Hebrews 7 (BOATCB2)
1 Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, na ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. 2 Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Trenee Hene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salem hene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoe hene. 3 Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa. 4 Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasade mu nkyɛmu du mu baako. 5 Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛmu du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo a wɔn nso yɛ Abraham asefo no nkyɛn. 6 Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ogyee nkyɛmu du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. 7 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira. 8 Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma asɔfo a wowu, gye Melkisedek a Kyerɛwsɛm no ka se ɔte ase. 9 Enti nokware, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefo gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. 10 Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae. 11 Esiane Lewi asɔfodi nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfodi no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi sɛ Melkisedek a omfi Aaron abusua mu. 12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma ho mmara no nso sesa. 13 Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abusua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka ho da. 14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. 15 Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16 Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo, na mmom wɔnam nkwa a enni awiei tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfo. 17 Kyerɛwsɛm no ka se,“Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daasɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” 18 Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ sintɔ bi wɔ mmara no mu, na so nni mfaso nso, 19 efisɛ Mose Mmara no antumi amma biribiara anni mu, na wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. 20 Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21 Yesu de, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,“Awurade aka ntam;na ɔrensesa nʼadwene a ese,‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa no.’ ” 22 Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu. 23 Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so. 24 Nanso esiane sɛ Yesu wɔ hɔ daa no nti, ɔwɔ asɔfodi a ɛtena hɔ daa. 25 Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. 26 Yesu ne Ɔsɔfopanyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔama no so aboro ɔsoro so. 27 Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a wɔaka no a, daa afɔre a wɔbɔ no kan no wɔbɔ wɔ wɔn bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. 28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbaa wɔ Mmara no akyi no yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.
In Other Versions
Hebrews 7 in the ANGEFD
Hebrews 7 in the ANTPNG2D
Hebrews 7 in the AS21
Hebrews 7 in the BAGH
Hebrews 7 in the BBPNG
Hebrews 7 in the BBT1E
Hebrews 7 in the BDS
Hebrews 7 in the BEV
Hebrews 7 in the BHAD
Hebrews 7 in the BIB
Hebrews 7 in the BLPT
Hebrews 7 in the BNT
Hebrews 7 in the BNTABOOT
Hebrews 7 in the BNTLV
