Hebrews 12 (BOATCB)

1 Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so. 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba. 4 Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu. 5 Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ,“Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba. 6 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.” 7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8 Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu. 12 Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu. 13 Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ. 14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade. 15 Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ. 16 Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no. 17 Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie. 18 Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no. 19 Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa, 20 ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so. 21 Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.” 22 Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho. 25 Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho? 26 Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.” 27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka. 28 Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, 29 ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

In Other Versions

Hebrews 12 in the ANGEFD

Hebrews 12 in the ANTPNG2D

Hebrews 12 in the AS21

Hebrews 12 in the BAGH

Hebrews 12 in the BBPNG

Hebrews 12 in the BBT1E

Hebrews 12 in the BDS

Hebrews 12 in the BEV

Hebrews 12 in the BHAD

Hebrews 12 in the BIB

Hebrews 12 in the BLPT

Hebrews 12 in the BNT

Hebrews 12 in the BNTABOOT

Hebrews 12 in the BNTLV

Hebrews 12 in the BOATCB2

Hebrews 12 in the BOBCV

Hebrews 12 in the BOCNT

Hebrews 12 in the BOECS

Hebrews 12 in the BOGWICC

Hebrews 12 in the BOHCB

Hebrews 12 in the BOHCV

Hebrews 12 in the BOHLNT

Hebrews 12 in the BOHNTLTAL

Hebrews 12 in the BOICB

Hebrews 12 in the BOILNTAP

Hebrews 12 in the BOITCV

Hebrews 12 in the BOKCV

Hebrews 12 in the BOKCV2

Hebrews 12 in the BOKHWOG

Hebrews 12 in the BOKSSV

Hebrews 12 in the BOLCB

Hebrews 12 in the BOLCB2

Hebrews 12 in the BOMCV

Hebrews 12 in the BONAV

Hebrews 12 in the BONCB

Hebrews 12 in the BONLT

Hebrews 12 in the BONUT2

Hebrews 12 in the BOPLNT

Hebrews 12 in the BOSCB

Hebrews 12 in the BOSNC

Hebrews 12 in the BOTLNT

Hebrews 12 in the BOVCB

Hebrews 12 in the BOYCB

Hebrews 12 in the BPBB

Hebrews 12 in the BPH

Hebrews 12 in the BSB

Hebrews 12 in the CCB

Hebrews 12 in the CUV

Hebrews 12 in the CUVS

Hebrews 12 in the DBT

Hebrews 12 in the DGDNT

Hebrews 12 in the DHNT

Hebrews 12 in the DNT

Hebrews 12 in the ELBE

Hebrews 12 in the EMTV

Hebrews 12 in the ESV

Hebrews 12 in the FBV

Hebrews 12 in the FEB

Hebrews 12 in the GGMNT

Hebrews 12 in the GNT

Hebrews 12 in the HARY

Hebrews 12 in the HNT

Hebrews 12 in the IRVA

Hebrews 12 in the IRVB

Hebrews 12 in the IRVG

Hebrews 12 in the IRVH

Hebrews 12 in the IRVK

Hebrews 12 in the IRVM

Hebrews 12 in the IRVM2

Hebrews 12 in the IRVO

Hebrews 12 in the IRVP

Hebrews 12 in the IRVT

Hebrews 12 in the IRVT2

Hebrews 12 in the IRVU

Hebrews 12 in the ISVN

Hebrews 12 in the JSNT

Hebrews 12 in the KAPI

Hebrews 12 in the KBT1ETNIK

Hebrews 12 in the KBV

Hebrews 12 in the KJV

Hebrews 12 in the KNFD

Hebrews 12 in the LBA

Hebrews 12 in the LBLA

Hebrews 12 in the LNT

Hebrews 12 in the LSV

Hebrews 12 in the MAAL

Hebrews 12 in the MBV

Hebrews 12 in the MBV2

Hebrews 12 in the MHNT

Hebrews 12 in the MKNFD

Hebrews 12 in the MNG

Hebrews 12 in the MNT

Hebrews 12 in the MNT2

Hebrews 12 in the MRS1T

Hebrews 12 in the NAA

Hebrews 12 in the NASB

Hebrews 12 in the NBLA

Hebrews 12 in the NBS

Hebrews 12 in the NBVTP

Hebrews 12 in the NET2

Hebrews 12 in the NIV11

Hebrews 12 in the NNT

Hebrews 12 in the NNT2

Hebrews 12 in the NNT3

Hebrews 12 in the PDDPT

Hebrews 12 in the PFNT

Hebrews 12 in the RMNT

Hebrews 12 in the SBIAS

Hebrews 12 in the SBIBS

Hebrews 12 in the SBIBS2

Hebrews 12 in the SBICS

Hebrews 12 in the SBIDS

Hebrews 12 in the SBIGS

Hebrews 12 in the SBIHS

Hebrews 12 in the SBIIS

Hebrews 12 in the SBIIS2

Hebrews 12 in the SBIIS3

Hebrews 12 in the SBIKS

Hebrews 12 in the SBIKS2

Hebrews 12 in the SBIMS

Hebrews 12 in the SBIOS

Hebrews 12 in the SBIPS

Hebrews 12 in the SBISS

Hebrews 12 in the SBITS

Hebrews 12 in the SBITS2

Hebrews 12 in the SBITS3

Hebrews 12 in the SBITS4

Hebrews 12 in the SBIUS

Hebrews 12 in the SBIVS

Hebrews 12 in the SBT

Hebrews 12 in the SBT1E

Hebrews 12 in the SCHL

Hebrews 12 in the SNT

Hebrews 12 in the SUSU

Hebrews 12 in the SUSU2

Hebrews 12 in the SYNO

Hebrews 12 in the TBIAOTANT

Hebrews 12 in the TBT1E

Hebrews 12 in the TBT1E2

Hebrews 12 in the TFTIP

Hebrews 12 in the TFTU

Hebrews 12 in the TGNTATF3T

Hebrews 12 in the THAI

Hebrews 12 in the TNFD

Hebrews 12 in the TNT

Hebrews 12 in the TNTIK

Hebrews 12 in the TNTIL

Hebrews 12 in the TNTIN

Hebrews 12 in the TNTIP

Hebrews 12 in the TNTIZ

Hebrews 12 in the TOMA

Hebrews 12 in the TTENT

Hebrews 12 in the UBG

Hebrews 12 in the UGV

Hebrews 12 in the UGV2

Hebrews 12 in the UGV3

Hebrews 12 in the VBL

Hebrews 12 in the VDCC

Hebrews 12 in the YALU

Hebrews 12 in the YAPE

Hebrews 12 in the YBVTP

Hebrews 12 in the ZBP