Acts 13 in the FEB

Acts 13 in the GGMNT

Acts 13 in the GNT

Acts 13 in the HARY

Acts 13 in the HNT

Acts 13 in the IRVA

Acts 13 in the IRVB

Acts 13 in the IRVG

Acts 13 in the IRVH

Acts 13 in the IRVK

Acts 13 in the IRVM

Acts 13 in the IRVM2

Acts 13 in the IRVO

Acts 13 in the IRVP

Acts 13 in the IRVT

Acts 13 in the IRVT2

Acts 13 in the IRVU

Acts 13 in the ISVN

Acts 13 in the JSNT

Acts 13 in the KAPI

Acts 13 in the KBT1ETNIK

Acts 13 in the KBV

Acts 13 in the KJV

Acts 13 in the KNFD

Acts 13 in the LBA

Acts 13 in the LBLA

Acts 13 in the LNT

Acts 13 in the LSV

Acts 13 in the MAAL

Acts 13 in the MBV

Acts 13 in the MBV2

Acts 13 in the MHNT

Acts 13 in the MKNFD

Acts 13 in the MNG

Acts 13 in the MNT

Acts 13 in the MNT2

Acts 13 in the MRS1T

Acts 13 in the NAA

Acts 13 in the NASB

Acts 13 in the NBLA

Acts 13 in the NBS

Acts 13 in the NBVTP

Acts 13 in the NET2

Acts 13 in the NIV11

Acts 13 in the NNT

Acts 13 in the NNT2

Acts 13 in the NNT3

Acts 13 in the PDDPT

Acts 13 in the PFNT

Acts 13 in the RMNT

Acts 13 in the SBIAS

Acts 13 in the SBIBS

Acts 13 in the SBIBS2

Acts 13 in the SBICS

Acts 13 in the SBIDS

Acts 13 in the SBIGS

Acts 13 in the SBIHS

Acts 13 in the SBIIS

Acts 13 in the SBIIS2

Acts 13 in the SBIIS3

Acts 13 in the SBIKS

Acts 13 in the SBIKS2

Acts 13 in the SBIMS

Acts 13 in the SBIOS

Acts 13 in the SBIPS

Acts 13 in the SBISS

Acts 13 in the SBITS

Acts 13 in the SBITS2

Acts 13 in the SBITS3

Acts 13 in the SBITS4

Acts 13 in the SBIUS

Acts 13 in the SBIVS

Acts 13 in the SBT

Acts 13 in the SBT1E

Acts 13 in the SCHL

Acts 13 in the SNT

Acts 13 in the SUSU

Acts 13 in the SUSU2

Acts 13 in the SYNO

Acts 13 in the TBIAOTANT

Acts 13 in the TBT1E

Acts 13 in the TBT1E2

Acts 13 in the TFTIP

Acts 13 in the TFTU

Acts 13 in the TGNTATF3T

Acts 13 in the THAI

Acts 13 in the TNFD

Acts 13 in the TNT

Acts 13 in the TNTIK

Acts 13 in the TNTIL

Acts 13 in the TNTIN

Acts 13 in the TNTIP

Acts 13 in the TNTIZ

Acts 13 in the TOMA

Acts 13 in the TTENT

Acts 13 in the UBG

Acts 13 in the UGV

Acts 13 in the UGV2

Acts 13 in the UGV3

Acts 13 in the VBL

Acts 13 in the VDCC

Acts 13 in the YALU

Acts 13 in the YAPE

Acts 13 in the YBVTP

Acts 13 in the ZBP