Jeremiah 23 (BOATCB2)

1 “Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” AWURADE na ose. 2 Ɛno nti sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea AWURADE se ni. 3 “Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw. 4 Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” AWURADE na ose. 5 “Nna bi reba,” AWURADE na ose,“sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawidɔhene bi a obedi ade nyansa muna wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so. 6 Ne mmere so, wobegye Yuda nkwana Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu.Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE Yɛn Trenee. 7 Na afei nna bi reba,” AWURADE na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ AWURADE te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ 8 na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ AWURADE te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” 9 Nea ɛfa adiyifo no ho no:Me koma abubu wɔ me mu;me nnompe nyinaa wosow.Mete sɛ ɔsabowfo,mete sɛ obi a nsa abow no,esiane AWURADEne ne nsɛm kronkron no nti. 10 Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma;nnome no nti asase no awo wosee,adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew.Adiyifo no nam ɔkwan bɔne sode wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ. 11 “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn;mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,” AWURADE na ose. 12 “Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro;wɔbɛpam wɔn akɔ sum muna hɔ na wɔbɛhwehwe ase.Mede amanehunu bɛba wɔn sowɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” AWURADE na ose. 13 “Samaria adiyifo mu nomihuu saa atantanne yi:Wɔde Baal hyɛɛ nkɔmnam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan. 14 Na Yerusalem adiyifo mu nomahu ade a ɛyɛ hu:Wɔsɛe aware na wodi atoro.Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho.Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;na Yerusalemfo te sɛ Gomora.” 15 Ɛno nti sɛɛ na Asafo AWURADE, se fa adiyifo no ho:“Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwenna wɔanom nsu a awuduru wɔ mu,efisɛ Yerusalem adiyifo nti,bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.” 16 Sɛɛ na Asafo AWURADE se:“Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo;wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso.Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu,a emfi AWURADE anom. 17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se,‘AWURADE se: Mubenya asomdwoe.’Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa,wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’ 18 Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ AWURADE agyinatufo musɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm?Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm? 19 Hwɛ, AWURADE ahumbetu abufuwhyew mu,mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔamumɔyɛfo mpampam. 20 AWURADE abufuw rensankosi sɛ obewiene koma mu nhyehyɛe nyinaa.Nna a ɛreba no mu nomobɛte ase yiye. 21 Mansoma saa adiyifo yi,nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin;mamma wɔn nkra biara,nanso wɔahyɛ nkɔm. 22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a,anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfona ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔnene wɔn nneyɛe bɔne ho. 23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” AWURADE na ose,“na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso? 24 Obi betumi de ne ho asie baabi amerentumi nhu no ana?” AWURADE na ose.“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?” AWURADE na ose. 25 “Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’ 26 Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27 Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no. 28 Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” AWURADE na ose. 29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” AWURADE na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana? 30 “Ɛno nti,” AWURADE na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no. 31 Yiw,” AWURADE asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘AWURADE na ose.’ 32 Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” AWURADE na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” AWURADE na ose. 33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne AWURADE adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, AWURADE na ose.’ 34 Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘AWURADE adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso. 35 Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘AWURADE mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na AWURADE aka?’ 36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘AWURADE adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu. 37 Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na AWURADE de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na AWURADE aka?’ 38 Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne AWURADE adiyisɛm’ nanso sɛɛ na AWURADE ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ AWURADE adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio. 39 Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so. 40 Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

In Other Versions

Jeremiah 23 in the ANGEFD

Jeremiah 23 in the ANTPNG2D

Jeremiah 23 in the AS21

Jeremiah 23 in the BAGH

Jeremiah 23 in the BBPNG

Jeremiah 23 in the BBT1E

Jeremiah 23 in the BDS

Jeremiah 23 in the BEV

Jeremiah 23 in the BHAD

Jeremiah 23 in the BIB

Jeremiah 23 in the BLPT

Jeremiah 23 in the BNT

Jeremiah 23 in the BNTABOOT

Jeremiah 23 in the BNTLV

Jeremiah 23 in the BOATCB

Jeremiah 23 in the BOBCV

Jeremiah 23 in the BOCNT

Jeremiah 23 in the BOECS

Jeremiah 23 in the BOGWICC

Jeremiah 23 in the BOHCB

Jeremiah 23 in the BOHCV

Jeremiah 23 in the BOHLNT

Jeremiah 23 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 23 in the BOICB

