Matthew 14 (BOATCB)

1 Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka. 2 Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.” 3 Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no 4 sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. 5 Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ. 6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ. 7 Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. 8 Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.” 9 Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no. 10 Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 12 Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. 13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ. 15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.” 16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!” 17 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.” 18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 21 Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho. 22 Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. 23 Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 24 Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no. 25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. 26 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam. 27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!” 28 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.” 29 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!”Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!” 31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?” 32 Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33 Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!” 34 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret. 35 Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36 Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.

In Other Versions

Matthew 14 in the ANGEFD

Matthew 14 in the ANTPNG2D

Matthew 14 in the AS21

Matthew 14 in the BAGH

Matthew 14 in the BBPNG

Matthew 14 in the BBT1E

Matthew 14 in the BDS

Matthew 14 in the BEV

Matthew 14 in the BHAD

Matthew 14 in the BIB

Matthew 14 in the BLPT

Matthew 14 in the BNT

Matthew 14 in the BNTABOOT

Matthew 14 in the BNTLV

Matthew 14 in the BOATCB2

Matthew 14 in the BOBCV

Matthew 14 in the BOCNT

Matthew 14 in the BOECS

Matthew 14 in the BOGWICC

Matthew 14 in the BOHCB

Matthew 14 in the BOHCV

Matthew 14 in the BOHLNT

Matthew 14 in the BOHNTLTAL

Matthew 14 in the BOICB

Matthew 14 in the BOILNTAP

Matthew 14 in the BOITCV

Matthew 14 in the BOKCV

Matthew 14 in the BOKCV2

Matthew 14 in the BOKHWOG

Matthew 14 in the BOKSSV

Matthew 14 in the BOLCB

Matthew 14 in the BOLCB2

Matthew 14 in the BOMCV

Matthew 14 in the BONAV

Matthew 14 in the BONCB

Matthew 14 in the BONLT

Matthew 14 in the BONUT2

Matthew 14 in the BOPLNT

Matthew 14 in the BOSCB

Matthew 14 in the BOSNC

Matthew 14 in the BOTLNT

Matthew 14 in the BOVCB

Matthew 14 in the BOYCB

Matthew 14 in the BPBB

Matthew 14 in the BPH

Matthew 14 in the BSB

Matthew 14 in the CCB

Matthew 14 in the CUV

Matthew 14 in the CUVS

Matthew 14 in the DBT

Matthew 14 in the DGDNT

Matthew 14 in the DHNT

Matthew 14 in the DNT

Matthew 14 in the ELBE

Matthew 14 in the EMTV

Matthew 14 in the ESV

Matthew 14 in the FBV

Matthew 14 in the FEB

Matthew 14 in the GGMNT

Matthew 14 in the GNT

Matthew 14 in the HARY

Matthew 14 in the HNT

Matthew 14 in the IRVA

Matthew 14 in the IRVB

Matthew 14 in the IRVG

Matthew 14 in the IRVH

Matthew 14 in the IRVK

Matthew 14 in the IRVM

Matthew 14 in the IRVM2

Matthew 14 in the IRVO

Matthew 14 in the IRVP

Matthew 14 in the IRVT

Matthew 14 in the IRVT2

Matthew 14 in the IRVU

Matthew 14 in the ISVN

Matthew 14 in the JSNT

Matthew 14 in the KAPI

Matthew 14 in the KBT1ETNIK

Matthew 14 in the KBV

Matthew 14 in the KJV

Matthew 14 in the KNFD

Matthew 14 in the LBA

Matthew 14 in the LBLA

Matthew 14 in the LNT

Matthew 14 in the LSV

Matthew 14 in the MAAL

Matthew 14 in the MBV

Matthew 14 in the MBV2

Matthew 14 in the MHNT

Matthew 14 in the MKNFD

Matthew 14 in the MNG

Matthew 14 in the MNT

Matthew 14 in the MNT2

Matthew 14 in the MRS1T

Matthew 14 in the NAA

Matthew 14 in the NASB

Matthew 14 in the NBLA

Matthew 14 in the NBS

Matthew 14 in the NBVTP

Matthew 14 in the NET2

Matthew 14 in the NIV11

Matthew 14 in the NNT

Matthew 14 in the NNT2

Matthew 14 in the NNT3

Matthew 14 in the PDDPT

Matthew 14 in the PFNT

Matthew 14 in the RMNT

Matthew 14 in the SBIAS

Matthew 14 in the SBIBS

Matthew 14 in the SBIBS2

Matthew 14 in the SBICS

Matthew 14 in the SBIDS

Matthew 14 in the SBIGS

Matthew 14 in the SBIHS

Matthew 14 in the SBIIS

Matthew 14 in the SBIIS2

Matthew 14 in the SBIIS3

Matthew 14 in the SBIKS

Matthew 14 in the SBIKS2

Matthew 14 in the SBIMS

Matthew 14 in the SBIOS

Matthew 14 in the SBIPS

Matthew 14 in the SBISS

Matthew 14 in the SBITS

Matthew 14 in the SBITS2

Matthew 14 in the SBITS3

Matthew 14 in the SBITS4

Matthew 14 in the SBIUS

Matthew 14 in the SBIVS

Matthew 14 in the SBT

Matthew 14 in the SBT1E

Matthew 14 in the SCHL

Matthew 14 in the SNT

Matthew 14 in the SUSU

Matthew 14 in the SUSU2

Matthew 14 in the SYNO

Matthew 14 in the TBIAOTANT

Matthew 14 in the TBT1E

Matthew 14 in the TBT1E2

Matthew 14 in the TFTIP

Matthew 14 in the TFTU

Matthew 14 in the TGNTATF3T

Matthew 14 in the THAI

Matthew 14 in the TNFD

Matthew 14 in the TNT

Matthew 14 in the TNTIK

Matthew 14 in the TNTIL

Matthew 14 in the TNTIN

Matthew 14 in the TNTIP

Matthew 14 in the TNTIZ

Matthew 14 in the TOMA

Matthew 14 in the TTENT

Matthew 14 in the UBG

Matthew 14 in the UGV

Matthew 14 in the UGV2

Matthew 14 in the UGV3

Matthew 14 in the VBL

Matthew 14 in the VDCC

Matthew 14 in the YALU

Matthew 14 in the YAPE

Matthew 14 in the YBVTP

Matthew 14 in the ZBP