Hebrews 12 (BOATCB2)
1 Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui wɔ asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. 4 Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu sɛ mubehwie mogya agu. 5 Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se,“Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye,na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw. 6 Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼasosɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.” 7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn wɔ ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? 8 Sɛ wanteɛ mo sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu. 12 Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den. 13 Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare. 14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. 15 Monhwɛ yiye na mo mu bi annan nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwen a enyin ma ne bɔnwoma no haw afoforo. 16 Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no. 17 Na afei eduu bere bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no. Ɛwɔ mu sɛ ɔde nusu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ yiye. 18 Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyatannaa, awerɛhow, sum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiaa wɔ Sinai Bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. 19 Efisɛ na wɔrebɔ torobɛnto denneennen a nne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa, 20 efisɛ na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so. 21 Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se. “Misuro, na me ho popo.” 22 Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafomma dedaw a wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho. 25 Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie nea ɔkasa fii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi ɔsoro no ho na yɛafa yɛn ho adi? 26 Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ se, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow ɔsoro nso bio saa ara.” 27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔɔ no na atutu afi wɔn anan mu na nneɛma a wontumi nwosow no aka. 28 Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no, 29 efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.
In Other Versions
Hebrews 12 in the ANGEFD
Hebrews 12 in the ANTPNG2D
Hebrews 12 in the AS21
Hebrews 12 in the BAGH
Hebrews 12 in the BBPNG
Hebrews 12 in the BBT1E
Hebrews 12 in the BDS
Hebrews 12 in the BEV
Hebrews 12 in the BHAD
Hebrews 12 in the BIB
Hebrews 12 in the BLPT
Hebrews 12 in the BNT
Hebrews 12 in the BNTABOOT
Hebrews 12 in the BNTLV
Hebrews 12 in the BOATCB
Hebrews 12 in the BOBCV
Hebrews 12 in the BOCNT
Hebrews 12 in the BOECS
Hebrews 12 in the BOGWICC
Hebrews 12 in the BOHCB
Hebrews 12 in the BOHCV
Hebrews 12 in the BOHLNT
Hebrews 12 in the BOHNTLTAL
Hebrews 12 in the BOICB
Hebrews 12 in the BOILNTAP
Hebrews 12 in the BOITCV
Hebrews 12 in the BOKCV
Hebrews 12 in the BOKCV2
Hebrews 12 in the BOKHWOG
Hebrews 12 in the BOKSSV
Hebrews 12 in the BOLCB
Hebrews 12 in the BOLCB2
Hebrews 12 in the BOMCV
Hebrews 12 in the BONAV
Hebrews 12 in the BONCB
Hebrews 12 in the BONLT
Hebrews 12 in the BONUT2
Hebrews 12 in the BOPLNT
Hebrews 12 in the BOSCB
Hebrews 12 in the BOSNC
Hebrews 12 in the BOTLNT
Hebrews 12 in the BOVCB
Hebrews 12 in the BOYCB
Hebrews 12 in the BPBB
Hebrews 12 in the BPH
Hebrews 12 in the BSB
Hebrews 12 in the CCB
Hebrews 12 in the CUV
Hebrews 12 in the CUVS
Hebrews 12 in the DBT
Hebrews 12 in the DGDNT
Hebrews 12 in the DHNT
Hebrews 12 in the DNT
Hebrews 12 in the ELBE
Hebrews 12 in the EMTV
Hebrews 12 in the ESV
Hebrews 12 in the FBV
Hebrews 12 in the FEB
Hebrews 12 in the GGMNT
Hebrews 12 in the GNT
Hebrews 12 in the HARY
Hebrews 12 in the HNT
Hebrews 12 in the IRVA
Hebrews 12 in the IRVB
Hebrews 12 in the IRVG
Hebrews 12 in the IRVH
Hebrews 12 in the IRVK
Hebrews 12 in the IRVM
Hebrews 12 in the IRVM2
Hebrews 12 in the IRVO
Hebrews 12 in the IRVP
Hebrews 12 in the IRVT
Hebrews 12 in the IRVT2
Hebrews 12 in the IRVU
Hebrews 12 in the ISVN
Hebrews 12 in the JSNT
Hebrews 12 in the KAPI
Hebrews 12 in the KBT1ETNIK
Hebrews 12 in the KBV
Hebrews 12 in the KJV
Hebrews 12 in the KNFD
Hebrews 12 in the LBA
Hebrews 12 in the LBLA
Hebrews 12 in the LNT
Hebrews 12 in the LSV
Hebrews 12 in the MAAL
Hebrews 12 in the MBV
Hebrews 12 in the MBV2
Hebrews 12 in the MHNT
Hebrews 12 in the MKNFD
Hebrews 12 in the MNG
Hebrews 12 in the MNT
Hebrews 12 in the MNT2
Hebrews 12 in the MRS1T
Hebrews 12 in the NAA
Hebrews 12 in the NASB
Hebrews 12 in the NBLA
Hebrews 12 in the NBS
Hebrews 12 in the NBVTP
Hebrews 12 in the NET2
Hebrews 12 in the NIV11
Hebrews 12 in the NNT
Hebrews 12 in the NNT2
Hebrews 12 in the NNT3
Hebrews 12 in the PDDPT
Hebrews 12 in the PFNT
Hebrews 12 in the RMNT
Hebrews 12 in the SBIAS
Hebrews 12 in the SBIBS
Hebrews 12 in the SBIBS2
Hebrews 12 in the SBICS
Hebrews 12 in the SBIDS
Hebrews 12 in the SBIGS
Hebrews 12 in the SBIHS
Hebrews 12 in the SBIIS
Hebrews 12 in the SBIIS2
Hebrews 12 in the SBIIS3
Hebrews 12 in the SBIKS
Hebrews 12 in the SBIKS2
Hebrews 12 in the SBIMS
Hebrews 12 in the SBIOS
Hebrews 12 in the SBIPS
Hebrews 12 in the SBISS
Hebrews 12 in the SBITS
Hebrews 12 in the SBITS2
Hebrews 12 in the SBITS3
Hebrews 12 in the SBITS4
Hebrews 12 in the SBIUS
Hebrews 12 in the SBIVS
Hebrews 12 in the SBT
Hebrews 12 in the SBT1E
Hebrews 12 in the SCHL
Hebrews 12 in the SNT
Hebrews 12 in the SUSU
Hebrews 12 in the SUSU2
Hebrews 12 in the SYNO
Hebrews 12 in the TBIAOTANT
Hebrews 12 in the TBT1E
Hebrews 12 in the TBT1E2
Hebrews 12 in the TFTIP
Hebrews 12 in the TFTU
Hebrews 12 in the TGNTATF3T
Hebrews 12 in the THAI
Hebrews 12 in the TNFD
Hebrews 12 in the TNT
Hebrews 12 in the TNTIK
Hebrews 12 in the TNTIL
Hebrews 12 in the TNTIN
Hebrews 12 in the TNTIP
Hebrews 12 in the TNTIZ
Hebrews 12 in the TOMA
Hebrews 12 in the TTENT
Hebrews 12 in the UBG
Hebrews 12 in the UGV
Hebrews 12 in the UGV2
Hebrews 12 in the UGV3
Hebrews 12 in the VBL
Hebrews 12 in the VDCC
Hebrews 12 in the YALU
Hebrews 12 in the YAPE
Hebrews 12 in the YBVTP
Hebrews 12 in the ZBP