Isaiah 30 (BOATCB)

1 “Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,”sɛi na AWURADE seɛ,“Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma,na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu,na wɔboaboa bɔne ano; 2 wɔn a wɔkɔ Misraima wɔmmisa me ansa.Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn.Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea, 3 nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo.Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo. 4 Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soanna wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ, 5 nanso wɔn nyinaa anim bɛgu asennipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti.Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma,na mmom animguaseɛ ne ahohora.” 6 Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,deɛ agyata ne agyatabereɛ,ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ.Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumune wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so,de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so, 7 de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.Enti mefrɛ noRahab, deɛ Ɔnka Hwee. 8 Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔnkrukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ sosɛdeɛ nna a ɛreba no mu noɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 9 Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE nkyerɛkyerɛ. 10 Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,“Monnhunu mo ani so adeɛ bio!”ne adiyifoɔ no nso sɛ,“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,monhyɛ nnaadaa nkɔm. 11 Momfiri saa tempɔn yi so,mommane mfiri saa kwan yi hona monnyae Israel Kronkronnia mode no ha yɛn yi!” 12 Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,na mode mo ho ato nhyɛsoɔne nnaadaa so enti, 13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛɔfasuo tentene bi a ate kam na akyeana ɛbu mpofirim, ama mo. 14 Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.Ɛbɛyam pasaa aesini koraa renka awɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia muanaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.” 15 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE, Israel Kronkronni no seɛ:“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,nanso, morennya emu biara. 16 Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’Enti mobɛdwane!Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! 17 Apem bɛdwaneɔbaako ho hu nti;baanum ho hu entimo nyinaa bɛdwane akɔ,kɔsi sɛ wɔbɛgya mote sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” 18 Nanso, AWURADE pɛ sɛ ɔdom mo;ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.Ɛfiri sɛ AWURADE yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! 19 Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20 Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu AWURADE, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.” 22 Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.” 23 Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. 24 Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25 Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26 Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a AWURADE kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no. 27 Hwɛ! AWURADE firi akyirikyiri reba,ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn;abufuo ahyɛ nʼanom ma,na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma. 28 Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm,na ɛforo kɔdeda kɔn mu.Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so;ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwanhyehyɛ nnipa no nnyepi. 29 Na mobɛto dwomte sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no;mo akoma bɛdi ahurisiete sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn forokɔ AWURADE bepɔ no sokɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. 30 AWURADE bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresianena ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma,osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba. 31 AWURADE nne bɛdwerɛ Asiria;ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam. 32 AWURADE bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn noɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ. 33 Wɔasiesie Topet dadaada;wɔayɛ no krado ama ɔhene no.Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebreewɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; AWURADE ahome aɛte sɛ sɔfe asutene nobɛsɔ mu ogya.

