Acts 7 (BOATCB)

1 Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?” 2 Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no, 3 ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’ 4 “Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so. 5 Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma. 6 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. 7 Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ 8 Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia. 9 “Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti, 10 ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Ɛberɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ. 11 “Saa ɛberɛ no mu, ɛkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni. 12 Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan. 13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ. 14 Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum. 15 Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. 16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu. 17 “Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ. 18 Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 19 Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu. 20 “Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa, 21 na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22 Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu. 23 “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ. 24 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no. 25 Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ. 26 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’ 27 “Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ? 28 Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ 29 Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu. 30 “Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. 31 Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, 32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ. 33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron. 34 Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’ 35 “Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ. 36 Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no. 37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn. 38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn. 39 “Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio. 40 Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’ 41 Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ. 42 Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ,“ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ memfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? 43 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyamene mo honi Rɛfan so;wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’ 44 “Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ. 45 Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn. 47 Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn. 48 “Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ, 49 “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa,na asase yɛ me nan ntiasoɔ.Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?Awurade na ɔseɛ.Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me? 50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?’ 51 “Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan. 52 Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no. 53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.” 54 Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie. 55 Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56 Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!” 57 Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so, 58 twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so. 59 Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” 60 Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.

In Other Versions

Acts 7 in the ANGEFD

Acts 7 in the ANTPNG2D

Acts 7 in the AS21

Acts 7 in the BAGH

Acts 7 in the BBPNG

Acts 7 in the BBT1E

Acts 7 in the BDS

Acts 7 in the BEV

Acts 7 in the BHAD

Acts 7 in the BIB

Acts 7 in the BLPT

Acts 7 in the BNT

Acts 7 in the BNTABOOT

Acts 7 in the BNTLV

Acts 7 in the BOATCB2

Acts 7 in the BOBCV

Acts 7 in the BOCNT

Acts 7 in the BOECS

Acts 7 in the BOGWICC

Acts 7 in the BOHCB

Acts 7 in the BOHCV

Acts 7 in the BOHLNT

Acts 7 in the BOHNTLTAL

Acts 7 in the BOICB

Acts 7 in the BOILNTAP

Acts 7 in the BOITCV

Acts 7 in the BOKCV

Acts 7 in the BOKCV2

Acts 7 in the BOKHWOG

Acts 7 in the BOKSSV

Acts 7 in the BOLCB

Acts 7 in the BOLCB2

Acts 7 in the BOMCV

Acts 7 in the BONAV

Acts 7 in the BONCB

Acts 7 in the BONLT

Acts 7 in the BONUT2

Acts 7 in the BOPLNT

Acts 7 in the BOSCB

Acts 7 in the BOSNC

Acts 7 in the BOTLNT

Acts 7 in the BOVCB

Acts 7 in the BOYCB

Acts 7 in the BPBB

Acts 7 in the BPH

Acts 7 in the BSB

Acts 7 in the CCB

Acts 7 in the CUV

Acts 7 in the CUVS

Acts 7 in the DBT

Acts 7 in the DGDNT

Acts 7 in the DHNT

Acts 7 in the DNT

Acts 7 in the ELBE

Acts 7 in the EMTV

Acts 7 in the ESV

Acts 7 in the FBV

Acts 7 in the FEB

Acts 7 in the GGMNT

Acts 7 in the GNT

Acts 7 in the HARY

Acts 7 in the HNT

Acts 7 in the IRVA

Acts 7 in the IRVB

Acts 7 in the IRVG

Acts 7 in the IRVH

Acts 7 in the IRVK

Acts 7 in the IRVM

Acts 7 in the IRVM2

Acts 7 in the IRVO

Acts 7 in the IRVP

Acts 7 in the IRVT

Acts 7 in the IRVT2

Acts 7 in the IRVU

Acts 7 in the ISVN

Acts 7 in the JSNT

Acts 7 in the KAPI

Acts 7 in the KBT1ETNIK

Acts 7 in the KBV

Acts 7 in the KJV

Acts 7 in the KNFD

Acts 7 in the LBA

Acts 7 in the LBLA

Acts 7 in the LNT

Acts 7 in the LSV

Acts 7 in the MAAL

Acts 7 in the MBV

Acts 7 in the MBV2

Acts 7 in the MHNT

Acts 7 in the MKNFD

Acts 7 in the MNG

Acts 7 in the MNT

Acts 7 in the MNT2

Acts 7 in the MRS1T

Acts 7 in the NAA

Acts 7 in the NASB

Acts 7 in the NBLA

Acts 7 in the NBS

Acts 7 in the NBVTP

Acts 7 in the NET2

Acts 7 in the NIV11

Acts 7 in the NNT

Acts 7 in the NNT2

Acts 7 in the NNT3

Acts 7 in the PDDPT

Acts 7 in the PFNT

Acts 7 in the RMNT

Acts 7 in the SBIAS

Acts 7 in the SBIBS

Acts 7 in the SBIBS2

Acts 7 in the SBICS

Acts 7 in the SBIDS

Acts 7 in the SBIGS

Acts 7 in the SBIHS

Acts 7 in the SBIIS

Acts 7 in the SBIIS2

Acts 7 in the SBIIS3

Acts 7 in the SBIKS

Acts 7 in the SBIKS2

Acts 7 in the SBIMS

Acts 7 in the SBIOS

Acts 7 in the SBIPS

Acts 7 in the SBISS

Acts 7 in the SBITS

Acts 7 in the SBITS2

Acts 7 in the SBITS3

Acts 7 in the SBITS4

Acts 7 in the SBIUS

Acts 7 in the SBIVS

Acts 7 in the SBT

Acts 7 in the SBT1E

Acts 7 in the SCHL

Acts 7 in the SNT

Acts 7 in the SUSU

Acts 7 in the SUSU2

Acts 7 in the SYNO

Acts 7 in the TBIAOTANT

Acts 7 in the TBT1E

Acts 7 in the TBT1E2

Acts 7 in the TFTIP

Acts 7 in the TFTU

Acts 7 in the TGNTATF3T

Acts 7 in the THAI

Acts 7 in the TNFD

Acts 7 in the TNT

Acts 7 in the TNTIK

Acts 7 in the TNTIL

Acts 7 in the TNTIN

Acts 7 in the TNTIP

Acts 7 in the TNTIZ

Acts 7 in the TOMA

Acts 7 in the TTENT

Acts 7 in the UBG

Acts 7 in the UGV

Acts 7 in the UGV2

Acts 7 in the UGV3

Acts 7 in the VBL

Acts 7 in the VDCC

Acts 7 in the YALU

Acts 7 in the YAPE

Acts 7 in the YBVTP

Acts 7 in the ZBP