Acts 18 (BOATCB)

1 Yeinom akyi no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. 2 Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so. 3 Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan. 4 Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di. 5 Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no. 6 Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.” 7 Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. 8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. 9 Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, 10 ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.” 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu. 12 Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ, 13 kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.” 14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka. 15 Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.” 16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. 17 Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee. 18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Esiane ɛbɔ a na wahyɛ no enti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kenkrea. 19 Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ. 20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so. 21 Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso. 22 Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia. 23 Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den. 24 Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie. 25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim. 26 Ɔhyɛɛ aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Ɛberɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ efie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie. 27 Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie. 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.

In Other Versions

Acts 18 in the ANGEFD

Acts 18 in the ANTPNG2D

Acts 18 in the AS21

Acts 18 in the BAGH

Acts 18 in the BBPNG

Acts 18 in the BBT1E

Acts 18 in the BDS

Acts 18 in the BEV

Acts 18 in the BHAD

Acts 18 in the BIB

Acts 18 in the BLPT

Acts 18 in the BNT

Acts 18 in the BNTABOOT

Acts 18 in the BNTLV

Acts 18 in the BOATCB2

Acts 18 in the BOBCV

Acts 18 in the BOCNT

Acts 18 in the BOECS

Acts 18 in the BOGWICC

Acts 18 in the BOHCB

Acts 18 in the BOHCV

Acts 18 in the BOHLNT

Acts 18 in the BOHNTLTAL

Acts 18 in the BOICB

Acts 18 in the BOILNTAP

Acts 18 in the BOITCV

Acts 18 in the BOKCV

Acts 18 in the BOKCV2

Acts 18 in the BOKHWOG

Acts 18 in the BOKSSV

Acts 18 in the BOLCB

Acts 18 in the BOLCB2

Acts 18 in the BOMCV

Acts 18 in the BONAV

Acts 18 in the BONCB

Acts 18 in the BONLT

Acts 18 in the BONUT2

Acts 18 in the BOPLNT

Acts 18 in the BOSCB

Acts 18 in the BOSNC

Acts 18 in the BOTLNT

Acts 18 in the BOVCB

Acts 18 in the BOYCB

Acts 18 in the BPBB

Acts 18 in the BPH

Acts 18 in the BSB

Acts 18 in the CCB

Acts 18 in the CUV

Acts 18 in the CUVS

Acts 18 in the DBT

Acts 18 in the DGDNT

Acts 18 in the DHNT

Acts 18 in the DNT

Acts 18 in the ELBE

Acts 18 in the EMTV

Acts 18 in the ESV

Acts 18 in the FBV

Acts 18 in the FEB

Acts 18 in the GGMNT

Acts 18 in the GNT

Acts 18 in the HARY

Acts 18 in the HNT

Acts 18 in the IRVA

Acts 18 in the IRVB

Acts 18 in the IRVG

Acts 18 in the IRVH

Acts 18 in the IRVK

Acts 18 in the IRVM

Acts 18 in the IRVM2

Acts 18 in the IRVO

Acts 18 in the IRVP

Acts 18 in the IRVT

Acts 18 in the IRVT2

Acts 18 in the IRVU

Acts 18 in the ISVN

Acts 18 in the JSNT

Acts 18 in the KAPI

Acts 18 in the KBT1ETNIK

Acts 18 in the KBV

Acts 18 in the KJV

Acts 18 in the KNFD

Acts 18 in the LBA

Acts 18 in the LBLA

Acts 18 in the LNT

Acts 18 in the LSV

Acts 18 in the MAAL

Acts 18 in the MBV

Acts 18 in the MBV2

Acts 18 in the MHNT

Acts 18 in the MKNFD

Acts 18 in the MNG

Acts 18 in the MNT

Acts 18 in the MNT2

Acts 18 in the MRS1T

Acts 18 in the NAA

Acts 18 in the NASB

Acts 18 in the NBLA

Acts 18 in the NBS

Acts 18 in the NBVTP

Acts 18 in the NET2

Acts 18 in the NIV11

Acts 18 in the NNT

Acts 18 in the NNT2

Acts 18 in the NNT3

Acts 18 in the PDDPT

Acts 18 in the PFNT

Acts 18 in the RMNT

Acts 18 in the SBIAS

Acts 18 in the SBIBS

Acts 18 in the SBIBS2

Acts 18 in the SBICS

Acts 18 in the SBIDS

Acts 18 in the SBIGS

Acts 18 in the SBIHS

Acts 18 in the SBIIS

Acts 18 in the SBIIS2

Acts 18 in the SBIIS3

Acts 18 in the SBIKS

Acts 18 in the SBIKS2

Acts 18 in the SBIMS

Acts 18 in the SBIOS

Acts 18 in the SBIPS

Acts 18 in the SBISS

Acts 18 in the SBITS

Acts 18 in the SBITS2

Acts 18 in the SBITS3

Acts 18 in the SBITS4

Acts 18 in the SBIUS

Acts 18 in the SBIVS

Acts 18 in the SBT

Acts 18 in the SBT1E

Acts 18 in the SCHL

Acts 18 in the SNT

Acts 18 in the SUSU

Acts 18 in the SUSU2

Acts 18 in the SYNO

Acts 18 in the TBIAOTANT

Acts 18 in the TBT1E

Acts 18 in the TBT1E2

Acts 18 in the TFTIP

Acts 18 in the TFTU

Acts 18 in the TGNTATF3T

Acts 18 in the THAI

Acts 18 in the TNFD

Acts 18 in the TNT

Acts 18 in the TNTIK

Acts 18 in the TNTIL

Acts 18 in the TNTIN

Acts 18 in the TNTIP

Acts 18 in the TNTIZ

Acts 18 in the TOMA

Acts 18 in the TTENT

Acts 18 in the UBG

Acts 18 in the UGV

Acts 18 in the UGV2

Acts 18 in the UGV3

Acts 18 in the VBL

Acts 18 in the VDCC

Acts 18 in the YALU

Acts 18 in the YAPE

Acts 18 in the YBVTP

Acts 18 in the ZBP