Hosea 2 (BOATCB)
1 “Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’ ” 2 “Ka wo maame anim, ka nʼanim,na ɔnnyɛ me yerena mennyɛ ne kunu.Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim nona ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no. 3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntomana wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no;mɛma wayɛ sɛ anweatam,mɛdane no asase a awo weseena mama osukɔm akum no. 4 Merennɔ ne mma,ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma. 5 Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔna ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu.Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’ 6 Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan;mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan. 7 Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.Afei, ɔbɛka sɛ,‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’ 8 Ɔnnkae sɛ me namemaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no soma wɔde kɔsom Baal no. 9 “Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,ne me nsã foforɔ no nso saa ara.Mɛgye me kuntu ne me nwera,a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. 10 Enti afei mɛbɔ no adagyawɔ nʼadɔfoɔ anim;obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. 11 Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛHome Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa. 12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,ama wiram mmoa awe. 13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna aɔhyee aduhwam maa Baal no ho;ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,tu dii nʼadɔfoɔ akyi,medeɛ ne werɛ firii me,”deɛ AWURADE seɛ nie. 14 “Enti merekɔdaadaa no;mede no bɛkɔ anweatam sona makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ. 15 Mɛsane de ne bobe mfuo ama no.Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no,anidasoɔ ɛkwan.Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu none ɛberɛ a ɔfirii Misraim no. 16 “Saa ɛda no,” sei na AWURADE seɛ,“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. 17 Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano;na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. 18 Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaane mmoa a wɔwea wɔ asase so.Tadua, mpea ne ɔko,mɛbra wɔ asase no sosɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu. 19 Mɛware wo afebɔɔ;mɛyi tenenee ne atɛntenenee,ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo. 20 Mɛware wo nokorɛ mu,ama woahunu AWURADE. 21 “Saa ɛda no, mɛgye wo so,”deɛ AWURADE seɛ nie.“Mɛgye ɔsoro so,na ɔsoro de osuo bɛgye asase so, 22 na asase nso bɛgye mfudeɛ so:bobe foforɔ ne ngo dua,na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’. 23 Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho;mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no.Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’,na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”
In Other Versions
Hosea 2 in the ANGEFD
Hosea 2 in the ANTPNG2D
Hosea 2 in the AS21
Hosea 2 in the BAGH
Hosea 2 in the BBPNG
Hosea 2 in the BBT1E
Hosea 2 in the BDS
Hosea 2 in the BEV
