Isaiah 5 (BOATCB)
1 Mɛto dwom ama me dɔfoɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho:Na me dɔfo wɔ bobe turo biwɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani. 2 Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ,na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfinina ɔtuu nsakyimena nso.Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa,nanso ɛsoo aba bɔne. 3 “Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,mommu me ne me bobe turo ntam atɛn. 4 Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turoboro deɛ mayɛ yi so?Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ noadɛn enti na ɛsoo aba bɔne? 5 Afei, mɛkadeɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo:Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ,na wɔbɛsɛe no;mɛbubu ɛho fasuo,na wɔbɛtiatia so. 6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpana worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so.Mɛhyɛ omununkumna wantɔ nsuo angu so.” 7 Asafo AWURADE bobe turo noyɛ Israel fie,na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu;ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su. 8 Nnome nka mo a mode efie ka efie hona mogyegye mfuo bobɔ soɔkɔsi sɛ asase no bɛsana ɛka mo nko ara wɔ asase no so. 9 Asafo AWURADE apae mu aka ama mate:“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu. 10 Bobefuo kɛseɛ pa ara nonsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.Aba lita aduonu baako a wɔdua nowɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.” 11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahemakɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,wɔn a wɔsiri pɛkɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn. 12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase,akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,nanso wɔtwiri deɛ AWURADE ayɛ,na wɔmmu ne nsa ano adwuma. 13 Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitirena osukɔm bɛtware wɔn mu bebree. 14 Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛna ɔbue nʼanom bayaa;na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔwɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani. 15 Enti, wɔbɛbrɛ onipa asena wama adasamma aboto.Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, 16 nanso Asafo AWURADE atɛntenenee bɛpagya no,na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni. 17 Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so. 18 Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ. 19 Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,ɔnyɛ nʼadwuma ntɛmsɛdeɛ yɛbɛhunu.Ma ɛmmɛn,Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,sɛdeɛ yɛbɛhunu.” 20 Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papana papa nso sɛ bɔne,mo a mode esum si hann anan muna hann si esum anan mu,mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛne dɛɛdɛ sɛ nwononwono. 21 Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani sone anitefoɔ mo ankasa ani so. 22 Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mune ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu. 23 Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔna mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ. 24 Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛna ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no,saa ara na mo nhini bɛporɔ,na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo;ɛfiri sɛ moapo Asafo AWURADE mmarana moatwiri Israel Kronkronni no asɛm. 25 Enti AWURADE abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.Mmepɔ no woso,na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,na ne nsa da so wɔ soro. 26 Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.Wɔn na wɔreba no,ɔherɛ so ne ntɛm so! 27 Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,obiara ntɔ nko na ɔnna;abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene muna mpaboa ahoma biara nso rente. 28 Wɔn agyan ano yɛ nnam,na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa. 29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ,na wɔbobɔm sɛ gyata mma;wɔpɔso kyere wɔn hanamna wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. 30 Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne sosɛdeɛ ɛpo woro soɔ.Na sɛ obi hwɛ asase no a,ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;omununkum bɛma hann aduru sum.