Matthew 14 (BOATCB2)

1 Bere no mu ara na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka, 2 na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.” 3 Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no 4 sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. 5 Herode pɛɛ sɛ okum Yohane. Nanso na osuro sɛ, sɛ okum no a basabasayɛ bɛba ɔman no mu. Efisɛ na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo. 6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ. 7 Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. 8 Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.” 9 Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no. 10 Herode soma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 12 Yohane asuafo no bɛfaa nʼamu no kosiee no. Eyi akyi no wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. 13 Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ. 14 Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare. 15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ nkurow no bi so.” 16 Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!” 17 Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.” 18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. 21 Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho. 22 Nnipadɔm no didi wiee pɛ na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. 23 Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ. 24 Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no. 25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu. 27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!” 28 Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.” 29 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!”Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!” 31 Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?” 32 Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33 Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!” 34 Wotwaa asu no baa Genesaret. 35 Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no. 36 Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

In Other Versions

Matthew 14 in the ANGEFD

Matthew 14 in the ANTPNG2D

Matthew 14 in the AS21

Matthew 14 in the BAGH

Matthew 14 in the BBPNG

Matthew 14 in the BBT1E

Matthew 14 in the BDS

Matthew 14 in the BEV

Matthew 14 in the BHAD

Matthew 14 in the BIB

Matthew 14 in the BLPT

Matthew 14 in the BNT

Matthew 14 in the BNTABOOT

Matthew 14 in the BNTLV

Matthew 14 in the BOATCB

Matthew 14 in the BOBCV

Matthew 14 in the BOCNT

Matthew 14 in the BOECS

Matthew 14 in the BOGWICC

Matthew 14 in the BOHCB

Matthew 14 in the BOHCV

Matthew 14 in the BOHLNT

Matthew 14 in the BOHNTLTAL

Matthew 14 in the BOICB

Matthew 14 in the BOILNTAP

Matthew 14 in the BOITCV

Matthew 14 in the BOKCV

Matthew 14 in the BOKCV2

Matthew 14 in the BOKHWOG

Matthew 14 in the BOKSSV

Matthew 14 in the BOLCB

Matthew 14 in the BOLCB2

Matthew 14 in the BOMCV

Matthew 14 in the BONAV

Matthew 14 in the BONCB

Matthew 14 in the BONLT

Matthew 14 in the BONUT2

Matthew 14 in the BOPLNT

Matthew 14 in the BOSCB

Matthew 14 in the BOSNC

Matthew 14 in the BOTLNT

Matthew 14 in the BOVCB

Matthew 14 in the BOYCB

Matthew 14 in the BPBB

Matthew 14 in the BPH

Matthew 14 in the BSB

Matthew 14 in the CCB

Matthew 14 in the CUV

Matthew 14 in the CUVS

Matthew 14 in the DBT

Matthew 14 in the DGDNT

Matthew 14 in the DHNT

Matthew 14 in the DNT

Matthew 14 in the ELBE

Matthew 14 in the EMTV

Matthew 14 in the ESV

Matthew 14 in the FBV

Matthew 14 in the FEB

Matthew 14 in the GGMNT

Matthew 14 in the GNT

Matthew 14 in the HARY

Matthew 14 in the HNT

Matthew 14 in the IRVA

Matthew 14 in the IRVB

Matthew 14 in the IRVG

Matthew 14 in the IRVH

Matthew 14 in the IRVK

Matthew 14 in the IRVM

Matthew 14 in the IRVM2

Matthew 14 in the IRVO

Matthew 14 in the IRVP

Matthew 14 in the IRVT

Matthew 14 in the IRVT2

Matthew 14 in the IRVU

Matthew 14 in the ISVN

Matthew 14 in the JSNT

Matthew 14 in the KAPI

Matthew 14 in the KBT1ETNIK

Matthew 14 in the KBV

Matthew 14 in the KJV

Matthew 14 in the KNFD

Matthew 14 in the LBA

Matthew 14 in the LBLA

Matthew 14 in the LNT

Matthew 14 in the LSV

Matthew 14 in the MAAL

Matthew 14 in the MBV

Matthew 14 in the MBV2

Matthew 14 in the MHNT

Matthew 14 in the MKNFD

Matthew 14 in the MNG

Matthew 14 in the MNT

Matthew 14 in the MNT2

Matthew 14 in the MRS1T

Matthew 14 in the NAA

Matthew 14 in the NASB

Matthew 14 in the NBLA

Matthew 14 in the NBS

Matthew 14 in the NBVTP

Matthew 14 in the NET2

Matthew 14 in the NIV11

Matthew 14 in the NNT

Matthew 14 in the NNT2

Matthew 14 in the NNT3

Matthew 14 in the PDDPT

Matthew 14 in the PFNT

Matthew 14 in the RMNT

Matthew 14 in the SBIAS

Matthew 14 in the SBIBS

Matthew 14 in the SBIBS2

Matthew 14 in the SBICS

Matthew 14 in the SBIDS

Matthew 14 in the SBIGS

Matthew 14 in the SBIHS

Matthew 14 in the SBIIS

Matthew 14 in the SBIIS2

Matthew 14 in the SBIIS3

Matthew 14 in the SBIKS

Matthew 14 in the SBIKS2

Matthew 14 in the SBIMS

Matthew 14 in the SBIOS

Matthew 14 in the SBIPS

Matthew 14 in the SBISS

Matthew 14 in the SBITS

Matthew 14 in the SBITS2

Matthew 14 in the SBITS3

Matthew 14 in the SBITS4

Matthew 14 in the SBIUS

Matthew 14 in the SBIVS

Matthew 14 in the SBT

Matthew 14 in the SBT1E

Matthew 14 in the SCHL

Matthew 14 in the SNT

Matthew 14 in the SUSU

Matthew 14 in the SUSU2

Matthew 14 in the SYNO

Matthew 14 in the TBIAOTANT

Matthew 14 in the TBT1E

Matthew 14 in the TBT1E2

Matthew 14 in the TFTIP

Matthew 14 in the TFTU

Matthew 14 in the TGNTATF3T

Matthew 14 in the THAI

Matthew 14 in the TNFD

Matthew 14 in the TNT

Matthew 14 in the TNTIK

Matthew 14 in the TNTIL

Matthew 14 in the TNTIN

Matthew 14 in the TNTIP

Matthew 14 in the TNTIZ

Matthew 14 in the TOMA

Matthew 14 in the TTENT

Matthew 14 in the UBG

Matthew 14 in the UGV

Matthew 14 in the UGV2

Matthew 14 in the UGV3

Matthew 14 in the VBL

Matthew 14 in the VDCC

Matthew 14 in the YALU

Matthew 14 in the YAPE

Matthew 14 in the YBVTP

Matthew 14 in the ZBP