Isaiah 45 (BOATCB)

1 “Yei ne deɛ AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no ngo,Kores a wasɔ ne nsa nifa musɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanimna ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsamna ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanimsɛdeɛ kuro apono no mu rentoto. 2 Mɛdi wʼanimmɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono aguna matwitwa dadeɛ adaban mu. 3 Mede esum mu ademudeɛ bɛma woahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoamsɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene AWURADE,Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ. 4 Me ɔsomfoɔ Yakob enti,Israel a mapa no enti,mebɔ wo din frɛ wona mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ. 5 Mene AWURADE, obiara nni hɔ bio;Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ,nanso mɛhyɛ wo den, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia puekɔsi beaeɛ a ɛtɔ nonnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho.Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. 7 Meyɛ hann, na mebɔ esum.Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba;Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa. 8 “Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam;momma ɛmfiri omununkum mu ntɔmomma asase mu mmue kɛseɛ,na nkwagyeɛ mpue mfiri mu,na tenenee ne no nnyini;Me, AWURADE na mayɛ. 9 “Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ hamƐnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu.Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ,‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ,‘Wonni nsa’? 10 Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ‘Adɛn enti na wowoo me?’Anaa ɔbisa ne maame sɛ,‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’ 11 “Sei na AWURADE seɛ,Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ;ɛfa nneɛma a ɛreba ho no.Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asasena mebɔɔ adasamma guu so.Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. 13 Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu;mɛtenetene nʼakwan nyinaa.Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔnna wagyaa mʼatukɔfoɔ,nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,Asafo AWURADE na ɔseɛ.” 14 Sei na AWURADE seɛ:“Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,ne Sebafoɔ atentene no,wɔbɛba wo nkyɛnabɛyɛ wo dea;wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba awɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.Wɔbɛbu nkotodwe wʼanimna wɔasrɛ wo aka sɛ,‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ;onyame biara nni hɔ.’ ” 15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. 16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu. 17 Nanso, AWURADE bɛgye Israel nkwa,ɔde daapem nkwagyeɛ;Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase biokɔsi daapem. 18 Na sei na AWURADE seɛ,deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro noɔno ne Onyankopɔn;deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no,ɔno na ɔtoo ne fapem;wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa,mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so,ɔka sɛ:“Me ne AWURADE,na obi nni hɔ. 19 Menkasaa wɔ kɔkoam,mfiri asase so baabi a aduru sum;manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ,‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’Me AWURADE, meka nokorɛ no;meka deɛ ɛyɛ. 20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra;monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so,mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini,mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ. 21 Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwana wɔn mmɔ mu ntu agyina.Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?Ɛnyɛ me AWURADE anaa?Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;obiara nni hɔ sɛ me. 22 “Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa,mo a mowɔ asase ano nyinaa;ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. 23 Maka me ho ntam,mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu,asɛm a wɔntwe nsane sɛ:obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim.Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn. 24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘AWURADE nko ara muna tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ”Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaabɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase. 25 Nanso AWURADE mu,wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem,na wɔahoahoa wɔn ho.

