Galatians 3 (BOATCB2)
1 Mo Galatifo adwenharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asennua mu. 2 Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so ana? Anaasɛ mutiee Asɛmpa no gye dii ansa? 3 Saa na mo adwene mu yɛ hare nen? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4 Mo osuahu yi nyinaa so amma mfaso biara? Minnye nni saa. 5 Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo ana? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwonwade wɔ mo mu ana? Ɛnyɛ asɛm no gye a mugye dii nti? 6 Kyerɛwsɛm no kaa Abraham ho asɛm se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.” 7 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. 8 Kyerɛwsɛm no dii kan huu sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bebu amanamanmufo no bem. Eyi nti Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9 Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no. 10 Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a efi mmara no mu so. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara Nhoma mu no nyinaa so.” 11 Afei akyinnye biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no sodi nsɔ Onyankopɔn ani. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛnam gyidi so na ɔtreneeni benya nkwa.” 12 Mmara no nnyinaso nyɛ gyidi; efisɛ wɔakyerɛw se nea odi mmara no so benya nkwa. 13 Ɛno nti na Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no wɔ dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14 Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufo so, na yɛnam gyidi so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. 15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ se obedi so. Mmara no a ɛbaa akyiri no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirihyia ahannan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no mae, no mu. 18 Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham. 19 Ɛno de, na Mmara no so mfaso ne dɛn? Wɔde maa akyiri no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo kosi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfo no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafo. 20 Yenim sɛ ntamgyinafo ho hia ma nnipa baanu anaa nea ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbaako no amfa ntamgyinafo wɔ bere a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no. 21 Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim. 22 Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no. 23 Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosii sɛ wɔbɛdaa gyidi no adi. 24 Enti Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bebu yɛn bem. 25 Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. 26 Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. 27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28 Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu. 29 Enti sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo, na bɔhyɛ no nti moyɛ adedifo nso.
In Other Versions
Galatians 3 in the ANGEFD
Galatians 3 in the ANTPNG2D
Galatians 3 in the AS21
Galatians 3 in the BAGH
Galatians 3 in the BBPNG
Galatians 3 in the BBT1E
Galatians 3 in the BDS
Galatians 3 in the BEV
Galatians 3 in the BHAD
Galatians 3 in the BIB
Galatians 3 in the BLPT
Galatians 3 in the BNT
Galatians 3 in the BNTABOOT
Galatians 3 in the BNTLV
Galatians 3 in the BOATCB
Galatians 3 in the BOBCV
Galatians 3 in the BOCNT
Galatians 3 in the BOECS
Galatians 3 in the BOGWICC
Galatians 3 in the BOHCB
Galatians 3 in the BOHCV