Hosea 2 in the BHAD
Hosea 2 in the BIB
Hosea 2 in the BLPT
Hosea 2 in the BNT
Hosea 2 in the BNTABOOT
Hosea 2 in the BNTLV
Hosea 2 in the BOATCB2
Hosea 2 in the BOBCV
Hosea 2 in the BOCNT
Hosea 2 in the BOECS
Hosea 2 in the BOGWICC
Hosea 2 in the BOHCB
Hosea 2 in the BOHCV
Hosea 2 in the BOHLNT
Hosea 2 in the BOHNTLTAL
Hosea 2 in the BOICB
Hosea 2 in the BOILNTAP
Hosea 2 in the BOITCV
Hosea 2 in the BOKCV
Hosea 2 in the BOKCV2
Hosea 2 in the BOKHWOG
Hosea 2 in the BOKSSV
Hosea 2 in the BOLCB
Hosea 2 in the BOLCB2
Hosea 2 in the BOMCV
Hosea 2 in the BONAV
Hosea 2 in the BONCB
Hosea 2 in the BONLT
Hosea 2 in the BONUT2
Hosea 2 in the BOPLNT
Hosea 2 in the BOSCB
Hosea 2 in the BOSNC
Hosea 2 in the BOTLNT
Hosea 2 in the BOVCB
Hosea 2 in the BOYCB
Hosea 2 in the BPBB
Hosea 2 in the BPH
Hosea 2 in the BSB
Hosea 2 in the CCB
Hosea 2 in the CUV
Hosea 2 in the CUVS
Hosea 2 in the DBT
Hosea 2 in the DGDNT
Hosea 2 in the DHNT
Hosea 2 in the DNT
Hosea 2 in the ELBE
Hosea 2 in the EMTV
Hosea 2 in the ESV
Hosea 2 in the FBV
Hosea 2 in the FEB
Hosea 2 in the GGMNT
Hosea 2 in the GNT
Hosea 2 in the HARY
Hosea 2 in the HNT
Hosea 2 in the IRVA
Hosea 2 in the IRVB
Hosea 2 in the IRVG
Hosea 2 in the IRVH
Hosea 2 in the IRVK
Hosea 2 in the IRVM
Hosea 2 in the IRVM2
Hosea 2 in the IRVO
Hosea 2 in the IRVP
Hosea 2 in the IRVT
Hosea 2 in the IRVT2
Hosea 2 in the IRVU
Hosea 2 in the ISVN
Hosea 2 in the JSNT
Hosea 2 in the KAPI
Hosea 2 in the KBT1ETNIK
Hosea 2 in the KBV
Hosea 2 in the KJV
Hosea 2 in the KNFD
Hosea 2 in the LBA
Hosea 2 in the LBLA
Hosea 2 in the LNT
Hosea 2 in the LSV
Hosea 2 in the MAAL
Hosea 2 in the MBV
Hosea 2 in the MBV2
Hosea 2 in the MHNT
Hosea 2 in the MKNFD
Hosea 2 in the MNG
Hosea 2 in the MNT
Hosea 2 in the MNT2
Hosea 2 in the MRS1T
Hosea 2 in the NAA
Hosea 2 in the NASB
Hosea 2 in the NBLA
Hosea 2 in the NBS
Hosea 2 in the NBVTP
Hosea 2 in the NET2
Hosea 2 in the NIV11
Hosea 2 in the NNT
Hosea 2 in the NNT2
Hosea 2 in the NNT3
Hosea 2 in the PDDPT
Hosea 2 in the PFNT
Hosea 2 in the RMNT
Hosea 2 in the SBIAS
Hosea 2 in the SBIBS
Hosea 2 in the SBIBS2
Hosea 2 in the SBICS
Hosea 2 in the SBIDS
Hosea 2 in the SBIGS
Hosea 2 in the SBIHS
Hosea 2 in the SBIIS
Hosea 2 in the SBIIS2
Hosea 2 in the SBIIS3
Hosea 2 in the SBIKS
Hosea 2 in the SBIKS2
Hosea 2 in the SBIMS
Hosea 2 in the SBIOS
Hosea 2 in the SBIPS
Hosea 2 in the SBISS
Hosea 2 in the SBITS
Hosea 2 in the SBITS2
Hosea 2 in the SBITS3
Hosea 2 in the SBITS4
Hosea 2 in the SBIUS
Hosea 2 in the SBIVS
Hosea 2 in the SBT
Hosea 2 in the SBT1E
Hosea 2 in the SCHL
Hosea 2 in the SNT
Hosea 2 in the SUSU
Hosea 2 in the SUSU2
Hosea 2 in the SYNO
Hosea 2 in the TBIAOTANT
Hosea 2 in the TBT1E
Hosea 2 in the TBT1E2
Hosea 2 in the TFTIP
Hosea 2 in the TFTU
Hosea 2 in the TGNTATF3T
Hosea 2 in the THAI
Hosea 2 in the TNFD
Hosea 2 in the TNT
Hosea 2 in the TNTIK
Hosea 2 in the TNTIL
Hosea 2 in the TNTIN
Hosea 2 in the TNTIP
Hosea 2 in the TNTIZ
Hosea 2 in the TOMA
Hosea 2 in the TTENT
Hosea 2 in the UBG
Hosea 2 in the UGV
Hosea 2 in the UGV2
Hosea 2 in the UGV3
Hosea 2 in the VBL
Hosea 2 in the VDCC
Hosea 2 in the YALU
Hosea 2 in the YAPE
Hosea 2 in the YBVTP
Hosea 2 in the ZBP