In Other Versions

Isaiah 45 in the ANGEFD

Isaiah 45 in the ANTPNG2D

Isaiah 45 in the AS21

Isaiah 45 in the BAGH

Isaiah 45 in the BBPNG

Isaiah 45 in the BBT1E

Isaiah 45 in the BDS

Isaiah 45 in the BEV

Isaiah 45 in the BHAD

Isaiah 45 in the BIB

Isaiah 45 in the BLPT

Isaiah 45 in the BNT

Isaiah 45 in the BNTABOOT

Isaiah 45 in the BNTLV

Isaiah 45 in the BOATCB2

Isaiah 45 in the BOBCV

Isaiah 45 in the BOCNT

Isaiah 45 in the BOECS

Isaiah 45 in the BOGWICC

Isaiah 45 in the BOHCB

Isaiah 45 in the BOHCV

Isaiah 45 in the BOHLNT

Isaiah 45 in the BOHNTLTAL

Isaiah 45 in the BOICB

Isaiah 45 in the BOILNTAP

Isaiah 45 in the BOITCV

Isaiah 45 in the BOKCV

Isaiah 45 in the BOKCV2

Isaiah 45 in the BOKHWOG

Isaiah 45 in the BOKSSV

Isaiah 45 in the BOLCB

Isaiah 45 in the BOLCB2

Isaiah 45 in the BOMCV

Isaiah 45 in the BONAV

Isaiah 45 in the BONCB

Isaiah 45 in the BONLT

Isaiah 45 in the BONUT2

Isaiah 45 in the BOPLNT

Isaiah 45 in the BOSCB

Isaiah 45 in the BOSNC

Isaiah 45 in the BOTLNT

Isaiah 45 in the BOVCB

Isaiah 45 in the BOYCB

Isaiah 45 in the BPBB

Isaiah 45 in the BPH

Isaiah 45 in the BSB

Isaiah 45 in the CCB

Isaiah 45 in the CUV

Isaiah 45 in the CUVS

Isaiah 45 in the DBT

Isaiah 45 in the DGDNT

Isaiah 45 in the DHNT

Isaiah 45 in the DNT

Isaiah 45 in the ELBE

Isaiah 45 in the EMTV

Isaiah 45 in the ESV

Isaiah 45 in the FBV

Isaiah 45 in the FEB

Isaiah 45 in the GGMNT

Isaiah 45 in the GNT

Isaiah 45 in the HARY

Isaiah 45 in the HNT

Isaiah 45 in the IRVA

Isaiah 45 in the IRVB

Isaiah 45 in the IRVG

Isaiah 45 in the IRVH

Isaiah 45 in the IRVK

Isaiah 45 in the IRVM

Isaiah 45 in the IRVM2

Isaiah 45 in the IRVO

Isaiah 45 in the IRVP

Isaiah 45 in the IRVT

Isaiah 45 in the IRVT2

Isaiah 45 in the IRVU

Isaiah 45 in the ISVN

Isaiah 45 in the JSNT

Isaiah 45 in the KAPI

Isaiah 45 in the KBT1ETNIK

Isaiah 45 in the KBV

Isaiah 45 in the KJV

Isaiah 45 in the KNFD

Isaiah 45 in the LBA

Isaiah 45 in the LBLA

Isaiah 45 in the LNT

Isaiah 45 in the LSV

Isaiah 45 in the MAAL

Isaiah 45 in the MBV

Isaiah 45 in the MBV2

Isaiah 45 in the MHNT

Isaiah 45 in the MKNFD

Isaiah 45 in the MNG

Isaiah 45 in the MNT

Isaiah 45 in the MNT2

Isaiah 45 in the MRS1T

Isaiah 45 in the NAA

Isaiah 45 in the NASB

Isaiah 45 in the NBLA

Isaiah 45 in the NBS

Isaiah 45 in the NBVTP

Isaiah 45 in the NET2

Isaiah 45 in the NIV11

Isaiah 45 in the NNT

Isaiah 45 in the NNT2

Isaiah 45 in the NNT3

Isaiah 45 in the PDDPT

Isaiah 45 in the PFNT

Isaiah 45 in the RMNT

Isaiah 45 in the SBIAS

Isaiah 45 in the SBIBS

Isaiah 45 in the SBIBS2

Isaiah 45 in the SBICS

Isaiah 45 in the SBIDS

Isaiah 45 in the SBIGS

Isaiah 45 in the SBIHS

Isaiah 45 in the SBIIS

Isaiah 45 in the SBIIS2

Isaiah 45 in the SBIIS3

Isaiah 45 in the SBIKS

Isaiah 45 in the SBIKS2

Isaiah 45 in the SBIMS

Isaiah 45 in the SBIOS

Isaiah 45 in the SBIPS

Isaiah 45 in the SBISS

Isaiah 45 in the SBITS

Isaiah 45 in the SBITS2

Isaiah 45 in the SBITS3

Isaiah 45 in the SBITS4

Isaiah 45 in the SBIUS

Isaiah 45 in the SBIVS

Isaiah 45 in the SBT

Isaiah 45 in the SBT1E

Isaiah 45 in the SCHL

Isaiah 45 in the SNT

Isaiah 45 in the SUSU

Isaiah 45 in the SUSU2

Isaiah 45 in the SYNO

Isaiah 45 in the TBIAOTANT

Isaiah 45 in the TBT1E

Isaiah 45 in the TBT1E2

Isaiah 45 in the TFTIP

Isaiah 45 in the TFTU

Isaiah 45 in the TGNTATF3T

Isaiah 45 in the THAI

Isaiah 45 in the TNFD

Isaiah 45 in the TNT

Isaiah 45 in the TNTIK

Isaiah 45 in the TNTIL

Isaiah 45 in the TNTIN

Isaiah 45 in the TNTIP

Isaiah 45 in the TNTIZ

Isaiah 45 in the TOMA

Isaiah 45 in the TTENT

Isaiah 45 in the UBG

Isaiah 45 in the UGV

Isaiah 45 in the UGV2

Isaiah 45 in the UGV3

Isaiah 45 in the VBL

Isaiah 45 in the VDCC

Isaiah 45 in the YALU

Isaiah 45 in the YAPE

Isaiah 45 in the YBVTP

Isaiah 45 in the ZBP