Jeremiah 4 (BOATCB)
1 “Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,sane bra me nkyɛn,”sei na AWURADE seɛ.“Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani sona sɛ woammane bio, 2 na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee muwoka ntam sɛ, ‘Sɛ AWURADE te ase yi,’ aafei mobɛyɛ nhyira ama aman nona ne mu na wɔbɛnya animuonyam.” 3 Yei ne asɛm a AWURADE ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:“Monsiesie mo asase a wɔmfuntum dana monnnua wɔ nkasɛɛ mu. 4 Montwitwa mo ho twetia mma AWURADEmontwitwa mo akoma twetia,mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya.Mo bɔne a moayɛ enti,ɛbɛhye a obiara rennum.” 5 “Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ,‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’Team denden sɛ:‘Mommoaboa mo ho ano!Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’ 6 Momma frankaa so na monkɔ Sionmonnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.” 7 Gyata bi afiri ne tu mu;ɔbɔaman bi asi mu.Wafiri ne tenabeasɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.Wo nkuro bɛbubuna ada mpan. 8 Enti fira ayitoma,di awerɛhoɔ na twa adwo,ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ nonnane mfirii yɛn so. 9 “Saa ɛda no,” AWURADE na ɔseɛ,“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,asɔfoɔ no bo bɛtu,na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.” 10 Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ AWURADE, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.” 11 Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ; 12 mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.” 13 Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum,ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa,nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ.Yɛnnue! Yɛawu! 14 Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn? 15 Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so. 16 “Monka yei nkyerɛ aman no,mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ,‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn. 17 Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo,ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ”sei na AWURADE seɛ. 18 “Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛna ɛde yei aba wo so.Yei yɛ wʼasotwe.Ɛyɛ nwono!Ɛwowɔ akoma!” 19 Ao mʼahoyera, mʼahoyera!Mede ɔyea nukanuka me mu.Ao mʼakoma ɔyeadie!Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu,mentumi nyɛ komm.Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;mate ɔko frɛ no. 20 Amanehunu di amanehunu akyi;asase no nyinaa asɛe.Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ,ne me hintabea mpofirim. 21 Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa nona metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn? 22 “Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;wɔnnim me.Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;wɔnte hwee ase.Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.” 23 Mehwɛeɛ asase no,na ɛnni bɔbea na hwee nni so;mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ. 24 Mehwɛeɛ mmepɔ no,na wɔrewosowoso,na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. 25 Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ;ewiem anomaa biara atu kɔ. 26 Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatamna ne nkuro nyinaa asɛewɔ AWURADE anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. 27 Sei na AWURADE seɛ:“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa,mmom merensɛe no korakora. 28 Enti asase bɛdi awerɛhoɔna ɔsorosoro bɛduru sum,ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan.Masi gyinaeɛ na mennane no.” 29 Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛma kuro biara sofoɔ dwane.Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ muebinom foro kɔ abotan mu.Nkuro no nyinaa so ada mpan;na obiara nte so. 30 Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ?Adɛn na wofira kɔbende sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho?Adɛn na wode nnuro keka wʼani?Wohyehyɛ wo ho kwa.Wʼadɔfoɔ bu wo animtia;wɔrepɛ wo akum wo. 31 Mete osu bi te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,mete apinisie te sɛ ɔbaa a ɔrebɔne awoɔ,Ɔbabaa Sion su te sɛ deɛ nisupɔporɔ ahini no,ɔtrɛ ne nsa mu na ɔka sɛ,“Afei deɛ, meretɔ baha;wɔde me kra ama awudifoɔ.”
