Hebrews 6 (BOATCB)

1 Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie. 2 Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. 3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ. 4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5 Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi. 6 Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. 7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnonom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn enti wɔduaeɛ no. 8 Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no. 9 Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba. 10 Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no. 11 Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no. 12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no. 13 Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14 Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.” 15 Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ. 16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17 Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. 18 Saa nneɛma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkura yɛn anidasoɔ no mu den. 19 Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛma yɛhyɛne tra ntwamutam no mu kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ. 20 Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn ɛkan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.

In Other Versions

Hebrews 6 in the ANGEFD

Hebrews 6 in the ANTPNG2D

Hebrews 6 in the AS21

Hebrews 6 in the BAGH

Hebrews 6 in the BBPNG

Hebrews 6 in the BBT1E

Hebrews 6 in the BDS

Hebrews 6 in the BEV

Hebrews 6 in the BHAD

Hebrews 6 in the BIB

Hebrews 6 in the BLPT

Hebrews 6 in the BNT

Hebrews 6 in the BNTABOOT

Hebrews 6 in the BNTLV

Hebrews 6 in the BOATCB2

Hebrews 6 in the BOBCV

Hebrews 6 in the BOCNT

Hebrews 6 in the BOECS

Hebrews 6 in the BOGWICC

Hebrews 6 in the BOHCB

Hebrews 6 in the BOHCV

Hebrews 6 in the BOHLNT

Hebrews 6 in the BOHNTLTAL

Hebrews 6 in the BOICB

Hebrews 6 in the BOILNTAP

Hebrews 6 in the BOITCV

Hebrews 6 in the BOKCV

Hebrews 6 in the BOKCV2

Hebrews 6 in the BOKHWOG

Hebrews 6 in the BOKSSV

Hebrews 6 in the BOLCB

Hebrews 6 in the BOLCB2

Hebrews 6 in the BOMCV

Hebrews 6 in the BONAV

Hebrews 6 in the BONCB

Hebrews 6 in the BONLT

Hebrews 6 in the BONUT2

Hebrews 6 in the BOPLNT

Hebrews 6 in the BOSCB

Hebrews 6 in the BOSNC

Hebrews 6 in the BOTLNT

Hebrews 6 in the BOVCB

Hebrews 6 in the BOYCB

Hebrews 6 in the BPBB

Hebrews 6 in the BPH

Hebrews 6 in the BSB

Hebrews 6 in the CCB

Hebrews 6 in the CUV

Hebrews 6 in the CUVS

Hebrews 6 in the DBT

Hebrews 6 in the DGDNT

Hebrews 6 in the DHNT

Hebrews 6 in the DNT

Hebrews 6 in the ELBE

Hebrews 6 in the EMTV

Hebrews 6 in the ESV

Hebrews 6 in the FBV

Hebrews 6 in the FEB

Hebrews 6 in the GGMNT

Hebrews 6 in the GNT

Hebrews 6 in the HARY

Hebrews 6 in the HNT

Hebrews 6 in the IRVA

Hebrews 6 in the IRVB

Hebrews 6 in the IRVG

Hebrews 6 in the IRVH

Hebrews 6 in the IRVK

Hebrews 6 in the IRVM

Hebrews 6 in the IRVM2

Hebrews 6 in the IRVO

Hebrews 6 in the IRVP

Hebrews 6 in the IRVT

Hebrews 6 in the IRVT2

Hebrews 6 in the IRVU

Hebrews 6 in the ISVN

Hebrews 6 in the JSNT

Hebrews 6 in the KAPI

Hebrews 6 in the KBT1ETNIK

Hebrews 6 in the KBV

Hebrews 6 in the KJV

Hebrews 6 in the KNFD

Hebrews 6 in the LBA

Hebrews 6 in the LBLA

Hebrews 6 in the LNT

Hebrews 6 in the LSV

Hebrews 6 in the MAAL

Hebrews 6 in the MBV

Hebrews 6 in the MBV2

Hebrews 6 in the MHNT

Hebrews 6 in the MKNFD

Hebrews 6 in the MNG

Hebrews 6 in the MNT

Hebrews 6 in the MNT2

Hebrews 6 in the MRS1T

Hebrews 6 in the NAA

Hebrews 6 in the NASB

Hebrews 6 in the NBLA

Hebrews 6 in the NBS

Hebrews 6 in the NBVTP

Hebrews 6 in the NET2

Hebrews 6 in the NIV11

Hebrews 6 in the NNT

Hebrews 6 in the NNT2

Hebrews 6 in the NNT3

Hebrews 6 in the PDDPT

Hebrews 6 in the PFNT

Hebrews 6 in the RMNT

Hebrews 6 in the SBIAS

Hebrews 6 in the SBIBS

Hebrews 6 in the SBIBS2

Hebrews 6 in the SBICS

Hebrews 6 in the SBIDS

Hebrews 6 in the SBIGS

Hebrews 6 in the SBIHS

Hebrews 6 in the SBIIS

Hebrews 6 in the SBIIS2

Hebrews 6 in the SBIIS3

Hebrews 6 in the SBIKS

Hebrews 6 in the SBIKS2

Hebrews 6 in the SBIMS

Hebrews 6 in the SBIOS

Hebrews 6 in the SBIPS

Hebrews 6 in the SBISS

Hebrews 6 in the SBITS

Hebrews 6 in the SBITS2

Hebrews 6 in the SBITS3

Hebrews 6 in the SBITS4

Hebrews 6 in the SBIUS

Hebrews 6 in the SBIVS

Hebrews 6 in the SBT

Hebrews 6 in the SBT1E

Hebrews 6 in the SCHL

Hebrews 6 in the SNT

Hebrews 6 in the SUSU

Hebrews 6 in the SUSU2

Hebrews 6 in the SYNO

Hebrews 6 in the TBIAOTANT

Hebrews 6 in the TBT1E

Hebrews 6 in the TBT1E2

Hebrews 6 in the TFTIP

Hebrews 6 in the TFTU

Hebrews 6 in the TGNTATF3T

Hebrews 6 in the THAI

Hebrews 6 in the TNFD

Hebrews 6 in the TNT

Hebrews 6 in the TNTIK

Hebrews 6 in the TNTIL

Hebrews 6 in the TNTIN

Hebrews 6 in the TNTIP

Hebrews 6 in the TNTIZ

Hebrews 6 in the TOMA

Hebrews 6 in the TTENT

Hebrews 6 in the UBG

Hebrews 6 in the UGV

Hebrews 6 in the UGV2

Hebrews 6 in the UGV3

Hebrews 6 in the VBL

Hebrews 6 in the VDCC

Hebrews 6 in the YALU

Hebrews 6 in the YAPE

Hebrews 6 in the YBVTP

Hebrews 6 in the ZBP