Acts 5 (BOATCB)

1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi. 2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no. 3 Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? 4 Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.” 5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. 6 Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no. 7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ. 8 Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.”Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.” 9 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.” 10 Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no. 12 Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii. 13 Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho. 14 Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho. 15 Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16 Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 17 Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18 Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase. 19 Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.” 21 Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim. 22 Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ sɛ, 23 “Ɛberɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.” 24 Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi. 25 Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” 26 Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ. 27 Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!” 29 Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30 ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu. 31 Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.” 33 Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no. 34 Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi. 35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie. 36 Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ. 37 Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ. 38 Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu. 39 Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.” 40 Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn. 41 Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ. 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da.

In Other Versions

Acts 5 in the ANGEFD

Acts 5 in the ANTPNG2D

Acts 5 in the AS21

Acts 5 in the BAGH

Acts 5 in the BBPNG

Acts 5 in the BBT1E

Acts 5 in the BDS

Acts 5 in the BEV

Acts 5 in the BHAD

Acts 5 in the BIB

Acts 5 in the BLPT

Acts 5 in the BNT

Acts 5 in the BNTABOOT

Acts 5 in the BNTLV

Acts 5 in the BOATCB2

Acts 5 in the BOBCV

Acts 5 in the BOCNT

Acts 5 in the BOECS

Acts 5 in the BOGWICC

Acts 5 in the BOHCB

Acts 5 in the BOHCV

Acts 5 in the BOHLNT

Acts 5 in the BOHNTLTAL

Acts 5 in the BOICB

Acts 5 in the BOILNTAP

Acts 5 in the BOITCV

Acts 5 in the BOKCV

Acts 5 in the BOKCV2

Acts 5 in the BOKHWOG

Acts 5 in the BOKSSV

Acts 5 in the BOLCB

Acts 5 in the BOLCB2

Acts 5 in the BOMCV

Acts 5 in the BONAV

Acts 5 in the BONCB

Acts 5 in the BONLT

Acts 5 in the BONUT2

Acts 5 in the BOPLNT

Acts 5 in the BOSCB

Acts 5 in the BOSNC

Acts 5 in the BOTLNT

Acts 5 in the BOVCB

Acts 5 in the BOYCB

Acts 5 in the BPBB

Acts 5 in the BPH

Acts 5 in the BSB

Acts 5 in the CCB

Acts 5 in the CUV

Acts 5 in the CUVS

Acts 5 in the DBT

Acts 5 in the DGDNT

Acts 5 in the DHNT

Acts 5 in the DNT

Acts 5 in the ELBE

Acts 5 in the EMTV

Acts 5 in the ESV

Acts 5 in the FBV

Acts 5 in the FEB

Acts 5 in the GGMNT

Acts 5 in the GNT

Acts 5 in the HARY

Acts 5 in the HNT

Acts 5 in the IRVA

Acts 5 in the IRVB

Acts 5 in the IRVG

Acts 5 in the IRVH

Acts 5 in the IRVK

Acts 5 in the IRVM

Acts 5 in the IRVM2

Acts 5 in the IRVO

Acts 5 in the IRVP

Acts 5 in the IRVT

Acts 5 in the IRVT2

Acts 5 in the IRVU

Acts 5 in the ISVN

Acts 5 in the JSNT

Acts 5 in the KAPI

Acts 5 in the KBT1ETNIK

Acts 5 in the KBV

Acts 5 in the KJV

Acts 5 in the KNFD

Acts 5 in the LBA

Acts 5 in the LBLA

Acts 5 in the LNT

Acts 5 in the LSV

Acts 5 in the MAAL

Acts 5 in the MBV

Acts 5 in the MBV2

Acts 5 in the MHNT

Acts 5 in the MKNFD

Acts 5 in the MNG

Acts 5 in the MNT

Acts 5 in the MNT2

Acts 5 in the MRS1T

Acts 5 in the NAA

Acts 5 in the NASB

Acts 5 in the NBLA

Acts 5 in the NBS

Acts 5 in the NBVTP

Acts 5 in the NET2

Acts 5 in the NIV11

Acts 5 in the NNT

Acts 5 in the NNT2

Acts 5 in the NNT3

Acts 5 in the PDDPT

Acts 5 in the PFNT

Acts 5 in the RMNT

Acts 5 in the SBIAS

Acts 5 in the SBIBS

Acts 5 in the SBIBS2

Acts 5 in the SBICS

Acts 5 in the SBIDS

Acts 5 in the SBIGS

Acts 5 in the SBIHS

Acts 5 in the SBIIS

Acts 5 in the SBIIS2

Acts 5 in the SBIIS3

Acts 5 in the SBIKS

Acts 5 in the SBIKS2

Acts 5 in the SBIMS

Acts 5 in the SBIOS

Acts 5 in the SBIPS

Acts 5 in the SBISS

Acts 5 in the SBITS

Acts 5 in the SBITS2

Acts 5 in the SBITS3

Acts 5 in the SBITS4

Acts 5 in the SBIUS

Acts 5 in the SBIVS

Acts 5 in the SBT

Acts 5 in the SBT1E

Acts 5 in the SCHL

Acts 5 in the SNT

Acts 5 in the SUSU

Acts 5 in the SUSU2

Acts 5 in the SYNO

Acts 5 in the TBIAOTANT

Acts 5 in the TBT1E

Acts 5 in the TBT1E2

Acts 5 in the TFTIP

Acts 5 in the TFTU

Acts 5 in the TGNTATF3T

Acts 5 in the THAI

Acts 5 in the TNFD

Acts 5 in the TNT

Acts 5 in the TNTIK

Acts 5 in the TNTIL

Acts 5 in the TNTIN

Acts 5 in the TNTIP

Acts 5 in the TNTIZ

Acts 5 in the TOMA

Acts 5 in the TTENT

Acts 5 in the UBG

Acts 5 in the UGV

Acts 5 in the UGV2

Acts 5 in the UGV3

Acts 5 in the VBL

Acts 5 in the VDCC

Acts 5 in the YALU

Acts 5 in the YAPE

Acts 5 in the YBVTP

Acts 5 in the ZBP