Acts 5 (BOATCB2)

1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. 2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no. 3 Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? 4 Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.” 5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. 6 Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no. 7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. 8 Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.”Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.” 9 Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.” 10 Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ehu kɛse bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm no. 12 Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii. 13 Ɛwɔ mu sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho. 14 Akyiri no, nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa agyidifo no ho. 15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16 Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare. 17 Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase. 19 Da no ara anadwo, Awurade bɔfo behiɛɛ afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se, 20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.” 21 Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ kofii ase kyerɛkyerɛe.Ɔsɔfopanyin no ne ne dɔm no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiamu kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22 Nanso, bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se, 23 “Bere a yeduu afiase hɔ no, yehuu sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no, yɛanhu obiara wɔ mu.” 24 Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi. 25 Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” 26 Awɛmfo no so panyin no tee asɛm no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo. 27 Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim ma Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ wɔn se, 28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!” 29 Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30 efisɛ mobɔɔ Yesu asennua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyan no fii owu mu. 31 Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam no so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.” 33 Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no. 34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi. 35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi ho yiye. 36 Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre kaa se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahannan tu dii nʼakyi. Nanso wokum no maa nʼakyidifo no nyinaa bɔɔ ahwete. 37 Nʼakyi na Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa nʼakyidifo no bɔɔ ahwete. 38 Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu. 39 Nanso sɛ efi Onyankopɔn a, morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.” 40 Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no ba ma wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn. 41 Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ. 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne afi mu da.

In Other Versions

Acts 5 in the ANGEFD

Acts 5 in the ANTPNG2D

Acts 5 in the AS21

Acts 5 in the BAGH

Acts 5 in the BBPNG

Acts 5 in the BBT1E

Acts 5 in the BDS

Acts 5 in the BEV

Acts 5 in the BHAD

Acts 5 in the BIB

Acts 5 in the BLPT

Acts 5 in the BNT

Acts 5 in the BNTABOOT

Acts 5 in the BNTLV

Acts 5 in the BOATCB

Acts 5 in the BOBCV

Acts 5 in the BOCNT

Acts 5 in the BOECS

Acts 5 in the BOGWICC

Acts 5 in the BOHCB

Acts 5 in the BOHCV

Acts 5 in the BOHLNT

Acts 5 in the BOHNTLTAL

Acts 5 in the BOICB

Acts 5 in the BOILNTAP

Acts 5 in the BOITCV

Acts 5 in the BOKCV

Acts 5 in the BOKCV2

Acts 5 in the BOKHWOG

Acts 5 in the BOKSSV

Acts 5 in the BOLCB

Acts 5 in the BOLCB2

Acts 5 in the BOMCV

Acts 5 in the BONAV

Acts 5 in the BONCB

Acts 5 in the BONLT

Acts 5 in the BONUT2

Acts 5 in the BOPLNT

Acts 5 in the BOSCB

Acts 5 in the BOSNC

Acts 5 in the BOTLNT

Acts 5 in the BOVCB

Acts 5 in the BOYCB

Acts 5 in the BPBB

Acts 5 in the BPH

Acts 5 in the BSB

Acts 5 in the CCB

Acts 5 in the CUV

Acts 5 in the CUVS

Acts 5 in the DBT

Acts 5 in the DGDNT

Acts 5 in the DHNT

Acts 5 in the DNT

Acts 5 in the ELBE

Acts 5 in the EMTV

Acts 5 in the ESV

Acts 5 in the FBV

Acts 5 in the FEB

Acts 5 in the GGMNT

Acts 5 in the GNT

Acts 5 in the HARY

Acts 5 in the HNT

Acts 5 in the IRVA

Acts 5 in the IRVB

Acts 5 in the IRVG

Acts 5 in the IRVH

Acts 5 in the IRVK

Acts 5 in the IRVM

Acts 5 in the IRVM2

Acts 5 in the IRVO

Acts 5 in the IRVP

Acts 5 in the IRVT

Acts 5 in the IRVT2

Acts 5 in the IRVU

Acts 5 in the ISVN

Acts 5 in the JSNT

Acts 5 in the KAPI

Acts 5 in the KBT1ETNIK

Acts 5 in the KBV

Acts 5 in the KJV

Acts 5 in the KNFD

Acts 5 in the LBA

Acts 5 in the LBLA

Acts 5 in the LNT

Acts 5 in the LSV

Acts 5 in the MAAL

Acts 5 in the MBV

Acts 5 in the MBV2

Acts 5 in the MHNT

Acts 5 in the MKNFD

Acts 5 in the MNG

Acts 5 in the MNT

Acts 5 in the MNT2

Acts 5 in the MRS1T

Acts 5 in the NAA

Acts 5 in the NASB

Acts 5 in the NBLA

Acts 5 in the NBS

Acts 5 in the NBVTP

Acts 5 in the NET2

Acts 5 in the NIV11

Acts 5 in the NNT

Acts 5 in the NNT2

Acts 5 in the NNT3

Acts 5 in the PDDPT

Acts 5 in the PFNT

Acts 5 in the RMNT

Acts 5 in the SBIAS

Acts 5 in the SBIBS

Acts 5 in the SBIBS2

Acts 5 in the SBICS

Acts 5 in the SBIDS

Acts 5 in the SBIGS

Acts 5 in the SBIHS

Acts 5 in the SBIIS

Acts 5 in the SBIIS2

Acts 5 in the SBIIS3

Acts 5 in the SBIKS

Acts 5 in the SBIKS2

Acts 5 in the SBIMS

Acts 5 in the SBIOS

Acts 5 in the SBIPS

Acts 5 in the SBISS

Acts 5 in the SBITS

Acts 5 in the SBITS2

Acts 5 in the SBITS3

Acts 5 in the SBITS4

Acts 5 in the SBIUS

Acts 5 in the SBIVS

Acts 5 in the SBT

Acts 5 in the SBT1E

Acts 5 in the SCHL

Acts 5 in the SNT

Acts 5 in the SUSU

Acts 5 in the SUSU2

Acts 5 in the SYNO

Acts 5 in the TBIAOTANT

Acts 5 in the TBT1E

Acts 5 in the TBT1E2

Acts 5 in the TFTIP

Acts 5 in the TFTU

Acts 5 in the TGNTATF3T

Acts 5 in the THAI

Acts 5 in the TNFD

Acts 5 in the TNT

Acts 5 in the TNTIK

Acts 5 in the TNTIL

Acts 5 in the TNTIN

Acts 5 in the TNTIP

Acts 5 in the TNTIZ

Acts 5 in the TOMA

Acts 5 in the TTENT

Acts 5 in the UBG

Acts 5 in the UGV

Acts 5 in the UGV2

Acts 5 in the UGV3

Acts 5 in the VBL

Acts 5 in the VDCC

Acts 5 in the YALU

Acts 5 in the YAPE

Acts 5 in the YBVTP

Acts 5 in the ZBP