In Other Versions

Isaiah 30 in the ANGEFD

Isaiah 30 in the ANTPNG2D

Isaiah 30 in the AS21

Isaiah 30 in the BAGH

Isaiah 30 in the BBPNG

Isaiah 30 in the BBT1E

Isaiah 30 in the BDS

Isaiah 30 in the BEV

Isaiah 30 in the BHAD

Isaiah 30 in the BIB

Isaiah 30 in the BLPT

Isaiah 30 in the BNT

Isaiah 30 in the BNTABOOT

Isaiah 30 in the BNTLV

Isaiah 30 in the BOATCB2

Isaiah 30 in the BOBCV

Isaiah 30 in the BOCNT

Isaiah 30 in the BOECS

Isaiah 30 in the BOGWICC

Isaiah 30 in the BOHCB

Isaiah 30 in the BOHCV

Isaiah 30 in the BOHLNT

Isaiah 30 in the BOHNTLTAL

Isaiah 30 in the BOICB

Isaiah 30 in the BOILNTAP

Isaiah 30 in the BOITCV

Isaiah 30 in the BOKCV

Isaiah 30 in the BOKCV2

Isaiah 30 in the BOKHWOG

Isaiah 30 in the BOKSSV

Isaiah 30 in the BOLCB

Isaiah 30 in the BOLCB2

Isaiah 30 in the BOMCV

Isaiah 30 in the BONAV

Isaiah 30 in the BONCB

Isaiah 30 in the BONLT

Isaiah 30 in the BONUT2

Isaiah 30 in the BOPLNT

Isaiah 30 in the BOSCB

Isaiah 30 in the BOSNC

Isaiah 30 in the BOTLNT

Isaiah 30 in the BOVCB

Isaiah 30 in the BOYCB

Isaiah 30 in the BPBB

Isaiah 30 in the BPH

Isaiah 30 in the BSB

Isaiah 30 in the CCB

Isaiah 30 in the CUV

Isaiah 30 in the CUVS

Isaiah 30 in the DBT

Isaiah 30 in the DGDNT

Isaiah 30 in the DHNT

Isaiah 30 in the DNT

Isaiah 30 in the ELBE

Isaiah 30 in the EMTV

Isaiah 30 in the ESV

Isaiah 30 in the FBV

Isaiah 30 in the FEB

Isaiah 30 in the GGMNT

Isaiah 30 in the GNT

Isaiah 30 in the HARY

Isaiah 30 in the HNT

Isaiah 30 in the IRVA

Isaiah 30 in the IRVB

Isaiah 30 in the IRVG

Isaiah 30 in the IRVH

Isaiah 30 in the IRVK

Isaiah 30 in the IRVM

Isaiah 30 in the IRVM2

Isaiah 30 in the IRVO

Isaiah 30 in the IRVP

Isaiah 30 in the IRVT

Isaiah 30 in the IRVT2

Isaiah 30 in the IRVU

Isaiah 30 in the ISVN

Isaiah 30 in the JSNT

Isaiah 30 in the KAPI

Isaiah 30 in the KBT1ETNIK

Isaiah 30 in the KBV

Isaiah 30 in the KJV

Isaiah 30 in the KNFD

Isaiah 30 in the LBA

Isaiah 30 in the LBLA

Isaiah 30 in the LNT

Isaiah 30 in the LSV

Isaiah 30 in the MAAL

Isaiah 30 in the MBV

Isaiah 30 in the MBV2

Isaiah 30 in the MHNT

Isaiah 30 in the MKNFD

Isaiah 30 in the MNG

Isaiah 30 in the MNT

Isaiah 30 in the MNT2

Isaiah 30 in the MRS1T

Isaiah 30 in the NAA

Isaiah 30 in the NASB

Isaiah 30 in the NBLA

Isaiah 30 in the NBS

Isaiah 30 in the NBVTP

Isaiah 30 in the NET2

Isaiah 30 in the NIV11

Isaiah 30 in the NNT

Isaiah 30 in the NNT2

Isaiah 30 in the NNT3

Isaiah 30 in the PDDPT

Isaiah 30 in the PFNT

Isaiah 30 in the RMNT

Isaiah 30 in the SBIAS

Isaiah 30 in the SBIBS

Isaiah 30 in the SBIBS2

Isaiah 30 in the SBICS

Isaiah 30 in the SBIDS

Isaiah 30 in the SBIGS

Isaiah 30 in the SBIHS

Isaiah 30 in the SBIIS

Isaiah 30 in the SBIIS2

Isaiah 30 in the SBIIS3

Isaiah 30 in the SBIKS

Isaiah 30 in the SBIKS2

Isaiah 30 in the SBIMS

Isaiah 30 in the SBIOS

Isaiah 30 in the SBIPS

Isaiah 30 in the SBISS

Isaiah 30 in the SBITS

Isaiah 30 in the SBITS2

Isaiah 30 in the SBITS3

Isaiah 30 in the SBITS4

Isaiah 30 in the SBIUS

Isaiah 30 in the SBIVS

Isaiah 30 in the SBT

Isaiah 30 in the SBT1E

Isaiah 30 in the SCHL

Isaiah 30 in the SNT

Isaiah 30 in the SUSU

Isaiah 30 in the SUSU2

Isaiah 30 in the SYNO

Isaiah 30 in the TBIAOTANT

Isaiah 30 in the TBT1E

Isaiah 30 in the TBT1E2

Isaiah 30 in the TFTIP

Isaiah 30 in the TFTU

Isaiah 30 in the TGNTATF3T

Isaiah 30 in the THAI

Isaiah 30 in the TNFD

Isaiah 30 in the TNT

Isaiah 30 in the TNTIK

Isaiah 30 in the TNTIL

Isaiah 30 in the TNTIN

Isaiah 30 in the TNTIP

Isaiah 30 in the TNTIZ

Isaiah 30 in the TOMA

Isaiah 30 in the TTENT

Isaiah 30 in the UBG

Isaiah 30 in the UGV

Isaiah 30 in the UGV2

Isaiah 30 in the UGV3

Isaiah 30 in the VBL

Isaiah 30 in the VDCC

Isaiah 30 in the YALU

Isaiah 30 in the YAPE

Isaiah 30 in the YBVTP

Isaiah 30 in the ZBP