Matthew 10 (BOATCB2)

1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. 2 Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea;Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no, 3 Filipo ne Bartolomeo,Toma ne towgyefo Mateo,Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo, 4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no. 5 Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu, 6 na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7 Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’ 8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa. 9 “Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10 Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi. 11 Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo. 12 Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’ 13 Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe. 14 Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ. 15 Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no. 16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma. 17 Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18 Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no. 19 Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu. 20 Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa. 21 “Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn. 22 Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa. 23 Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba. 24 “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura. 25 Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo! 26 “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi. 27 Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. 28 Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. 29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi. 30 Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31 Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma. 32 “Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33 Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 34 “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae. 35 Maba sɛ mɛma, “ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea. 36 Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’ 37 “Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no. 38 Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de. 39 Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka. 40 “Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41 Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee. 42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

In Other Versions

Matthew 10 in the ANGEFD

Matthew 10 in the ANTPNG2D

Matthew 10 in the AS21

Matthew 10 in the BAGH

Matthew 10 in the BBPNG

Matthew 10 in the BBT1E

Matthew 10 in the BDS

Matthew 10 in the BEV

Matthew 10 in the BHAD

Matthew 10 in the BIB

Matthew 10 in the BLPT

Matthew 10 in the BNT

Matthew 10 in the BNTABOOT

Matthew 10 in the BNTLV

Matthew 10 in the BOATCB

Matthew 10 in the BOBCV

Matthew 10 in the BOCNT

Matthew 10 in the BOECS

Matthew 10 in the BOGWICC

Matthew 10 in the BOHCB

Matthew 10 in the BOHCV

Matthew 10 in the BOHLNT

Matthew 10 in the BOHNTLTAL

Matthew 10 in the BOICB

Matthew 10 in the BOILNTAP

Matthew 10 in the BOITCV

Matthew 10 in the BOKCV

Matthew 10 in the BOKCV2

Matthew 10 in the BOKHWOG

Matthew 10 in the BOKSSV

Matthew 10 in the BOLCB

Matthew 10 in the BOLCB2

Matthew 10 in the BOMCV

Matthew 10 in the BONAV

Matthew 10 in the BONCB

Matthew 10 in the BONLT

Matthew 10 in the BONUT2

Matthew 10 in the BOPLNT

Matthew 10 in the BOSCB

Matthew 10 in the BOSNC

Matthew 10 in the BOTLNT

Matthew 10 in the BOVCB

Matthew 10 in the BOYCB

Matthew 10 in the BPBB

Matthew 10 in the BPH

Matthew 10 in the BSB

Matthew 10 in the CCB

Matthew 10 in the CUV

Matthew 10 in the CUVS

Matthew 10 in the DBT

Matthew 10 in the DGDNT

Matthew 10 in the DHNT

Matthew 10 in the DNT

Matthew 10 in the ELBE

Matthew 10 in the EMTV

Matthew 10 in the ESV

Matthew 10 in the FBV

Matthew 10 in the FEB

Matthew 10 in the GGMNT

Matthew 10 in the GNT

Matthew 10 in the HARY

Matthew 10 in the HNT

Matthew 10 in the IRVA

Matthew 10 in the IRVB

Matthew 10 in the IRVG

Matthew 10 in the IRVH

Matthew 10 in the IRVK

Matthew 10 in the IRVM

Matthew 10 in the IRVM2

Matthew 10 in the IRVO

Matthew 10 in the IRVP

Matthew 10 in the IRVT

Matthew 10 in the IRVT2

Matthew 10 in the IRVU

Matthew 10 in the ISVN

Matthew 10 in the JSNT

Matthew 10 in the KAPI

Matthew 10 in the KBT1ETNIK

Matthew 10 in the KBV

Matthew 10 in the KJV

Matthew 10 in the KNFD

Matthew 10 in the LBA

Matthew 10 in the LBLA

Matthew 10 in the LNT

Matthew 10 in the LSV

Matthew 10 in the MAAL

Matthew 10 in the MBV

Matthew 10 in the MBV2

Matthew 10 in the MHNT

Matthew 10 in the MKNFD

Matthew 10 in the MNG

Matthew 10 in the MNT

Matthew 10 in the MNT2

Matthew 10 in the MRS1T

Matthew 10 in the NAA

Matthew 10 in the NASB

Matthew 10 in the NBLA

Matthew 10 in the NBS

Matthew 10 in the NBVTP

Matthew 10 in the NET2

Matthew 10 in the NIV11

Matthew 10 in the NNT

Matthew 10 in the NNT2

Matthew 10 in the NNT3

Matthew 10 in the PDDPT

Matthew 10 in the PFNT

Matthew 10 in the RMNT

Matthew 10 in the SBIAS

Matthew 10 in the SBIBS

Matthew 10 in the SBIBS2

Matthew 10 in the SBICS

Matthew 10 in the SBIDS

Matthew 10 in the SBIGS

Matthew 10 in the SBIHS

Matthew 10 in the SBIIS

Matthew 10 in the SBIIS2

Matthew 10 in the SBIIS3

Matthew 10 in the SBIKS

Matthew 10 in the SBIKS2

Matthew 10 in the SBIMS

Matthew 10 in the SBIOS

Matthew 10 in the SBIPS

Matthew 10 in the SBISS

Matthew 10 in the SBITS

Matthew 10 in the SBITS2

Matthew 10 in the SBITS3

Matthew 10 in the SBITS4

Matthew 10 in the SBIUS

Matthew 10 in the SBIVS

Matthew 10 in the SBT

Matthew 10 in the SBT1E

Matthew 10 in the SCHL

Matthew 10 in the SNT

Matthew 10 in the SUSU

Matthew 10 in the SUSU2

Matthew 10 in the SYNO

Matthew 10 in the TBIAOTANT

Matthew 10 in the TBT1E

Matthew 10 in the TBT1E2

Matthew 10 in the TFTIP

Matthew 10 in the TFTU

Matthew 10 in the TGNTATF3T

Matthew 10 in the THAI

Matthew 10 in the TNFD

Matthew 10 in the TNT

Matthew 10 in the TNTIK

Matthew 10 in the TNTIL

Matthew 10 in the TNTIN

Matthew 10 in the TNTIP

Matthew 10 in the TNTIZ

Matthew 10 in the TOMA

Matthew 10 in the TTENT

Matthew 10 in the UBG

Matthew 10 in the UGV

Matthew 10 in the UGV2

Matthew 10 in the UGV3

Matthew 10 in the VBL

Matthew 10 in the VDCC

Matthew 10 in the YALU

Matthew 10 in the YAPE

Matthew 10 in the YBVTP

Matthew 10 in the ZBP