Galatians 3 (BOATCB)
1 Mo Galatifoɔ adwenemherɛfoɔ! Hwan na ɔdanee mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛnnua mu. 2 Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no gye diiɛ ansa? 3 Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4 Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. 5 Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6 Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” 7 Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8 Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9 Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. 10 Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11 Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12 Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. 13 Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14 Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. 15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no a ɛbaa akyire no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirinhyia ahanan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no maaeɛ, no mu. 18 Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham. 19 Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɔsi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfoɔ no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafoɔ. 20 Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no. 21 Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim. 22 Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no. 23 Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi. 24 Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem. 25 Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. 26 Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. 27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28 Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. 29 Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso.
In Other Versions
Galatians 3 in the ANGEFD
Galatians 3 in the ANTPNG2D
Galatians 3 in the AS21
Galatians 3 in the BAGH
Galatians 3 in the BBPNG
Galatians 3 in the BBT1E
Galatians 3 in the BDS
Galatians 3 in the BEV
Galatians 3 in the BHAD
Galatians 3 in the BIB
Galatians 3 in the BLPT
Galatians 3 in the BNT
Galatians 3 in the BNTABOOT
Galatians 3 in the BNTLV
Galatians 3 in the BOATCB2
Galatians 3 in the BOBCV
Galatians 3 in the BOCNT
Galatians 3 in the BOECS
Galatians 3 in the BOGWICC
Galatians 3 in the BOHCB
Galatians 3 in the BOHCV
Galatians 3 in the BOHLNT
Galatians 3 in the BOHNTLTAL
Galatians 3 in the BOICB
Galatians 3 in the BOILNTAP
Galatians 3 in the BOITCV
Galatians 3 in the BOKCV
Galatians 3 in the BOKCV2
Galatians 3 in the BOKHWOG
Galatians 3 in the BOKSSV
Galatians 3 in the BOLCB
Galatians 3 in the BOLCB2
Galatians 3 in the BOMCV
Galatians 3 in the BONAV
Galatians 3 in the BONCB
Galatians 3 in the BONLT
Galatians 3 in the BONUT2
Galatians 3 in the BOPLNT
Galatians 3 in the BOSCB
Galatians 3 in the BOSNC
Galatians 3 in the BOTLNT
Galatians 3 in the BOVCB
Galatians 3 in the BOYCB
Galatians 3 in the BPBB
Galatians 3 in the BPH
Galatians 3 in the BSB
Galatians 3 in the CCB
Galatians 3 in the CUV
Galatians 3 in the CUVS
Galatians 3 in the DBT
Galatians 3 in the DGDNT
Galatians 3 in the DHNT
Galatians 3 in the DNT
Galatians 3 in the ELBE
Galatians 3 in the EMTV
Galatians 3 in the ESV
Galatians 3 in the FBV
Galatians 3 in the FEB
Galatians 3 in the GGMNT
Galatians 3 in the GNT
Galatians 3 in the HARY
Galatians 3 in the HNT
Galatians 3 in the IRVA
Galatians 3 in the IRVB
Galatians 3 in the IRVG
Galatians 3 in the IRVH
Galatians 3 in the IRVK
Galatians 3 in the IRVM
Galatians 3 in the IRVM2
Galatians 3 in the IRVO
Galatians 3 in the IRVP
Galatians 3 in the IRVT
Galatians 3 in the IRVT2
Galatians 3 in the IRVU
Galatians 3 in the ISVN
Galatians 3 in the JSNT
Galatians 3 in the KAPI
Galatians 3 in the KBT1ETNIK
Galatians 3 in the KBV
Galatians 3 in the KJV
Galatians 3 in the KNFD
Galatians 3 in the LBA
Galatians 3 in the LBLA
Galatians 3 in the LNT
Galatians 3 in the LSV
Galatians 3 in the MAAL
Galatians 3 in the MBV
Galatians 3 in the MBV2
Galatians 3 in the MHNT
Galatians 3 in the MKNFD
Galatians 3 in the MNG
Galatians 3 in the MNT
Galatians 3 in the MNT2
Galatians 3 in the MRS1T
Galatians 3 in the NAA
Galatians 3 in the NASB
Galatians 3 in the NBLA
Galatians 3 in the NBS
Galatians 3 in the NBVTP
Galatians 3 in the NET2
Galatians 3 in the NIV11
Galatians 3 in the NNT
Galatians 3 in the NNT2
Galatians 3 in the NNT3
Galatians 3 in the PDDPT
Galatians 3 in the PFNT
Galatians 3 in the RMNT
Galatians 3 in the SBIAS
Galatians 3 in the SBIBS
Galatians 3 in the SBIBS2
Galatians 3 in the SBICS
Galatians 3 in the SBIDS
Galatians 3 in the SBIGS
Galatians 3 in the SBIHS
Galatians 3 in the SBIIS
Galatians 3 in the SBIIS2
Galatians 3 in the SBIIS3
Galatians 3 in the SBIKS
Galatians 3 in the SBIKS2
Galatians 3 in the SBIMS
Galatians 3 in the SBIOS
Galatians 3 in the SBIPS
Galatians 3 in the SBISS
Galatians 3 in the SBITS
Galatians 3 in the SBITS2
Galatians 3 in the SBITS3
Galatians 3 in the SBITS4
Galatians 3 in the SBIUS
Galatians 3 in the SBIVS
Galatians 3 in the SBT
Galatians 3 in the SBT1E
Galatians 3 in the SCHL
Galatians 3 in the SNT
Galatians 3 in the SUSU
Galatians 3 in the SUSU2
Galatians 3 in the SYNO
Galatians 3 in the TBIAOTANT
Galatians 3 in the TBT1E
Galatians 3 in the TBT1E2
Galatians 3 in the TFTIP
Galatians 3 in the TFTU
Galatians 3 in the TGNTATF3T
Galatians 3 in the THAI
Galatians 3 in the TNFD
Galatians 3 in the TNT
Galatians 3 in the TNTIK
Galatians 3 in the TNTIL
Galatians 3 in the TNTIN
Galatians 3 in the TNTIP
Galatians 3 in the TNTIZ
Galatians 3 in the TOMA
Galatians 3 in the TTENT
Galatians 3 in the UBG
Galatians 3 in the UGV
Galatians 3 in the UGV2
Galatians 3 in the UGV3
Galatians 3 in the VBL
Galatians 3 in the VDCC
Galatians 3 in the YALU
Galatians 3 in the YAPE
Galatians 3 in the YBVTP
Galatians 3 in the ZBP