Matthew 10 (BOATCB)

1 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. 2 Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea;Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no, 3 Filipo ne Bartolomeo,Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo,Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo, 4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no. 5 Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu, 6 na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7 Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’ 8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa. 9 “Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10 Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi. 11 Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ. 12 Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ 13 Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn. 14 Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ. 15 Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no. 16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma. 17 Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18 Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no. 19 Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu. 20 Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa. 21 “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 22 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. 23 Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba. 24 “Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura. 25 Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo! 26 “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi. 27 Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. 28 Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. 29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi. 30 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31 Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma. 32 “Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33 Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 34 “Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ. 35 Maba sɛ mɛma “ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa. 36 Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’ 37 “Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no. 38 Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ. 39 Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka. 40 “Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41 Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee. 42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

In Other Versions

Matthew 10 in the ANGEFD

Matthew 10 in the ANTPNG2D

Matthew 10 in the AS21

Matthew 10 in the BAGH

Matthew 10 in the BBPNG

Matthew 10 in the BBT1E

Matthew 10 in the BDS

Matthew 10 in the BEV

Matthew 10 in the BHAD

Matthew 10 in the BIB

Matthew 10 in the BLPT

Matthew 10 in the BNT

Matthew 10 in the BNTABOOT

Matthew 10 in the BNTLV

Matthew 10 in the BOATCB2

Matthew 10 in the BOBCV

Matthew 10 in the BOCNT

Matthew 10 in the BOECS

Matthew 10 in the BOGWICC

Matthew 10 in the BOHCB

Matthew 10 in the BOHCV

Matthew 10 in the BOHLNT

Matthew 10 in the BOHNTLTAL

Matthew 10 in the BOICB

Matthew 10 in the BOILNTAP

Matthew 10 in the BOITCV

Matthew 10 in the BOKCV

Matthew 10 in the BOKCV2

Matthew 10 in the BOKHWOG

Matthew 10 in the BOKSSV

Matthew 10 in the BOLCB

Matthew 10 in the BOLCB2

Matthew 10 in the BOMCV

Matthew 10 in the BONAV

Matthew 10 in the BONCB

Matthew 10 in the BONLT

Matthew 10 in the BONUT2

Matthew 10 in the BOPLNT

Matthew 10 in the BOSCB

Matthew 10 in the BOSNC

Matthew 10 in the BOTLNT

Matthew 10 in the BOVCB

Matthew 10 in the BOYCB

Matthew 10 in the BPBB

Matthew 10 in the BPH

Matthew 10 in the BSB

Matthew 10 in the CCB

Matthew 10 in the CUV

Matthew 10 in the CUVS

Matthew 10 in the DBT

Matthew 10 in the DGDNT

Matthew 10 in the DHNT

Matthew 10 in the DNT

Matthew 10 in the ELBE

Matthew 10 in the EMTV

Matthew 10 in the ESV

Matthew 10 in the FBV

Matthew 10 in the FEB

Matthew 10 in the GGMNT

Matthew 10 in the GNT

Matthew 10 in the HARY

Matthew 10 in the HNT

Matthew 10 in the IRVA

Matthew 10 in the IRVB

Matthew 10 in the IRVG

Matthew 10 in the IRVH

Matthew 10 in the IRVK

Matthew 10 in the IRVM

Matthew 10 in the IRVM2

Matthew 10 in the IRVO

Matthew 10 in the IRVP

Matthew 10 in the IRVT

Matthew 10 in the IRVT2

Matthew 10 in the IRVU

Matthew 10 in the ISVN

Matthew 10 in the JSNT

Matthew 10 in the KAPI

Matthew 10 in the KBT1ETNIK

Matthew 10 in the KBV

Matthew 10 in the KJV

Matthew 10 in the KNFD

Matthew 10 in the LBA

Matthew 10 in the LBLA

Matthew 10 in the LNT

Matthew 10 in the LSV

Matthew 10 in the MAAL

Matthew 10 in the MBV

Matthew 10 in the MBV2

Matthew 10 in the MHNT

Matthew 10 in the MKNFD

Matthew 10 in the MNG

Matthew 10 in the MNT

Matthew 10 in the MNT2

Matthew 10 in the MRS1T

Matthew 10 in the NAA

Matthew 10 in the NASB

Matthew 10 in the NBLA

Matthew 10 in the NBS

Matthew 10 in the NBVTP

Matthew 10 in the NET2

Matthew 10 in the NIV11

Matthew 10 in the NNT

Matthew 10 in the NNT2

Matthew 10 in the NNT3

Matthew 10 in the PDDPT

Matthew 10 in the PFNT

Matthew 10 in the RMNT

Matthew 10 in the SBIAS

Matthew 10 in the SBIBS

Matthew 10 in the SBIBS2

Matthew 10 in the SBICS

Matthew 10 in the SBIDS

Matthew 10 in the SBIGS

Matthew 10 in the SBIHS

Matthew 10 in the SBIIS

Matthew 10 in the SBIIS2

Matthew 10 in the SBIIS3

Matthew 10 in the SBIKS

Matthew 10 in the SBIKS2

Matthew 10 in the SBIMS

Matthew 10 in the SBIOS

Matthew 10 in the SBIPS

Matthew 10 in the SBISS

Matthew 10 in the SBITS

Matthew 10 in the SBITS2

Matthew 10 in the SBITS3

Matthew 10 in the SBITS4

Matthew 10 in the SBIUS

Matthew 10 in the SBIVS

Matthew 10 in the SBT

Matthew 10 in the SBT1E

Matthew 10 in the SCHL

Matthew 10 in the SNT

Matthew 10 in the SUSU

Matthew 10 in the SUSU2

Matthew 10 in the SYNO

Matthew 10 in the TBIAOTANT

Matthew 10 in the TBT1E

Matthew 10 in the TBT1E2

Matthew 10 in the TFTIP

Matthew 10 in the TFTU

Matthew 10 in the TGNTATF3T

Matthew 10 in the THAI

Matthew 10 in the TNFD

Matthew 10 in the TNT

Matthew 10 in the TNTIK

Matthew 10 in the TNTIL

Matthew 10 in the TNTIN

Matthew 10 in the TNTIP

Matthew 10 in the TNTIZ

Matthew 10 in the TOMA

Matthew 10 in the TTENT

Matthew 10 in the UBG

Matthew 10 in the UGV

Matthew 10 in the UGV2

Matthew 10 in the UGV3

Matthew 10 in the VBL

Matthew 10 in the VDCC

Matthew 10 in the YALU

Matthew 10 in the YAPE

Matthew 10 in the YBVTP

Matthew 10 in the ZBP