Jeremiah 23 (BOATCB)

1 “Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” AWURADE na ɔseɛ. 2 Ɛno enti yei ne deɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ AWURADE seɛ nie. 3 “Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ. 4 Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” AWURADE na ɔseɛ. 5 “Nna bi reba,” AWURADE na ɔseɛ,“Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid,ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa muna wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so. 6 Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwana Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu.Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE Yɛn Tenenee. 7 Na afei nna bi reba,” AWURADE na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ AWURADE te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ 8 na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ AWURADE te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” 9 Ɛfa adiyifoɔ no ho no:Mʼakoma abubu wɔ me mu;me nnompe nyinaa woso.Mete sɛ ɔsabofoɔ,mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,ɛsiane AWURADEne ne nsɛm kronkron no enti. 10 Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;nnome no enti asase no awo weseeadidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne sode wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. 11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” AWURADE na ɔseɛ. 12 “Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;wɔbɛpam wɔn akɔ esum muna ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase.Mede amanehunu bɛba wɔn sowɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” AWURADE na ɔseɛ. 13 “Samaria adiyifoɔ mu nomehunuu saa atantanneɛ yi:Wɔde Baal hyɛɛ nkɔmnam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan. 14 Na Yerusalem adiyifoɔ mu nomahunu adeɛ a ɛyɛ hu:Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ.Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho.Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.” 15 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ fa adiyifoɔ no ho:“Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwonona wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu,ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti,abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.” 16 Yei ne deɛ Asafo AWURADE seɛ:“Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo;wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ.Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu,a ɛmfiri AWURADE anom. 17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ,‘AWURADE se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa,wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’ 18 Na wɔn mu hwan na waka AWURADE agyinatufoɔ hosɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm?Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm? 19 Hwɛ, AWURADE ahumbɛtu abufuhyeɛ mu,ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔamumuyɛfoɔ mpampam. 20 AWURADE abufuo rennwokɔsi sɛ ɔbɛwienʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.Nna a ɛreba no mu nomobɛte aseɛ yie. 21 Mansoma saa adiyifoɔ yi,nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini;manto wɔn nkra biara,nanso wɔahyɛ nkɔm. 22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a,anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔna ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔnene wɔn nneyɛɛ bɔne ho. 23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” AWURADE na ɔseɛ,“na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso? 24 Obi bɛtumi de ne ho asie baabi amerentumi nhunu no anaa?” AWURADE na ɔseɛ.“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” AWURADE na ɔseɛ. 25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’ 26 Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27 Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no. 28 Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” AWURADE na ɔseɛ. 29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” AWURADE na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa? 30 “Ɛno nti,” AWURADE na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no. 31 Aane,” AWURADE asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘AWURADE na ɔseɛ.’ 32 Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” AWURADE na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” AWURADE na ɔseɛ. 33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne AWURADE adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, AWURADE na ɔseɛ.’ 34 Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘AWURADE adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso. 35 Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘AWURADE mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na AWURADE aka?’ 36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘AWURADE adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo AWURADE yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu. 37 Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na AWURADE de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na AWURADE aka?’ 38 Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne AWURADE adiyisɛm’ nanso sei na AWURADE ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ AWURADE adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio. 39 Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so. 40 Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

In Other Versions

Jeremiah 23 in the ANGEFD

Jeremiah 23 in the ANTPNG2D

Jeremiah 23 in the AS21

Jeremiah 23 in the BAGH

Jeremiah 23 in the BBPNG

Jeremiah 23 in the BBT1E

Jeremiah 23 in the BDS

Jeremiah 23 in the BEV

Jeremiah 23 in the BHAD

Jeremiah 23 in the BIB

Jeremiah 23 in the BLPT

Jeremiah 23 in the BNT

Jeremiah 23 in the BNTABOOT

Jeremiah 23 in the BNTLV

Jeremiah 23 in the BOATCB2

Jeremiah 23 in the BOBCV

Jeremiah 23 in the BOCNT

Jeremiah 23 in the BOECS

Jeremiah 23 in the BOGWICC

Jeremiah 23 in the BOHCB

Jeremiah 23 in the BOHCV

Jeremiah 23 in the BOHLNT

Jeremiah 23 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 23 in the BOICB

