Acts 13 (BOATCB2)

1 Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo. 2 Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.” 3 Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn. 4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro. 5 Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo. 6 Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu. 7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8 Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm. 9 Afei Saulo a na wɔfrɛ no Paulo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se, 10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.”Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso ne mu ana. 12 Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no. 13 Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem. 14 Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee. 15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.” 16 Afei Paulo sɔre gyina nyamaa ne nsa fii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no muntie me! 17 Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim, 18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan. 19 Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade, 20 ma wɔtenaa so mfe ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ Odiyifo Samuel bae. 21 Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan. 22 Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ 23 “Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa. 24 Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25 Ansa na Yohane rebewie nʼasɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara na nea moretwɛn no a mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa afi ne nan no bɛba.’ 26 “Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba. 27 Esiane sɛ nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu. 28 Ɛwɔ mu sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔmaa Pilato kum no. 29 Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiee no, woyii no fii asennua no so kosiee no. 30 Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu, 31 na ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi nna pii kyerɛɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no. 32 “Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu. 33 Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien no mu se,“ ‘Woyɛ me ba;nnɛ, mayɛ wʼAgya.’ 34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔma no sɔre fii awufo mu na amma no amporɔw no ne sɛ,“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’ 35 Wɔaka no wɔ baabi nso se,“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔw.’ 36 “Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee. 37 Nanso nea Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no amporɔw. 38 “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ ɛnam Yesu so na wɔka bɔnefakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39 Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40 Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so: 41 “ ‘Mo fɛwdifo!Momma ɛnyɛ mo nwonwa na mo ho nnwiriw mo!Efisɛ merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so,na sɛ wɔka kyerɛ wo a,worennye nni!’ ” 42 Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Homeda a ɛreba no mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafo ne amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu. 44 Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm. 45 Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no. 46 Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo, na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ amanamanmufo no nkyɛn. 47 Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ,“‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufo nyinaa kanea;ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’ ” 48 Amanamanmufo no tee saa asɛm no, wɔn ani gye ma wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ agyidifo. 49 Na Awurade asɛm no trɛw ɔmantam no mu nyinaa. 50 Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea Nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu. 51 Enti asomafo no poroporow wɔn anan ase mfutuma guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikoniom. 52 Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma.