Galatians 3 in the BOHLNT
Galatians 3 in the BOHNTLTAL
Galatians 3 in the BOICB
Galatians 3 in the BOILNTAP
Galatians 3 in the BOITCV
Galatians 3 in the BOKCV
Galatians 3 in the BOKCV2
Galatians 3 in the BOKHWOG
Galatians 3 in the BOKSSV
Galatians 3 in the BOLCB
Galatians 3 in the BOLCB2
Galatians 3 in the BOMCV
Galatians 3 in the BONAV
Galatians 3 in the BONCB
Galatians 3 in the BONLT
Galatians 3 in the BONUT2
Galatians 3 in the BOPLNT
Galatians 3 in the BOSCB
Galatians 3 in the BOSNC
Galatians 3 in the BOTLNT
Galatians 3 in the BOVCB
Galatians 3 in the BOYCB
Galatians 3 in the BPBB
Galatians 3 in the BPH
Galatians 3 in the BSB
Galatians 3 in the CCB
Galatians 3 in the CUV
Galatians 3 in the CUVS
Galatians 3 in the DBT
Galatians 3 in the DGDNT
Galatians 3 in the DHNT
Galatians 3 in the DNT
Galatians 3 in the ELBE
Galatians 3 in the EMTV
Galatians 3 in the ESV
Galatians 3 in the FBV
Galatians 3 in the FEB
Galatians 3 in the GGMNT
Galatians 3 in the GNT
Galatians 3 in the HARY
Galatians 3 in the HNT
Galatians 3 in the IRVA
Galatians 3 in the IRVB
Galatians 3 in the IRVG
Galatians 3 in the IRVH
Galatians 3 in the IRVK
Galatians 3 in the IRVM
Galatians 3 in the IRVM2
Galatians 3 in the IRVO
Galatians 3 in the IRVP
Galatians 3 in the IRVT
Galatians 3 in the IRVT2
Galatians 3 in the IRVU
Galatians 3 in the ISVN
Galatians 3 in the JSNT
Galatians 3 in the KAPI
Galatians 3 in the KBT1ETNIK
Galatians 3 in the KBV
Galatians 3 in the KJV
Galatians 3 in the KNFD
Galatians 3 in the LBA
Galatians 3 in the LBLA
Galatians 3 in the LNT
Galatians 3 in the LSV
Galatians 3 in the MAAL
Galatians 3 in the MBV
Galatians 3 in the MBV2
Galatians 3 in the MHNT
Galatians 3 in the MKNFD
Galatians 3 in the MNG
Galatians 3 in the MNT
Galatians 3 in the MNT2
Galatians 3 in the MRS1T
Galatians 3 in the NAA
Galatians 3 in the NASB
Galatians 3 in the NBLA
Galatians 3 in the NBS
Galatians 3 in the NBVTP
Galatians 3 in the NET2
Galatians 3 in the NIV11
Galatians 3 in the NNT
Galatians 3 in the NNT2
Galatians 3 in the NNT3
Galatians 3 in the PDDPT
Galatians 3 in the PFNT
Galatians 3 in the RMNT
Galatians 3 in the SBIAS
Galatians 3 in the SBIBS
Galatians 3 in the SBIBS2
Galatians 3 in the SBICS
Galatians 3 in the SBIDS
Galatians 3 in the SBIGS
Galatians 3 in the SBIHS
Galatians 3 in the SBIIS
Galatians 3 in the SBIIS2
Galatians 3 in the SBIIS3
Galatians 3 in the SBIKS
Galatians 3 in the SBIKS2
Galatians 3 in the SBIMS
Galatians 3 in the SBIOS
Galatians 3 in the SBIPS
Galatians 3 in the SBISS
Galatians 3 in the SBITS
Galatians 3 in the SBITS2
Galatians 3 in the SBITS3
Galatians 3 in the SBITS4
Galatians 3 in the SBIUS
Galatians 3 in the SBIVS
Galatians 3 in the SBT
Galatians 3 in the SBT1E
Galatians 3 in the SCHL
Galatians 3 in the SNT
Galatians 3 in the SUSU
Galatians 3 in the SUSU2
Galatians 3 in the SYNO
Galatians 3 in the TBIAOTANT
Galatians 3 in the TBT1E
Galatians 3 in the TBT1E2
Galatians 3 in the TFTIP
Galatians 3 in the TFTU
Galatians 3 in the TGNTATF3T
Galatians 3 in the THAI
Galatians 3 in the TNFD
Galatians 3 in the TNT
Galatians 3 in the TNTIK
Galatians 3 in the TNTIL
Galatians 3 in the TNTIN
Galatians 3 in the TNTIP
Galatians 3 in the TNTIZ
Galatians 3 in the TOMA
Galatians 3 in the TTENT
Galatians 3 in the UBG
Galatians 3 in the UGV
Galatians 3 in the UGV2
Galatians 3 in the UGV3
Galatians 3 in the VBL
Galatians 3 in the VDCC
Galatians 3 in the YALU
Galatians 3 in the YAPE
Galatians 3 in the YBVTP
Galatians 3 in the ZBP