Jeremiah 23 in the BOILNTAP

Jeremiah 23 in the BOITCV

Jeremiah 23 in the BOKCV

Jeremiah 23 in the BOKCV2

Jeremiah 23 in the BOKHWOG

Jeremiah 23 in the BOKSSV

Jeremiah 23 in the BOLCB

Jeremiah 23 in the BOLCB2

Jeremiah 23 in the BOMCV

Jeremiah 23 in the BONAV

Jeremiah 23 in the BONCB

Jeremiah 23 in the BONLT

Jeremiah 23 in the BONUT2

Jeremiah 23 in the BOPLNT

Jeremiah 23 in the BOSCB

Jeremiah 23 in the BOSNC

Jeremiah 23 in the BOTLNT

Jeremiah 23 in the BOVCB

Jeremiah 23 in the BOYCB

Jeremiah 23 in the BPBB

Jeremiah 23 in the BPH

Jeremiah 23 in the BSB

Jeremiah 23 in the CCB

Jeremiah 23 in the CUV

Jeremiah 23 in the CUVS

Jeremiah 23 in the DBT

Jeremiah 23 in the DGDNT

Jeremiah 23 in the DHNT

Jeremiah 23 in the DNT

Jeremiah 23 in the ELBE

Jeremiah 23 in the EMTV

Jeremiah 23 in the ESV

Jeremiah 23 in the FBV

Jeremiah 23 in the FEB

Jeremiah 23 in the GGMNT

Jeremiah 23 in the GNT

Jeremiah 23 in the HARY

Jeremiah 23 in the HNT

Jeremiah 23 in the IRVA

Jeremiah 23 in the IRVB

Jeremiah 23 in the IRVG

Jeremiah 23 in the IRVH

Jeremiah 23 in the IRVK

Jeremiah 23 in the IRVM

Jeremiah 23 in the IRVM2

Jeremiah 23 in the IRVO

Jeremiah 23 in the IRVP

Jeremiah 23 in the IRVT

Jeremiah 23 in the IRVT2

Jeremiah 23 in the IRVU

Jeremiah 23 in the ISVN

Jeremiah 23 in the JSNT

Jeremiah 23 in the KAPI

Jeremiah 23 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 23 in the KBV

Jeremiah 23 in the KJV

Jeremiah 23 in the KNFD

Jeremiah 23 in the LBA

Jeremiah 23 in the LBLA

Jeremiah 23 in the LNT

Jeremiah 23 in the LSV

Jeremiah 23 in the MAAL

Jeremiah 23 in the MBV

Jeremiah 23 in the MBV2

Jeremiah 23 in the MHNT

Jeremiah 23 in the MKNFD

Jeremiah 23 in the MNG

Jeremiah 23 in the MNT

Jeremiah 23 in the MNT2

Jeremiah 23 in the MRS1T

Jeremiah 23 in the NAA

Jeremiah 23 in the NASB

Jeremiah 23 in the NBLA

Jeremiah 23 in the NBS

Jeremiah 23 in the NBVTP

Jeremiah 23 in the NET2

Jeremiah 23 in the NIV11

Jeremiah 23 in the NNT

Jeremiah 23 in the NNT2

Jeremiah 23 in the NNT3

Jeremiah 23 in the PDDPT

Jeremiah 23 in the PFNT

Jeremiah 23 in the RMNT

Jeremiah 23 in the SBIAS

Jeremiah 23 in the SBIBS

Jeremiah 23 in the SBIBS2

Jeremiah 23 in the SBICS

Jeremiah 23 in the SBIDS

Jeremiah 23 in the SBIGS

Jeremiah 23 in the SBIHS

Jeremiah 23 in the SBIIS

Jeremiah 23 in the SBIIS2

Jeremiah 23 in the SBIIS3

Jeremiah 23 in the SBIKS

Jeremiah 23 in the SBIKS2

Jeremiah 23 in the SBIMS

Jeremiah 23 in the SBIOS

Jeremiah 23 in the SBIPS

Jeremiah 23 in the SBISS

Jeremiah 23 in the SBITS

Jeremiah 23 in the SBITS2

Jeremiah 23 in the SBITS3

Jeremiah 23 in the SBITS4

Jeremiah 23 in the SBIUS

Jeremiah 23 in the SBIVS

Jeremiah 23 in the SBT

Jeremiah 23 in the SBT1E

Jeremiah 23 in the SCHL

Jeremiah 23 in the SNT

Jeremiah 23 in the SUSU

Jeremiah 23 in the SUSU2

Jeremiah 23 in the SYNO

Jeremiah 23 in the TBIAOTANT

Jeremiah 23 in the TBT1E

Jeremiah 23 in the TBT1E2

Jeremiah 23 in the TFTIP

Jeremiah 23 in the TFTU

Jeremiah 23 in the TGNTATF3T

Jeremiah 23 in the THAI

Jeremiah 23 in the TNFD

Jeremiah 23 in the TNT

Jeremiah 23 in the TNTIK

Jeremiah 23 in the TNTIL

Jeremiah 23 in the TNTIN

Jeremiah 23 in the TNTIP

Jeremiah 23 in the TNTIZ

Jeremiah 23 in the TOMA

Jeremiah 23 in the TTENT

Jeremiah 23 in the UBG

Jeremiah 23 in the UGV

Jeremiah 23 in the UGV2

Jeremiah 23 in the UGV3

Jeremiah 23 in the VBL

Jeremiah 23 in the VDCC

Jeremiah 23 in the YALU

Jeremiah 23 in the YAPE

Jeremiah 23 in the YBVTP

Jeremiah 23 in the ZBP