Hebrews 7 (BOATCB)

1 Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛnna ɔsane yɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn ɔsɔfoɔ. Ɛberɛ a Abraham firi ɔko a ɔkumm ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. 2 Abraham maa no nʼasadeɛ no mu nkyɛmu edu mu baako. Melkisedek din no nkyerɛaseɛ a ɛdi ɛkan no ne Tenenee Ɔhene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no enti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoeɛhene. 3 Obi nnim Melkisedek agya, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne owuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa. 4 Yei di ho adanseɛ sɛ na ɔyɛ onipa kɛseɛ a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasadeɛ mu nkyɛmu edu mu baako. 5 Nanso, Lewi asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnnye nkyɛmu edu mu baako mfiri wɔn ara wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefoɔ no. 6 Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ɔgyee nkyɛmu edu mu baako firii Abraham nkyɛn hyiraa no maa ɔnyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. 7 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira. 8 Wɔde nnipa akatua nkyɛmu edu mu baako ma asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase. 9 Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. 10 Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ. 11 Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu. 12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa. 13 Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da. 14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. 15 Asɛm no da ne ho adi pefee, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16 Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieeɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ. 17 Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daasɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” 18 Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso. 19 Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. 20 Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21 Yesu deɛ, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,“Awurade aka ntam;na ɔrensesa nʼadwene:‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’ ” 22 Saa ntam yi enti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu. 23 Nsonsonoeɛ foforɔ bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfoɔ no dɔɔso, ɛfiri sɛ, na wɔwuwu a wɔntumi ntoa wɔn adwuma so. 24 Nanso, Yesu deɛ, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. 25 Enti, ɔtumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. 26 Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so. 27 Ɔnte sɛ asɔfoɔ mpanin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kane no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforɔ deɛ no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔeɛ. 28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfoɔ mpanin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛtaa Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.

