Acts 18 (BOATCB2)

1 Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. 2 Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila a wɔwoo no wɔ Ponto a ɔne ne yere Priskila fi Italia aba hɔ a na ɛnkyɛe. Wofii Italia efisɛ na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara se Yudafo nyinaa mfi Roma asase so. 3 Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔn nyinaa nwen ntamadan. 4 Na Paulo kɔ hyiadan mu homeda biara kɔka asɛm no de pɛɛ sɛ anka ɔdan Yudafo ne Helafo no adwene ma wogye di. 5 Bere a Silas ne Timoteo fii Makedonia bae no, Paulo de nʼadagyew nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanse kyerɛɛ Yudafo no se Yesu ne Agyenkwa no. 6 Bere a Yudafo no ampɛ sɛ wotie Paulo asɛnka, na wɔyeyaw no no, ɔde abufuw poroporow nʼatade mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mmusu ngu mo atifi. Mo afɔbu nna me so. Efi nnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufo.” 7 Ofii hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamesomni bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. 8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panyin no ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara na Korintofo bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. 9 Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, 10 efisɛ meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ mʼakyidifo.” 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu. 12 Bere a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafo no sɔre tiaa Paulo kyeree no de no kɔɔ asennii, 13 kae se, “Saa onipa yi retu nkurɔfo aso sɛ wɔnkwati Yudafo mmara no mfa ɔkwan foforo so nsom Onyankopɔn.” 14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Yudafo, sɛ mode asɛm foforo bi a ɛfa nsɛmmɔnedi anaa abususɛm ho na ɛbae a, anka mɛhwɛ na maka. 15 Nanso esiane sɛ ɛyɛ akyinnyegye a ɛfa nsɛm, din ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu otemmufo.” 16 Na ɔpam wɔn fii asennii hɔ. 17 Afei dɔm no tow hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, twee no kɔɔ asennii hɔ kɔbroo no, nanso Galio anka ho hwee. 18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refi hɔ akɔ Siria. Esiane bɔ a na wahyɛ no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔma woyii ne ti wɔ Kenkrea. 19 Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae. 20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ obetumi a anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra nanso wampene so. 21 Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso. 22 Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia. 23 Odii nna kakra wɔ hɔ no, ofii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifo a wɔwɔ hɔ no den. 24 Saa bere no ara mu na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye. 25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim. 26 Ofii ase de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yiye. 27 Bere a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifo a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, kyerɛw krataa kɔmaa agyidifo a wɔwɔ hɔ no se wonnye no. Bere a okodui no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti wɔabɛyɛ agyidifo no yiye. 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no guu wɔ bagua mu, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ Yesu ne Agyenkwa no.