In Other Versions

Acts 13 in the ANGEFD

Acts 13 in the ANTPNG2D

Acts 13 in the AS21

Acts 13 in the BAGH

Acts 13 in the BBPNG

Acts 13 in the BBT1E

Acts 13 in the BDS

Acts 13 in the BEV

Acts 13 in the BHAD

Acts 13 in the BIB

Acts 13 in the BLPT

Acts 13 in the BNT

Acts 13 in the BNTABOOT

Acts 13 in the BNTLV

Acts 13 in the BOATCB

Acts 13 in the BOBCV

Acts 13 in the BOCNT

Acts 13 in the BOECS

Acts 13 in the BOGWICC

Acts 13 in the BOHCB

Acts 13 in the BOHCV

Acts 13 in the BOHLNT

Acts 13 in the BOHNTLTAL

Acts 13 in the BOICB

Acts 13 in the BOILNTAP

Acts 13 in the BOITCV

Acts 13 in the BOKCV

Acts 13 in the BOKCV2

Acts 13 in the BOKHWOG

Acts 13 in the BOKSSV

Acts 13 in the BOLCB

Acts 13 in the BOLCB2

Acts 13 in the BOMCV

Acts 13 in the BONAV

Acts 13 in the BONCB

Acts 13 in the BONLT

Acts 13 in the BONUT2

Acts 13 in the BOPLNT

Acts 13 in the BOSCB

Acts 13 in the BOSNC

Acts 13 in the BOTLNT

Acts 13 in the BOVCB

Acts 13 in the BOYCB

Acts 13 in the BPBB

Acts 13 in the BPH

Acts 13 in the BSB

Acts 13 in the CCB

Acts 13 in the CUV

Acts 13 in the CUVS

Acts 13 in the DBT

Acts 13 in the DGDNT

Acts 13 in the DHNT

Acts 13 in the DNT

Acts 13 in the ELBE

Acts 13 in the EMTV

Acts 13 in the ESV

Acts 13 in the FBV

Acts 13 in the FEB

Acts 13 in the GGMNT

Acts 13 in the GNT

Acts 13 in the HARY

Acts 13 in the HNT

Acts 13 in the IRVA

Acts 13 in the IRVB

Acts 13 in the IRVG

Acts 13 in the IRVH

Acts 13 in the IRVK

Acts 13 in the IRVM

Acts 13 in the IRVM2

Acts 13 in the IRVO

Acts 13 in the IRVP

Acts 13 in the IRVT

Acts 13 in the IRVT2

Acts 13 in the IRVU

Acts 13 in the ISVN

Acts 13 in the JSNT

Acts 13 in the KAPI

Acts 13 in the KBT1ETNIK

Acts 13 in the KBV

Acts 13 in the KJV

Acts 13 in the KNFD

Acts 13 in the LBA

Acts 13 in the LBLA

Acts 13 in the LNT

Acts 13 in the LSV

Acts 13 in the MAAL

Acts 13 in the MBV

Acts 13 in the MBV2

Acts 13 in the MHNT

Acts 13 in the MKNFD

Acts 13 in the MNG

Acts 13 in the MNT

Acts 13 in the MNT2

Acts 13 in the MRS1T

Acts 13 in the NAA

Acts 13 in the NASB

Acts 13 in the NBLA

Acts 13 in the NBS

Acts 13 in the NBVTP

Acts 13 in the NET2

Acts 13 in the NIV11

Acts 13 in the NNT

Acts 13 in the NNT2

Acts 13 in the NNT3

Acts 13 in the PDDPT

Acts 13 in the PFNT

Acts 13 in the RMNT

Acts 13 in the SBIAS

Acts 13 in the SBIBS

Acts 13 in the SBIBS2

Acts 13 in the SBICS

Acts 13 in the SBIDS

Acts 13 in the SBIGS

Acts 13 in the SBIHS

Acts 13 in the SBIIS

Acts 13 in the SBIIS2

Acts 13 in the SBIIS3

Acts 13 in the SBIKS

Acts 13 in the SBIKS2

Acts 13 in the SBIMS

Acts 13 in the SBIOS

Acts 13 in the SBIPS

Acts 13 in the SBISS

Acts 13 in the SBITS

Acts 13 in the SBITS2

Acts 13 in the SBITS3

Acts 13 in the SBITS4

Acts 13 in the SBIUS

Acts 13 in the SBIVS

Acts 13 in the SBT

Acts 13 in the SBT1E

Acts 13 in the SCHL

Acts 13 in the SNT

Acts 13 in the SUSU

Acts 13 in the SUSU2

Acts 13 in the SYNO

Acts 13 in the TBIAOTANT

Acts 13 in the TBT1E

Acts 13 in the TBT1E2

Acts 13 in the TFTIP

Acts 13 in the TFTU

Acts 13 in the TGNTATF3T

Acts 13 in the THAI

Acts 13 in the TNFD

Acts 13 in the TNT

Acts 13 in the TNTIK

Acts 13 in the TNTIL

Acts 13 in the TNTIN

Acts 13 in the TNTIP

Acts 13 in the TNTIZ

Acts 13 in the TOMA

Acts 13 in the TTENT

Acts 13 in the UBG

Acts 13 in the UGV

Acts 13 in the UGV2

Acts 13 in the UGV3

Acts 13 in the VBL

Acts 13 in the VDCC

Acts 13 in the YALU

Acts 13 in the YAPE

Acts 13 in the YBVTP

Acts 13 in the ZBP