Ephesians 4 (BOATCB)
1 Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. 2 Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. 3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu. 4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, 5 Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. 6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso. 7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. 8 Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.” 9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. 10 Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. 12 Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso 13 kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu. 14 Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16 Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu. 17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi, 18 na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene. 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho. 20 Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. 22 Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. 23 Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, 24 na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu. 25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu. 26 Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. 27 Mma ɔbonsam kwan. 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ. 29 Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ. 30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. 31 Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. 32 Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
In Other Versions
Ephesians 4 in the ANGEFD
Ephesians 4 in the ANTPNG2D
Ephesians 4 in the AS21
Ephesians 4 in the BAGH
Ephesians 4 in the BBPNG
Ephesians 4 in the BBT1E
Ephesians 4 in the BDS
Ephesians 4 in the BEV
Ephesians 4 in the BHAD
Ephesians 4 in the BIB
Ephesians 4 in the BLPT
Ephesians 4 in the BNT
Ephesians 4 in the BNTABOOT
Ephesians 4 in the BNTLV
Ephesians 4 in the BOATCB2
Ephesians 4 in the BOBCV
Ephesians 4 in the BOCNT
Ephesians 4 in the BOECS
Ephesians 4 in the BOGWICC
Ephesians 4 in the BOHCB
Ephesians 4 in the BOHCV
Ephesians 4 in the BOHLNT
Ephesians 4 in the BOHNTLTAL
Ephesians 4 in the BOICB
Ephesians 4 in the BOILNTAP
Ephesians 4 in the BOITCV
Ephesians 4 in the BOKCV
Ephesians 4 in the BOKCV2
Ephesians 4 in the BOKHWOG
Ephesians 4 in the BOKSSV
Ephesians 4 in the BOLCB
Ephesians 4 in the BOLCB2
Ephesians 4 in the BOMCV
Ephesians 4 in the BONAV
Ephesians 4 in the BONCB
Ephesians 4 in the BONLT
Ephesians 4 in the BONUT2
Ephesians 4 in the BOPLNT
Ephesians 4 in the BOSCB
Ephesians 4 in the BOSNC
Ephesians 4 in the BOTLNT
Ephesians 4 in the BOVCB
Ephesians 4 in the BOYCB
Ephesians 4 in the BPBB
Ephesians 4 in the BPH
Ephesians 4 in the BSB
Ephesians 4 in the CCB
Ephesians 4 in the CUV
Ephesians 4 in the CUVS
Ephesians 4 in the DBT
Ephesians 4 in the DGDNT
Ephesians 4 in the DHNT
Ephesians 4 in the DNT
Ephesians 4 in the ELBE
Ephesians 4 in the EMTV
Ephesians 4 in the ESV
Ephesians 4 in the FBV
Ephesians 4 in the FEB
Ephesians 4 in the GGMNT
Ephesians 4 in the GNT
Ephesians 4 in the HARY
Ephesians 4 in the HNT
Ephesians 4 in the IRVA
Ephesians 4 in the IRVB
Ephesians 4 in the IRVG
Ephesians 4 in the IRVH
Ephesians 4 in the IRVK
Ephesians 4 in the IRVM
Ephesians 4 in the IRVM2
Ephesians 4 in the IRVO
Ephesians 4 in the IRVP
Ephesians 4 in the IRVT
Ephesians 4 in the IRVT2
Ephesians 4 in the IRVU
Ephesians 4 in the ISVN
Ephesians 4 in the JSNT
Ephesians 4 in the KAPI
Ephesians 4 in the KBT1ETNIK
Ephesians 4 in the KBV
Ephesians 4 in the KJV
Ephesians 4 in the KNFD
Ephesians 4 in the LBA
Ephesians 4 in the LBLA
Ephesians 4 in the LNT
Ephesians 4 in the LSV
Ephesians 4 in the MAAL
Ephesians 4 in the MBV
Ephesians 4 in the MBV2
Ephesians 4 in the MHNT
Ephesians 4 in the MKNFD
Ephesians 4 in the MNG
Ephesians 4 in the MNT
Ephesians 4 in the MNT2
Ephesians 4 in the MRS1T
Ephesians 4 in the NAA
Ephesians 4 in the NASB
Ephesians 4 in the NBLA
Ephesians 4 in the NBS
Ephesians 4 in the NBVTP
Ephesians 4 in the NET2
Ephesians 4 in the NIV11
Ephesians 4 in the NNT
Ephesians 4 in the NNT2
Ephesians 4 in the NNT3
Ephesians 4 in the PDDPT
Ephesians 4 in the PFNT
Ephesians 4 in the RMNT
Ephesians 4 in the SBIAS
Ephesians 4 in the SBIBS
Ephesians 4 in the SBIBS2
Ephesians 4 in the SBICS
Ephesians 4 in the SBIDS
Ephesians 4 in the SBIGS
Ephesians 4 in the SBIHS
Ephesians 4 in the SBIIS
Ephesians 4 in the SBIIS2
Ephesians 4 in the SBIIS3
Ephesians 4 in the SBIKS
Ephesians 4 in the SBIKS2
Ephesians 4 in the SBIMS
Ephesians 4 in the SBIOS
Ephesians 4 in the SBIPS
Ephesians 4 in the SBISS
Ephesians 4 in the SBITS
Ephesians 4 in the SBITS2
Ephesians 4 in the SBITS3
Ephesians 4 in the SBITS4
Ephesians 4 in the SBIUS
Ephesians 4 in the SBIVS
Ephesians 4 in the SBT
Ephesians 4 in the SBT1E
Ephesians 4 in the SCHL
Ephesians 4 in the SNT
Ephesians 4 in the SUSU
Ephesians 4 in the SUSU2
Ephesians 4 in the SYNO
Ephesians 4 in the TBIAOTANT
Ephesians 4 in the TBT1E
Ephesians 4 in the TBT1E2
Ephesians 4 in the TFTIP
Ephesians 4 in the TFTU
Ephesians 4 in the TGNTATF3T
Ephesians 4 in the THAI
Ephesians 4 in the TNFD
Ephesians 4 in the TNT
Ephesians 4 in the TNTIK
Ephesians 4 in the TNTIL
Ephesians 4 in the TNTIN
Ephesians 4 in the TNTIP
Ephesians 4 in the TNTIZ
Ephesians 4 in the TOMA
Ephesians 4 in the TTENT
Ephesians 4 in the UBG
Ephesians 4 in the UGV
Ephesians 4 in the UGV2
Ephesians 4 in the UGV3
Ephesians 4 in the VBL
Ephesians 4 in the VDCC
Ephesians 4 in the YALU
Ephesians 4 in the YAPE
Ephesians 4 in the YBVTP
Ephesians 4 in the ZBP