In Other Versions

Acts 18 in the ANGEFD

Acts 18 in the ANTPNG2D

Acts 18 in the AS21

Acts 18 in the BAGH

Acts 18 in the BBPNG

Acts 18 in the BBT1E

Acts 18 in the BDS

Acts 18 in the BEV

Acts 18 in the BHAD

Acts 18 in the BIB

Acts 18 in the BLPT

Acts 18 in the BNT

Acts 18 in the BNTABOOT

Acts 18 in the BNTLV

Acts 18 in the BOATCB

Acts 18 in the BOBCV

Acts 18 in the BOCNT

Acts 18 in the BOECS

Acts 18 in the BOGWICC

Acts 18 in the BOHCB

Acts 18 in the BOHCV

Acts 18 in the BOHLNT

Acts 18 in the BOHNTLTAL

Acts 18 in the BOICB

Acts 18 in the BOILNTAP

Acts 18 in the BOITCV

Acts 18 in the BOKCV

Acts 18 in the BOKCV2

Acts 18 in the BOKHWOG

Acts 18 in the BOKSSV

Acts 18 in the BOLCB

Acts 18 in the BOLCB2

Acts 18 in the BOMCV

Acts 18 in the BONAV

Acts 18 in the BONCB

Acts 18 in the BONLT

Acts 18 in the BONUT2

Acts 18 in the BOPLNT

Acts 18 in the BOSCB

Acts 18 in the BOSNC

Acts 18 in the BOTLNT

Acts 18 in the BOVCB

Acts 18 in the BOYCB

Acts 18 in the BPBB

Acts 18 in the BPH

Acts 18 in the BSB

Acts 18 in the CCB

Acts 18 in the CUV

Acts 18 in the CUVS

Acts 18 in the DBT

Acts 18 in the DGDNT

Acts 18 in the DHNT

Acts 18 in the DNT

Acts 18 in the ELBE

Acts 18 in the EMTV

Acts 18 in the ESV

Acts 18 in the FBV

Acts 18 in the FEB

Acts 18 in the GGMNT

Acts 18 in the GNT

Acts 18 in the HARY

Acts 18 in the HNT

Acts 18 in the IRVA

Acts 18 in the IRVB

Acts 18 in the IRVG

Acts 18 in the IRVH

Acts 18 in the IRVK

Acts 18 in the IRVM

Acts 18 in the IRVM2

Acts 18 in the IRVO

Acts 18 in the IRVP

Acts 18 in the IRVT

Acts 18 in the IRVT2

Acts 18 in the IRVU

Acts 18 in the ISVN

Acts 18 in the JSNT

Acts 18 in the KAPI

Acts 18 in the KBT1ETNIK

Acts 18 in the KBV

Acts 18 in the KJV

Acts 18 in the KNFD

Acts 18 in the LBA

Acts 18 in the LBLA

Acts 18 in the LNT

Acts 18 in the LSV

Acts 18 in the MAAL

Acts 18 in the MBV

Acts 18 in the MBV2

Acts 18 in the MHNT

Acts 18 in the MKNFD

Acts 18 in the MNG

Acts 18 in the MNT

Acts 18 in the MNT2

Acts 18 in the MRS1T

Acts 18 in the NAA

Acts 18 in the NASB

Acts 18 in the NBLA

Acts 18 in the NBS

Acts 18 in the NBVTP

Acts 18 in the NET2

Acts 18 in the NIV11

Acts 18 in the NNT

Acts 18 in the NNT2

Acts 18 in the NNT3

Acts 18 in the PDDPT

Acts 18 in the PFNT

Acts 18 in the RMNT

Acts 18 in the SBIAS

Acts 18 in the SBIBS

Acts 18 in the SBIBS2

Acts 18 in the SBICS

Acts 18 in the SBIDS

Acts 18 in the SBIGS

Acts 18 in the SBIHS

Acts 18 in the SBIIS

Acts 18 in the SBIIS2

Acts 18 in the SBIIS3

Acts 18 in the SBIKS

Acts 18 in the SBIKS2

Acts 18 in the SBIMS

Acts 18 in the SBIOS

Acts 18 in the SBIPS

Acts 18 in the SBISS

Acts 18 in the SBITS

Acts 18 in the SBITS2

Acts 18 in the SBITS3

Acts 18 in the SBITS4

Acts 18 in the SBIUS

Acts 18 in the SBIVS

Acts 18 in the SBT

Acts 18 in the SBT1E

Acts 18 in the SCHL

Acts 18 in the SNT

Acts 18 in the SUSU

Acts 18 in the SUSU2

Acts 18 in the SYNO

Acts 18 in the TBIAOTANT

Acts 18 in the TBT1E

Acts 18 in the TBT1E2

Acts 18 in the TFTIP

Acts 18 in the TFTU

Acts 18 in the TGNTATF3T

Acts 18 in the THAI

Acts 18 in the TNFD

Acts 18 in the TNT

Acts 18 in the TNTIK

Acts 18 in the TNTIL

Acts 18 in the TNTIN

Acts 18 in the TNTIP

Acts 18 in the TNTIZ

Acts 18 in the TOMA

Acts 18 in the TTENT

Acts 18 in the UBG

Acts 18 in the UGV

Acts 18 in the UGV2

Acts 18 in the UGV3

Acts 18 in the VBL

Acts 18 in the VDCC

Acts 18 in the YALU

Acts 18 in the YAPE

Acts 18 in the YBVTP

Acts 18 in the ZBP