Ephesians 4 (BOATCB2)

1 Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. 2 Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. 3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu. 4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako, 5 Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no. 6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso. 7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn. 8 Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se,“Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,ɔfaa nneduafo kaa ne ho;na ɔmaa nnipa akyɛde.” 9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ. 10 Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma. 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo. 12 Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so 13 kosi sɛ yɛn nyinaa benya gyidi baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyin wɔ Kristo mayɛ mu. 14 Yɛrenyɛ mmofra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ nea ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na bradatofo ne aniferefo daadaa wɔn. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu. 16 Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu. 17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ se monntena ase bio sɛ amanamanmufo a wonni adwene pa bi, 18 na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ. 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho. 20 Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te. 22 Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. 23 Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, 24 na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no. 25 Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. 26 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so. 27 Mma ɔbonsam kwan. 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo. 29 Mma kasa bɔne mfi wʼanom, na mmom ka kasa pa na aboa afoforo sɛnea ehia wɔn na wɔn a wotie anya so mfaso. 30 Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ. 31 Munyi yawdi, bobɔne ne abufuw, ahohoahoa ne nseku ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. 32 Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

In Other Versions

Ephesians 4 in the ANGEFD

Ephesians 4 in the ANTPNG2D

Ephesians 4 in the AS21

Ephesians 4 in the BAGH

Ephesians 4 in the BBPNG

Ephesians 4 in the BBT1E

Ephesians 4 in the BDS

Ephesians 4 in the BEV

Ephesians 4 in the BHAD

Ephesians 4 in the BIB

Ephesians 4 in the BLPT

Ephesians 4 in the BNT

Ephesians 4 in the BNTABOOT

Ephesians 4 in the BNTLV

Ephesians 4 in the BOATCB

Ephesians 4 in the BOBCV

Ephesians 4 in the BOCNT

Ephesians 4 in the BOECS

Ephesians 4 in the BOGWICC

Ephesians 4 in the BOHCB

Ephesians 4 in the BOHCV

Ephesians 4 in the BOHLNT

Ephesians 4 in the BOHNTLTAL

Ephesians 4 in the BOICB

Ephesians 4 in the BOILNTAP

Ephesians 4 in the BOITCV

Ephesians 4 in the BOKCV

Ephesians 4 in the BOKCV2

Ephesians 4 in the BOKHWOG

Ephesians 4 in the BOKSSV

Ephesians 4 in the BOLCB

Ephesians 4 in the BOLCB2

Ephesians 4 in the BOMCV

Ephesians 4 in the BONAV

Ephesians 4 in the BONCB

Ephesians 4 in the BONLT

Ephesians 4 in the BONUT2

Ephesians 4 in the BOPLNT

Ephesians 4 in the BOSCB

Ephesians 4 in the BOSNC

Ephesians 4 in the BOTLNT

Ephesians 4 in the BOVCB

Ephesians 4 in the BOYCB

Ephesians 4 in the BPBB

Ephesians 4 in the BPH

Ephesians 4 in the BSB

Ephesians 4 in the CCB

Ephesians 4 in the CUV

Ephesians 4 in the CUVS

Ephesians 4 in the DBT

Ephesians 4 in the DGDNT

Ephesians 4 in the DHNT

Ephesians 4 in the DNT

Ephesians 4 in the ELBE

Ephesians 4 in the EMTV

Ephesians 4 in the ESV

Ephesians 4 in the FBV

Ephesians 4 in the FEB

Ephesians 4 in the GGMNT

Ephesians 4 in the GNT

Ephesians 4 in the HARY

Ephesians 4 in the HNT

Ephesians 4 in the IRVA

Ephesians 4 in the IRVB

Ephesians 4 in the IRVG

Ephesians 4 in the IRVH

Ephesians 4 in the IRVK

Ephesians 4 in the IRVM

Ephesians 4 in the IRVM2

Ephesians 4 in the IRVO

Ephesians 4 in the IRVP

Ephesians 4 in the IRVT

Ephesians 4 in the IRVT2

Ephesians 4 in the IRVU

Ephesians 4 in the ISVN

Ephesians 4 in the JSNT

Ephesians 4 in the KAPI

Ephesians 4 in the KBT1ETNIK

Ephesians 4 in the KBV

Ephesians 4 in the KJV

Ephesians 4 in the KNFD

Ephesians 4 in the LBA

Ephesians 4 in the LBLA

Ephesians 4 in the LNT

Ephesians 4 in the LSV

Ephesians 4 in the MAAL

Ephesians 4 in the MBV

Ephesians 4 in the MBV2

Ephesians 4 in the MHNT

Ephesians 4 in the MKNFD

Ephesians 4 in the MNG

Ephesians 4 in the MNT

Ephesians 4 in the MNT2

Ephesians 4 in the MRS1T

Ephesians 4 in the NAA

Ephesians 4 in the NASB

Ephesians 4 in the NBLA

Ephesians 4 in the NBS

Ephesians 4 in the NBVTP

Ephesians 4 in the NET2

Ephesians 4 in the NIV11

Ephesians 4 in the NNT

Ephesians 4 in the NNT2

Ephesians 4 in the NNT3

Ephesians 4 in the PDDPT

Ephesians 4 in the PFNT

Ephesians 4 in the RMNT

Ephesians 4 in the SBIAS

Ephesians 4 in the SBIBS

Ephesians 4 in the SBIBS2

Ephesians 4 in the SBICS

Ephesians 4 in the SBIDS

Ephesians 4 in the SBIGS

Ephesians 4 in the SBIHS

Ephesians 4 in the SBIIS

Ephesians 4 in the SBIIS2

Ephesians 4 in the SBIIS3

Ephesians 4 in the SBIKS

Ephesians 4 in the SBIKS2

Ephesians 4 in the SBIMS

Ephesians 4 in the SBIOS

Ephesians 4 in the SBIPS

Ephesians 4 in the SBISS

Ephesians 4 in the SBITS

Ephesians 4 in the SBITS2

Ephesians 4 in the SBITS3

Ephesians 4 in the SBITS4

Ephesians 4 in the SBIUS

Ephesians 4 in the SBIVS

Ephesians 4 in the SBT

Ephesians 4 in the SBT1E

Ephesians 4 in the SCHL

Ephesians 4 in the SNT

Ephesians 4 in the SUSU

Ephesians 4 in the SUSU2

Ephesians 4 in the SYNO

Ephesians 4 in the TBIAOTANT

Ephesians 4 in the TBT1E

Ephesians 4 in the TBT1E2

Ephesians 4 in the TFTIP

Ephesians 4 in the TFTU

Ephesians 4 in the TGNTATF3T

Ephesians 4 in the THAI

Ephesians 4 in the TNFD

Ephesians 4 in the TNT

Ephesians 4 in the TNTIK

Ephesians 4 in the TNTIL

Ephesians 4 in the TNTIN

Ephesians 4 in the TNTIP

Ephesians 4 in the TNTIZ

Ephesians 4 in the TOMA

Ephesians 4 in the TTENT

Ephesians 4 in the UBG

Ephesians 4 in the UGV

Ephesians 4 in the UGV2

Ephesians 4 in the UGV3

Ephesians 4 in the VBL

Ephesians 4 in the VDCC

Ephesians 4 in the YALU

Ephesians 4 in the YAPE

Ephesians 4 in the YBVTP

Ephesians 4 in the ZBP