Jeremiah 23 in the BOILNTAP

Jeremiah 23 in the BOITCV

Jeremiah 23 in the BOKCV

Jeremiah 23 in the BOKCV2

Jeremiah 23 in the BOKHWOG

Jeremiah 23 in the BOKSSV

Jeremiah 23 in the BOLCB

Jeremiah 23 in the BOLCB2

Jeremiah 23 in the BOMCV

Jeremiah 23 in the BONAV

Jeremiah 23 in the BONCB

Jeremiah 23 in the BONLT

Jeremiah 23 in the BONUT2

Jeremiah 23 in the BOPLNT

Jeremiah 23 in the BOSCB

Jeremiah 23 in the BOSNC

Jeremiah 23 in the BOTLNT

Jeremiah 23 in the BOVCB

Jeremiah 23 in the BOYCB

Jeremiah 23 in the BPBB

Jeremiah 23 in the BPH

Jeremiah 23 in the BSB

Jeremiah 23 in the CCB

Jeremiah 23 in the CUV

Jeremiah 23 in the CUVS

Jeremiah 23 in the DBT

Jeremiah 23 in the DGDNT

Jeremiah 23 in the DHNT

Jeremiah 23 in the DNT

Jeremiah 23 in the ELBE

Jeremiah 23 in the EMTV

Jeremiah 23 in the ESV

Jeremiah 23 in the FBV

Jeremiah 23 in the FEB

Jeremiah 23 in the GGMNT

Jeremiah 23 in the GNT

Jeremiah 23 in the HARY

Jeremiah 23 in the HNT

Jeremiah 23 in the IRVA

Jeremiah 23 in the IRVB

Jeremiah 23 in the IRVG

Jeremiah 23 in the IRVH

Jeremiah 23 in the IRVK

Jeremiah 23 in the IRVM

Jeremiah 23 in the IRVM2

Jeremiah 23 in the IRVO

Jeremiah 23 in the IRVP

Jeremiah 23 in the IRVT

Jeremiah 23 in the IRVT2

Jeremiah 23 in the IRVU

Jeremiah 23 in the ISVN

Jeremiah 23 in the JSNT

Jeremiah 23 in the KAPI

Jeremiah 23 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 23 in the KBV

Jeremiah 23 in the KJV

Jeremiah 23 in the KNFD

Jeremiah 23 in the LBA

Jeremiah 23 in the LBLA

Jeremiah 23 in the LNT

Jeremiah 23 in the LSV

Jeremiah 23 in the MAAL

Jeremiah 23 in the MBV

Jeremiah 23 in the MBV2

Jeremiah 23 in the MHNT

Jeremiah 23 in the MKNFD

Jeremiah 23 in the MNG

Jeremiah 23 in the MNT

Jeremiah 23 in the MNT2

Jeremiah 23 in the MRS1T

Jeremiah 23 in the NAA

Jeremiah 23 in the NASB

Jeremiah 23 in the NBLA

Jeremiah 23 in the NBS

Jeremiah 23 in the NBVTP

Jeremiah 23 in the NET2

Jeremiah 23 in the NIV11

Jeremiah 23 in the NNT

Jeremiah 23 in the NNT2

Jeremiah 23 in the NNT3

Jeremiah 23 in the PDDPT

Jeremiah 23 in the PFNT

Jeremiah 23 in the RMNT

Jeremiah 23 in the SBIAS

Jeremiah 23 in the SBIBS

Jeremiah 23 in the SBIBS2

Jeremiah 23 in the SBICS

Jeremiah 23 in the SBIDS

Jeremiah 23 in the SBIGS

Jeremiah 23 in the SBIHS

Jeremiah 23 in the SBIIS

Jeremiah 23 in the SBIIS2

Jeremiah 23 in the SBIIS3

Jeremiah 23 in the SBIKS

Jeremiah 23 in the SBIKS2

Jeremiah 23 in the SBIMS

Jeremiah 23 in the SBIOS

Jeremiah 23 in the SBIPS

Jeremiah 23 in the SBISS

Jeremiah 23 in the SBITS

Jeremiah 23 in the SBITS2

Jeremiah 23 in the SBITS3

Jeremiah 23 in the SBITS4

Jeremiah 23 in the SBIUS

Jeremiah 23 in the SBIVS

Jeremiah 23 in the SBT

Jeremiah 23 in the SBT1E

Jeremiah 23 in the SCHL

Jeremiah 23 in the SNT

Jeremiah 23 in the SUSU

Jeremiah 23 in the SUSU2

Jeremiah 23 in the SYNO

Jeremiah 23 in the TBIAOTANT

Jeremiah 23 in the TBT1E

Jeremiah 23 in the TBT1E2

Jeremiah 23 in the TFTIP

Jeremiah 23 in the TFTU

Jeremiah 23 in the TGNTATF3T

Jeremiah 23 in the THAI

Jeremiah 23 in the TNFD

Jeremiah 23 in the TNT

Jeremiah 23 in the TNTIK

Jeremiah 23 in the TNTIL

Jeremiah 23 in the TNTIN

Jeremiah 23 in the TNTIP

Jeremiah 23 in the TNTIZ

Jeremiah 23 in the TOMA

Jeremiah 23 in the TTENT

Jeremiah 23 in the UBG

Jeremiah 23 in the UGV

Jeremiah 23 in the UGV2

Jeremiah 23 in the UGV3

Jeremiah 23 in the VBL

Jeremiah 23 in the VDCC

Jeremiah 23 in the YALU

Jeremiah 23 in the YAPE

Jeremiah 23 in the YBVTP

Jeremiah 23 in the ZBP