Acts 14 (BOATCB)
        
        
          1 Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ. 2 Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no. 3 Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ. 4 Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa. 5 Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ. 6 Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. 7 Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.  8 Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu. 9 Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no 10 teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.  11 Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,  ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.  14 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ, 15 “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu. 16 Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ. 17 Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.” 18 Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.  19 Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu. 20 Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.  21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22 Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.” 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24 Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.  26 Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no. 27 Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 14 in the ANGEFD
  
  
    Acts 14 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 14 in the AS21
  
  
    Acts 14 in the BAGH
  
  
    Acts 14 in the BBPNG
  
  
    Acts 14 in the BBT1E
  
  
    Acts 14 in the BDS
  
  
    Acts 14 in the BEV
  
  
    Acts 14 in the BHAD
  
  
    Acts 14 in the BIB
  
  
    Acts 14 in the BLPT
  
  
    Acts 14 in the BNT
  
  
    Acts 14 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 14 in the BNTLV
  
  
    Acts 14 in the BOATCB2
  
  
    Acts 14 in the BOBCV
  
  
    Acts 14 in the BOCNT
  
  
    Acts 14 in the BOECS
  
  
    Acts 14 in the BOGWICC
  
  
    Acts 14 in the BOHCB
  
  
    Acts 14 in the BOHCV
  
  
    Acts 14 in the BOHLNT
  
  
    Acts 14 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 14 in the BOICB
  
  
    Acts 14 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 14 in the BOITCV
  
  
    Acts 14 in the BOKCV
  
  
    Acts 14 in the BOKCV2
  
  
    Acts 14 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 14 in the BOKSSV
  
  
    Acts 14 in the BOLCB
  
  
    Acts 14 in the BOLCB2
  
  
    Acts 14 in the BOMCV
  
  
    Acts 14 in the BONAV
  
  
    Acts 14 in the BONCB
  
  
    Acts 14 in the BONLT
  
  
    Acts 14 in the BONUT2
  
  
    Acts 14 in the BOPLNT
  
  
    Acts 14 in the BOSCB
  
  
    Acts 14 in the BOSNC
  
  
    Acts 14 in the BOTLNT
  
  
    Acts 14 in the BOVCB
  
  
    Acts 14 in the BOYCB
  
  
    Acts 14 in the BPBB
  
  
    Acts 14 in the BPH
  
  
    Acts 14 in the BSB
  
  
    Acts 14 in the CCB
  
  
    Acts 14 in the CUV
  
  
    Acts 14 in the CUVS
  
  
    Acts 14 in the DBT
  
  
    Acts 14 in the DGDNT
  
  
    Acts 14 in the DHNT
  
  
    Acts 14 in the DNT
  
  
    Acts 14 in the ELBE
  
  
    Acts 14 in the EMTV
  
  
    Acts 14 in the ESV
  
  
    Acts 14 in the FBV
  
  
    Acts 14 in the FEB
  
  
    Acts 14 in the GGMNT
  
  
    Acts 14 in the GNT
  
  
    Acts 14 in the HARY
  
  
    Acts 14 in the HNT
  
  
    Acts 14 in the IRVA
  
  
    Acts 14 in the IRVB
  
  
    Acts 14 in the IRVG
  
  
    Acts 14 in the IRVH
  
  
    Acts 14 in the IRVK
  
  
    Acts 14 in the IRVM
  
  
    Acts 14 in the IRVM2
  
  
    Acts 14 in the IRVO
  
  
    Acts 14 in the IRVP
  
  
    Acts 14 in the IRVT
  
  
    Acts 14 in the IRVT2
  
  
    Acts 14 in the IRVU
  
  
    Acts 14 in the ISVN
  
  
    Acts 14 in the JSNT
  
  
    Acts 14 in the KAPI
  
  
    Acts 14 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 14 in the KBV
  
  
    Acts 14 in the KJV
  
  
    Acts 14 in the KNFD
  
  
    Acts 14 in the LBA
  
  
    Acts 14 in the LBLA
  
  
    Acts 14 in the LNT
  
  
    Acts 14 in the LSV
  
  
    Acts 14 in the MAAL
  
  
    Acts 14 in the MBV
  
  
    Acts 14 in the MBV2
  
  
    Acts 14 in the MHNT
  
  
    Acts 14 in the MKNFD
  
  
    Acts 14 in the MNG
  
  
    Acts 14 in the MNT
  
  
    Acts 14 in the MNT2
  
  
    Acts 14 in the MRS1T
  
  
    Acts 14 in the NAA
  
  
    Acts 14 in the NASB
  
  
    Acts 14 in the NBLA
  
  
    Acts 14 in the NBS
  
  
    Acts 14 in the NBVTP
  
  
    Acts 14 in the NET2
  
  
    Acts 14 in the NIV11
  
  
    Acts 14 in the NNT
  
  
    Acts 14 in the NNT2
  
  
    Acts 14 in the NNT3
  
  
    Acts 14 in the PDDPT
  
  
    Acts 14 in the PFNT
  
  
    Acts 14 in the RMNT
  
  
    Acts 14 in the SBIAS
  
  
    Acts 14 in the SBIBS
  
  
    Acts 14 in the SBIBS2
  
  
    Acts 14 in the SBICS
  
  
    Acts 14 in the SBIDS
  
  
    Acts 14 in the SBIGS
  
  
    Acts 14 in the SBIHS
  
  
    Acts 14 in the SBIIS
  
  
    Acts 14 in the SBIIS2
  
  
    Acts 14 in the SBIIS3
  
  
    Acts 14 in the SBIKS
  
  
    Acts 14 in the SBIKS2
  
  
    Acts 14 in the SBIMS
  
  
    Acts 14 in the SBIOS
  
  
    Acts 14 in the SBIPS
  
  
    Acts 14 in the SBISS
  
  
    Acts 14 in the SBITS
  
  
    Acts 14 in the SBITS2
  
  
    Acts 14 in the SBITS3
  
  
    Acts 14 in the SBITS4
  
  
    Acts 14 in the SBIUS
  
  
    Acts 14 in the SBIVS
  
  
    Acts 14 in the SBT
  
  
    Acts 14 in the SBT1E
  
  
    Acts 14 in the SCHL
  
  
    Acts 14 in the SNT
  
  
    Acts 14 in the SUSU
  
  
    Acts 14 in the SUSU2
  
  
    Acts 14 in the SYNO
  
  
    Acts 14 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 14 in the TBT1E
  
  
    Acts 14 in the TBT1E2
  
  
    Acts 14 in the TFTIP
  
  
    Acts 14 in the TFTU
  
  
    Acts 14 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 14 in the THAI
  
  
    Acts 14 in the TNFD
  
  
    Acts 14 in the TNT
  
  
    Acts 14 in the TNTIK
  
  
    Acts 14 in the TNTIL
  
  
    Acts 14 in the TNTIN
  
  
    Acts 14 in the TNTIP
  
  
    Acts 14 in the TNTIZ
  
  
    Acts 14 in the TOMA
  
  
    Acts 14 in the TTENT
  
  
    Acts 14 in the UBG
  
  
    Acts 14 in the UGV
  
  
    Acts 14 in the UGV2
  
  
    Acts 14 in the UGV3
  
  
    Acts 14 in the VBL
  
  
    Acts 14 in the VDCC
  
  
    Acts 14 in the YALU
  
  
    Acts 14 in the YAPE
  
  
    Acts 14 in the YBVTP
  
  
    Acts 14 in the ZBP