Acts 14 (BOATCB2)
        
        
          1 Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo. 2 Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no. 3 Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware. 4 Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa. 5 Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo. 6 Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. 7 Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.  8 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu. 9 Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no 10 teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee.  11 Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,  efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.  14 Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se, 15 “Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no. 16 Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. 17 Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.” 18 Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.  19 Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu. 20 Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.  21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22 Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.” 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24 Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia. 25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia.  26 Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no. 27 Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 14 in the ANGEFD
  
  
    Acts 14 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 14 in the AS21
  
  
    Acts 14 in the BAGH
  
  
    Acts 14 in the BBPNG
  
  
    Acts 14 in the BBT1E
  
  
    Acts 14 in the BDS
  
  
    Acts 14 in the BEV
  
  
    Acts 14 in the BHAD
  
  
    Acts 14 in the BIB
  
  
    Acts 14 in the BLPT
  
  
    Acts 14 in the BNT
  
  
    Acts 14 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 14 in the BNTLV
  
  
    Acts 14 in the BOATCB
  
  
    Acts 14 in the BOBCV
  
  
    Acts 14 in the BOCNT
  
  
    Acts 14 in the BOECS
  
  
    Acts 14 in the BOGWICC
  
  
    Acts 14 in the BOHCB
  
  
    Acts 14 in the BOHCV
  
  
    Acts 14 in the BOHLNT
  
  
    Acts 14 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 14 in the BOICB
  
  
    Acts 14 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 14 in the BOITCV
  
  
    Acts 14 in the BOKCV
  
  
    Acts 14 in the BOKCV2
  
  
    Acts 14 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 14 in the BOKSSV
  
  
    Acts 14 in the BOLCB
  
  
    Acts 14 in the BOLCB2
  
  
    Acts 14 in the BOMCV
  
  
    Acts 14 in the BONAV
  
  
    Acts 14 in the BONCB
  
  
    Acts 14 in the BONLT
  
  
    Acts 14 in the BONUT2
  
  
    Acts 14 in the BOPLNT
  
  
    Acts 14 in the BOSCB
  
  
    Acts 14 in the BOSNC
  
  
    Acts 14 in the BOTLNT
  
  
    Acts 14 in the BOVCB
  
  
    Acts 14 in the BOYCB
  
  
    Acts 14 in the BPBB
  
  
    Acts 14 in the BPH
  
  
    Acts 14 in the BSB
  
  
    Acts 14 in the CCB
  
  
    Acts 14 in the CUV
  
  
    Acts 14 in the CUVS
  
  
    Acts 14 in the DBT
  
  
    Acts 14 in the DGDNT
  
  
    Acts 14 in the DHNT
  
  
    Acts 14 in the DNT
  
  
    Acts 14 in the ELBE
  
  
    Acts 14 in the EMTV
  
  
    Acts 14 in the ESV
  
  
    Acts 14 in the FBV
  
  
    Acts 14 in the FEB
  
  
    Acts 14 in the GGMNT
  
  
    Acts 14 in the GNT
  
  
    Acts 14 in the HARY
  
  
    Acts 14 in the HNT
  
  
    Acts 14 in the IRVA
  
  
    Acts 14 in the IRVB
  
  
    Acts 14 in the IRVG
  
  
    Acts 14 in the IRVH
  
  
    Acts 14 in the IRVK
  
  
    Acts 14 in the IRVM
  
  
    Acts 14 in the IRVM2
  
  
    Acts 14 in the IRVO
  
  
    Acts 14 in the IRVP
  
  
    Acts 14 in the IRVT
  
  
    Acts 14 in the IRVT2
  
  
    Acts 14 in the IRVU
  
  
    Acts 14 in the ISVN
  
  
    Acts 14 in the JSNT
  
  
    Acts 14 in the KAPI
  
  
    Acts 14 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 14 in the KBV
  
  
    Acts 14 in the KJV
  
  
    Acts 14 in the KNFD
  
  
    Acts 14 in the LBA
  
  
    Acts 14 in the LBLA
  
  
    Acts 14 in the LNT
  
  
    Acts 14 in the LSV
  
  
    Acts 14 in the MAAL
  
  
    Acts 14 in the MBV
  
  
    Acts 14 in the MBV2
  
  
    Acts 14 in the MHNT
  
  
    Acts 14 in the MKNFD
  
  
    Acts 14 in the MNG
  
  
    Acts 14 in the MNT
  
  
    Acts 14 in the MNT2
  
  
    Acts 14 in the MRS1T
  
  
    Acts 14 in the NAA
  
  
    Acts 14 in the NASB
  
  
    Acts 14 in the NBLA
  
  
    Acts 14 in the NBS
  
  
    Acts 14 in the NBVTP
  
  
    Acts 14 in the NET2
  
  
    Acts 14 in the NIV11
  
  
    Acts 14 in the NNT
  
  
    Acts 14 in the NNT2
  
  
    Acts 14 in the NNT3
  
  
    Acts 14 in the PDDPT
  
  
    Acts 14 in the PFNT
  
  
    Acts 14 in the RMNT
  
  
    Acts 14 in the SBIAS
  
  
    Acts 14 in the SBIBS
  
  
    Acts 14 in the SBIBS2
  
  
    Acts 14 in the SBICS
  
  
    Acts 14 in the SBIDS
  
  
    Acts 14 in the SBIGS
  
  
    Acts 14 in the SBIHS
  
  
    Acts 14 in the SBIIS
  
  
    Acts 14 in the SBIIS2
  
  
    Acts 14 in the SBIIS3
  
  
    Acts 14 in the SBIKS
  
  
    Acts 14 in the SBIKS2
  
  
    Acts 14 in the SBIMS
  
  
    Acts 14 in the SBIOS
  
  
    Acts 14 in the SBIPS
  
  
    Acts 14 in the SBISS
  
  
    Acts 14 in the SBITS
  
  
    Acts 14 in the SBITS2
  
  
    Acts 14 in the SBITS3
  
  
    Acts 14 in the SBITS4
  
  
    Acts 14 in the SBIUS
  
  
    Acts 14 in the SBIVS
  
  
    Acts 14 in the SBT
  
  
    Acts 14 in the SBT1E
  
  
    Acts 14 in the SCHL
  
  
    Acts 14 in the SNT
  
  
    Acts 14 in the SUSU
  
  
    Acts 14 in the SUSU2
  
  
    Acts 14 in the SYNO
  
  
    Acts 14 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 14 in the TBT1E
  
  
    Acts 14 in the TBT1E2
  
  
    Acts 14 in the TFTIP
  
  
    Acts 14 in the TFTU
  
  
    Acts 14 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 14 in the THAI
  
  
    Acts 14 in the TNFD
  
  
    Acts 14 in the TNT
  
  
    Acts 14 in the TNTIK
  
  
    Acts 14 in the TNTIL
  
  
    Acts 14 in the TNTIN
  
  
    Acts 14 in the TNTIP
  
  
    Acts 14 in the TNTIZ
  
  
    Acts 14 in the TOMA
  
  
    Acts 14 in the TTENT
  
  
    Acts 14 in the UBG
  
  
    Acts 14 in the UGV
  
  
    Acts 14 in the UGV2
  
  
    Acts 14 in the UGV3
  
  
    Acts 14 in the VBL
  
  
    Acts 14 in the VDCC
  
  
    Acts 14 in the YALU
  
  
    Acts 14 in the YAPE
  
  
    Acts 14 in the YBVTP
  
  
    Acts 14 in the ZBP