In Other Versions
Jeremiah 4 in the ANGEFD
Jeremiah 4 in the ANTPNG2D
Jeremiah 4 in the AS21
Jeremiah 4 in the BAGH
Jeremiah 4 in the BBPNG
Jeremiah 4 in the BBT1E
Jeremiah 4 in the BDS
Jeremiah 4 in the BEV
Jeremiah 4 in the BHAD
Jeremiah 4 in the BIB
Jeremiah 4 in the BLPT
Jeremiah 4 in the BNT
Jeremiah 4 in the BNTABOOT
Jeremiah 4 in the BNTLV
Jeremiah 4 in the BOATCB2
Jeremiah 4 in the BOBCV
Jeremiah 4 in the BOCNT
Jeremiah 4 in the BOECS
Jeremiah 4 in the BOGWICC
Jeremiah 4 in the BOHCB
Jeremiah 4 in the BOHCV
Jeremiah 4 in the BOHLNT
Jeremiah 4 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 4 in the BOICB
Jeremiah 4 in the BOILNTAP
Jeremiah 4 in the BOITCV
Jeremiah 4 in the BOKCV
Jeremiah 4 in the BOKCV2
Jeremiah 4 in the BOKHWOG
Jeremiah 4 in the BOKSSV
Jeremiah 4 in the BOLCB
Jeremiah 4 in the BOLCB2
Jeremiah 4 in the BOMCV
Jeremiah 4 in the BONAV
Jeremiah 4 in the BONCB
Jeremiah 4 in the BONLT
Jeremiah 4 in the BONUT2
Jeremiah 4 in the BOPLNT
Jeremiah 4 in the BOSCB
Jeremiah 4 in the BOSNC
Jeremiah 4 in the BOTLNT
Jeremiah 4 in the BOVCB
Jeremiah 4 in the BOYCB
Jeremiah 4 in the BPBB
Jeremiah 4 in the BPH
Jeremiah 4 in the BSB
Jeremiah 4 in the CCB
Jeremiah 4 in the CUV
Jeremiah 4 in the CUVS
Jeremiah 4 in the DBT
Jeremiah 4 in the DGDNT
Jeremiah 4 in the DHNT
Jeremiah 4 in the DNT
Jeremiah 4 in the ELBE
Jeremiah 4 in the EMTV
Jeremiah 4 in the ESV
Jeremiah 4 in the FBV
Jeremiah 4 in the FEB
Jeremiah 4 in the GGMNT
Jeremiah 4 in the GNT
Jeremiah 4 in the HARY
Jeremiah 4 in the HNT
Jeremiah 4 in the IRVA
Jeremiah 4 in the IRVB
Jeremiah 4 in the IRVG
Jeremiah 4 in the IRVH
Jeremiah 4 in the IRVK
Jeremiah 4 in the IRVM
Jeremiah 4 in the IRVM2
Jeremiah 4 in the IRVO
Jeremiah 4 in the IRVP
Jeremiah 4 in the IRVT
Jeremiah 4 in the IRVT2
Jeremiah 4 in the IRVU
Jeremiah 4 in the ISVN
Jeremiah 4 in the JSNT
Jeremiah 4 in the KAPI
Jeremiah 4 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 4 in the KBV
Jeremiah 4 in the KJV
Jeremiah 4 in the KNFD
Jeremiah 4 in the LBA
Jeremiah 4 in the LBLA
Jeremiah 4 in the LNT
Jeremiah 4 in the LSV
Jeremiah 4 in the MAAL
Jeremiah 4 in the MBV
Jeremiah 4 in the MBV2
Jeremiah 4 in the MHNT
Jeremiah 4 in the MKNFD
Jeremiah 4 in the MNG
Jeremiah 4 in the MNT
Jeremiah 4 in the MNT2
Jeremiah 4 in the MRS1T
Jeremiah 4 in the NAA
Jeremiah 4 in the NASB
Jeremiah 4 in the NBLA
Jeremiah 4 in the NBS
Jeremiah 4 in the NBVTP
Jeremiah 4 in the NET2
Jeremiah 4 in the NIV11
Jeremiah 4 in the NNT
Jeremiah 4 in the NNT2
Jeremiah 4 in the NNT3
Jeremiah 4 in the PDDPT
Jeremiah 4 in the PFNT
Jeremiah 4 in the RMNT
Jeremiah 4 in the SBIAS
Jeremiah 4 in the SBIBS
Jeremiah 4 in the SBIBS2
Jeremiah 4 in the SBICS
Jeremiah 4 in the SBIDS
Jeremiah 4 in the SBIGS
Jeremiah 4 in the SBIHS
Jeremiah 4 in the SBIIS
Jeremiah 4 in the SBIIS2
Jeremiah 4 in the SBIIS3
Jeremiah 4 in the SBIKS
Jeremiah 4 in the SBIKS2
Jeremiah 4 in the SBIMS
Jeremiah 4 in the SBIOS
Jeremiah 4 in the SBIPS
Jeremiah 4 in the SBISS
Jeremiah 4 in the SBITS
Jeremiah 4 in the SBITS2
Jeremiah 4 in the SBITS3
Jeremiah 4 in the SBITS4
Jeremiah 4 in the SBIUS
Jeremiah 4 in the SBIVS
Jeremiah 4 in the SBT
Jeremiah 4 in the SBT1E
Jeremiah 4 in the SCHL
Jeremiah 4 in the SNT
Jeremiah 4 in the SUSU
Jeremiah 4 in the SUSU2
Jeremiah 4 in the SYNO
Jeremiah 4 in the TBIAOTANT
Jeremiah 4 in the TBT1E
Jeremiah 4 in the TBT1E2
Jeremiah 4 in the TFTIP
Jeremiah 4 in the TFTU
Jeremiah 4 in the TGNTATF3T
Jeremiah 4 in the THAI
Jeremiah 4 in the TNFD
Jeremiah 4 in the TNT
Jeremiah 4 in the TNTIK
Jeremiah 4 in the TNTIL
Jeremiah 4 in the TNTIN
Jeremiah 4 in the TNTIP
Jeremiah 4 in the TNTIZ
Jeremiah 4 in the TOMA
Jeremiah 4 in the TTENT
Jeremiah 4 in the UBG
Jeremiah 4 in the UGV
Jeremiah 4 in the UGV2
Jeremiah 4 in the UGV3
Jeremiah 4 in the VBL
Jeremiah 4 in the VDCC
Jeremiah 4 in the YALU
Jeremiah 4 in the YAPE
Jeremiah 4 in the YBVTP
Jeremiah 4 in the ZBP