Hebrews 7 in the BOATCB
Hebrews 7 in the BOBCV
Hebrews 7 in the BOCNT
Hebrews 7 in the BOECS
Hebrews 7 in the BOGWICC
Hebrews 7 in the BOHCB
Hebrews 7 in the BOHCV
Hebrews 7 in the BOHLNT
Hebrews 7 in the BOHNTLTAL
Hebrews 7 in the BOICB
Hebrews 7 in the BOILNTAP
Hebrews 7 in the BOITCV
Hebrews 7 in the BOKCV
Hebrews 7 in the BOKCV2
Hebrews 7 in the BOKHWOG
Hebrews 7 in the BOKSSV
Hebrews 7 in the BOLCB
Hebrews 7 in the BOLCB2
Hebrews 7 in the BOMCV
Hebrews 7 in the BONAV
Hebrews 7 in the BONCB
Hebrews 7 in the BONLT
Hebrews 7 in the BONUT2
Hebrews 7 in the BOPLNT
Hebrews 7 in the BOSCB
Hebrews 7 in the BOSNC
Hebrews 7 in the BOTLNT
Hebrews 7 in the BOVCB
Hebrews 7 in the BOYCB
Hebrews 7 in the BPBB
Hebrews 7 in the BPH
Hebrews 7 in the BSB
Hebrews 7 in the CCB
Hebrews 7 in the CUV
Hebrews 7 in the CUVS
Hebrews 7 in the DBT
Hebrews 7 in the DGDNT
Hebrews 7 in the DHNT
Hebrews 7 in the DNT
Hebrews 7 in the ELBE
Hebrews 7 in the EMTV
Hebrews 7 in the ESV
Hebrews 7 in the FBV
Hebrews 7 in the FEB
Hebrews 7 in the GGMNT
Hebrews 7 in the GNT
Hebrews 7 in the HARY
Hebrews 7 in the HNT
Hebrews 7 in the IRVA
Hebrews 7 in the IRVB
Hebrews 7 in the IRVG
Hebrews 7 in the IRVH
Hebrews 7 in the IRVK
Hebrews 7 in the IRVM
Hebrews 7 in the IRVM2
Hebrews 7 in the IRVO
Hebrews 7 in the IRVP
Hebrews 7 in the IRVT
Hebrews 7 in the IRVT2
Hebrews 7 in the IRVU
Hebrews 7 in the ISVN
Hebrews 7 in the JSNT
Hebrews 7 in the KAPI
Hebrews 7 in the KBT1ETNIK
Hebrews 7 in the KBV
Hebrews 7 in the KJV
Hebrews 7 in the KNFD
Hebrews 7 in the LBA
Hebrews 7 in the LBLA
Hebrews 7 in the LNT
Hebrews 7 in the LSV
Hebrews 7 in the MAAL
Hebrews 7 in the MBV
Hebrews 7 in the MBV2
Hebrews 7 in the MHNT
Hebrews 7 in the MKNFD
Hebrews 7 in the MNG
Hebrews 7 in the MNT
Hebrews 7 in the MNT2
Hebrews 7 in the MRS1T
Hebrews 7 in the NAA
Hebrews 7 in the NASB
Hebrews 7 in the NBLA
Hebrews 7 in the NBS
Hebrews 7 in the NBVTP
Hebrews 7 in the NET2
Hebrews 7 in the NIV11
Hebrews 7 in the NNT
Hebrews 7 in the NNT2
Hebrews 7 in the NNT3
Hebrews 7 in the PDDPT
Hebrews 7 in the PFNT
Hebrews 7 in the RMNT
Hebrews 7 in the SBIAS
Hebrews 7 in the SBIBS
Hebrews 7 in the SBIBS2
Hebrews 7 in the SBICS
Hebrews 7 in the SBIDS
Hebrews 7 in the SBIGS
Hebrews 7 in the SBIHS
Hebrews 7 in the SBIIS
Hebrews 7 in the SBIIS2
Hebrews 7 in the SBIIS3
Hebrews 7 in the SBIKS
Hebrews 7 in the SBIKS2
Hebrews 7 in the SBIMS
Hebrews 7 in the SBIOS
Hebrews 7 in the SBIPS
Hebrews 7 in the SBISS
Hebrews 7 in the SBITS
Hebrews 7 in the SBITS2
Hebrews 7 in the SBITS3
Hebrews 7 in the SBITS4
Hebrews 7 in the SBIUS
Hebrews 7 in the SBIVS
Hebrews 7 in the SBT
Hebrews 7 in the SBT1E
Hebrews 7 in the SCHL
Hebrews 7 in the SNT
Hebrews 7 in the SUSU
Hebrews 7 in the SUSU2
Hebrews 7 in the SYNO
Hebrews 7 in the TBIAOTANT
Hebrews 7 in the TBT1E
Hebrews 7 in the TBT1E2
Hebrews 7 in the TFTIP
Hebrews 7 in the TFTU
Hebrews 7 in the TGNTATF3T
Hebrews 7 in the THAI
Hebrews 7 in the TNFD
Hebrews 7 in the TNT
Hebrews 7 in the TNTIK
Hebrews 7 in the TNTIL
Hebrews 7 in the TNTIN
Hebrews 7 in the TNTIP
Hebrews 7 in the TNTIZ
Hebrews 7 in the TOMA
Hebrews 7 in the TTENT
Hebrews 7 in the UBG
Hebrews 7 in the UGV
Hebrews 7 in the UGV2
Hebrews 7 in the UGV3
Hebrews 7 in the VBL
Hebrews 7 in the VDCC
Hebrews 7 in the YALU
Hebrews 7 in the YAPE
Hebrews 7 in the YBVTP
Hebrews 7 in the ZBP