In Other Versions

Hebrews 7 in the ANGEFD

Hebrews 7 in the ANTPNG2D

Hebrews 7 in the AS21

Hebrews 7 in the BAGH

Hebrews 7 in the BBPNG

Hebrews 7 in the BBT1E

Hebrews 7 in the BDS

Hebrews 7 in the BEV

Hebrews 7 in the BHAD

Hebrews 7 in the BIB

Hebrews 7 in the BLPT

Hebrews 7 in the BNT

Hebrews 7 in the BNTABOOT

Hebrews 7 in the BNTLV

Hebrews 7 in the BOATCB2

Hebrews 7 in the BOBCV

Hebrews 7 in the BOCNT

Hebrews 7 in the BOECS

Hebrews 7 in the BOGWICC

Hebrews 7 in the BOHCB

Hebrews 7 in the BOHCV

Hebrews 7 in the BOHLNT

Hebrews 7 in the BOHNTLTAL

Hebrews 7 in the BOICB

Hebrews 7 in the BOILNTAP

Hebrews 7 in the BOITCV

Hebrews 7 in the BOKCV

Hebrews 7 in the BOKCV2

Hebrews 7 in the BOKHWOG

Hebrews 7 in the BOKSSV

Hebrews 7 in the BOLCB

Hebrews 7 in the BOLCB2

Hebrews 7 in the BOMCV

Hebrews 7 in the BONAV

Hebrews 7 in the BONCB

Hebrews 7 in the BONLT

Hebrews 7 in the BONUT2

Hebrews 7 in the BOPLNT

Hebrews 7 in the BOSCB

Hebrews 7 in the BOSNC

Hebrews 7 in the BOTLNT

Hebrews 7 in the BOVCB

Hebrews 7 in the BOYCB

Hebrews 7 in the BPBB

Hebrews 7 in the BPH

Hebrews 7 in the BSB

Hebrews 7 in the CCB

Hebrews 7 in the CUV

Hebrews 7 in the CUVS

Hebrews 7 in the DBT

Hebrews 7 in the DGDNT

Hebrews 7 in the DHNT

Hebrews 7 in the DNT

Hebrews 7 in the ELBE

Hebrews 7 in the EMTV

Hebrews 7 in the ESV

Hebrews 7 in the FBV

Hebrews 7 in the FEB

Hebrews 7 in the GGMNT

Hebrews 7 in the GNT

Hebrews 7 in the HARY

Hebrews 7 in the HNT

Hebrews 7 in the IRVA

Hebrews 7 in the IRVB

Hebrews 7 in the IRVG

Hebrews 7 in the IRVH

Hebrews 7 in the IRVK

Hebrews 7 in the IRVM

Hebrews 7 in the IRVM2

Hebrews 7 in the IRVO

Hebrews 7 in the IRVP

Hebrews 7 in the IRVT

Hebrews 7 in the IRVT2

Hebrews 7 in the IRVU

Hebrews 7 in the ISVN

Hebrews 7 in the JSNT

Hebrews 7 in the KAPI

Hebrews 7 in the KBT1ETNIK

Hebrews 7 in the KBV

Hebrews 7 in the KJV

Hebrews 7 in the KNFD

Hebrews 7 in the LBA

Hebrews 7 in the LBLA

Hebrews 7 in the LNT

Hebrews 7 in the LSV

Hebrews 7 in the MAAL

Hebrews 7 in the MBV

Hebrews 7 in the MBV2

Hebrews 7 in the MHNT

Hebrews 7 in the MKNFD

Hebrews 7 in the MNG

Hebrews 7 in the MNT

Hebrews 7 in the MNT2

Hebrews 7 in the MRS1T

Hebrews 7 in the NAA

Hebrews 7 in the NASB

Hebrews 7 in the NBLA

Hebrews 7 in the NBS

Hebrews 7 in the NBVTP

Hebrews 7 in the NET2

Hebrews 7 in the NIV11

Hebrews 7 in the NNT

Hebrews 7 in the NNT2

Hebrews 7 in the NNT3

Hebrews 7 in the PDDPT

Hebrews 7 in the PFNT

Hebrews 7 in the RMNT

Hebrews 7 in the SBIAS

Hebrews 7 in the SBIBS

Hebrews 7 in the SBIBS2

Hebrews 7 in the SBICS

Hebrews 7 in the SBIDS

Hebrews 7 in the SBIGS

Hebrews 7 in the SBIHS

Hebrews 7 in the SBIIS

Hebrews 7 in the SBIIS2

Hebrews 7 in the SBIIS3

Hebrews 7 in the SBIKS

Hebrews 7 in the SBIKS2

Hebrews 7 in the SBIMS

Hebrews 7 in the SBIOS

Hebrews 7 in the SBIPS

Hebrews 7 in the SBISS

Hebrews 7 in the SBITS

Hebrews 7 in the SBITS2

Hebrews 7 in the SBITS3

Hebrews 7 in the SBITS4

Hebrews 7 in the SBIUS

Hebrews 7 in the SBIVS

Hebrews 7 in the SBT

Hebrews 7 in the SBT1E

Hebrews 7 in the SCHL

Hebrews 7 in the SNT

Hebrews 7 in the SUSU

Hebrews 7 in the SUSU2

Hebrews 7 in the SYNO

Hebrews 7 in the TBIAOTANT

Hebrews 7 in the TBT1E

Hebrews 7 in the TBT1E2

Hebrews 7 in the TFTIP

Hebrews 7 in the TFTU

Hebrews 7 in the TGNTATF3T

Hebrews 7 in the THAI

Hebrews 7 in the TNFD

Hebrews 7 in the TNT

Hebrews 7 in the TNTIK

Hebrews 7 in the TNTIL

Hebrews 7 in the TNTIN

Hebrews 7 in the TNTIP

Hebrews 7 in the TNTIZ

Hebrews 7 in the TOMA

Hebrews 7 in the TTENT

Hebrews 7 in the UBG

Hebrews 7 in the UGV

Hebrews 7 in the UGV2

Hebrews 7 in the UGV3

Hebrews 7 in the VBL

Hebrews 7 in the VDCC

Hebrews 7 in the YALU

Hebrews 7 in the YAPE

Hebrews 7 in the YBVTP

Hebrews 7 in the ZBP