Mark 4 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm sane bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei enti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so. 2 Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ, 3 “Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4 Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ. 5 Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso. 6 Ankyɛre na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. 7 Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba. 8 Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!” 9 Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!” 10 Akyire no a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?” 11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn. 12 Esiane saa nti, “ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’ 13 “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase? 14 Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no. 15 Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa. 16 Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no. 17 Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba. 18 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, 19 nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara. 20 Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.” 21 Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabi! Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ. 22 Deɛ ahinta biara no, wɔbɛda no adi, na deɛ wɔakata so biara no, wɔde bɛto dwa. 23 Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie! 24 “Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo. 25 Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” 26 Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so. 27 Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ. 28 Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini. 29 Sɛ aba no nyini wie a, okuafoɔ no fa ne dadeɛ kɔtwa, ɛfiri sɛ otwa berɛ aduru.” 30 Ɔsane kaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahennie no bɛto, anaa abɛbusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31 Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu. 32 Na sɛ wodua a ɛnyini yɛ kɛseɛ sene nnua a aka no nyinaa, ɛyiyi mman akɛseɛ ma ewiem nnomaa bɛsisi ne nwunu mu.” 33 Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ. 34 Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase. 35 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” 36 Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi. 37 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38 Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?” 39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn! 40 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?” 41 Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”

In Other Versions

Mark 4 in the ANGEFD

Mark 4 in the ANTPNG2D

Mark 4 in the AS21

Mark 4 in the BAGH

Mark 4 in the BBPNG

Mark 4 in the BBT1E

Mark 4 in the BDS

Mark 4 in the BEV

Mark 4 in the BHAD

Mark 4 in the BIB

Mark 4 in the BLPT

Mark 4 in the BNT

Mark 4 in the BNTABOOT

Mark 4 in the BNTLV

Mark 4 in the BOATCB2

Mark 4 in the BOBCV

Mark 4 in the BOCNT

Mark 4 in the BOECS

Mark 4 in the BOGWICC

Mark 4 in the BOHCB

Mark 4 in the BOHCV

Mark 4 in the BOHLNT

Mark 4 in the BOHNTLTAL

Mark 4 in the BOICB

Mark 4 in the BOILNTAP

Mark 4 in the BOITCV

Mark 4 in the BOKCV

Mark 4 in the BOKCV2

Mark 4 in the BOKHWOG

Mark 4 in the BOKSSV

Mark 4 in the BOLCB

Mark 4 in the BOLCB2

Mark 4 in the BOMCV

Mark 4 in the BONAV

Mark 4 in the BONCB

Mark 4 in the BONLT

Mark 4 in the BONUT2

Mark 4 in the BOPLNT

Mark 4 in the BOSCB

Mark 4 in the BOSNC

Mark 4 in the BOTLNT

Mark 4 in the BOVCB

Mark 4 in the BOYCB

Mark 4 in the BPBB

Mark 4 in the BPH

Mark 4 in the BSB

Mark 4 in the CCB

Mark 4 in the CUV

Mark 4 in the CUVS

Mark 4 in the DBT

Mark 4 in the DGDNT

Mark 4 in the DHNT

Mark 4 in the DNT

Mark 4 in the ELBE

Mark 4 in the EMTV

Mark 4 in the ESV

Mark 4 in the FBV

Mark 4 in the FEB

Mark 4 in the GGMNT

Mark 4 in the GNT

Mark 4 in the HARY

Mark 4 in the HNT

Mark 4 in the IRVA

Mark 4 in the IRVB

Mark 4 in the IRVG

Mark 4 in the IRVH

Mark 4 in the IRVK

Mark 4 in the IRVM

Mark 4 in the IRVM2

Mark 4 in the IRVO

Mark 4 in the IRVP

Mark 4 in the IRVT

Mark 4 in the IRVT2

Mark 4 in the IRVU

Mark 4 in the ISVN

Mark 4 in the JSNT

Mark 4 in the KAPI

Mark 4 in the KBT1ETNIK

Mark 4 in the KBV

Mark 4 in the KJV

Mark 4 in the KNFD

Mark 4 in the LBA

Mark 4 in the LBLA

Mark 4 in the LNT

Mark 4 in the LSV

Mark 4 in the MAAL

Mark 4 in the MBV

Mark 4 in the MBV2

Mark 4 in the MHNT

Mark 4 in the MKNFD

Mark 4 in the MNG

Mark 4 in the MNT

Mark 4 in the MNT2

Mark 4 in the MRS1T

Mark 4 in the NAA

Mark 4 in the NASB

Mark 4 in the NBLA

Mark 4 in the NBS

Mark 4 in the NBVTP

Mark 4 in the NET2

Mark 4 in the NIV11

Mark 4 in the NNT

Mark 4 in the NNT2

Mark 4 in the NNT3

Mark 4 in the PDDPT

Mark 4 in the PFNT

Mark 4 in the RMNT

Mark 4 in the SBIAS

Mark 4 in the SBIBS

Mark 4 in the SBIBS2

Mark 4 in the SBICS

Mark 4 in the SBIDS

Mark 4 in the SBIGS

Mark 4 in the SBIHS

Mark 4 in the SBIIS

Mark 4 in the SBIIS2

Mark 4 in the SBIIS3

Mark 4 in the SBIKS

Mark 4 in the SBIKS2

Mark 4 in the SBIMS

Mark 4 in the SBIOS

Mark 4 in the SBIPS

Mark 4 in the SBISS

Mark 4 in the SBITS

Mark 4 in the SBITS2

Mark 4 in the SBITS3

Mark 4 in the SBITS4

Mark 4 in the SBIUS

Mark 4 in the SBIVS

Mark 4 in the SBT

Mark 4 in the SBT1E

Mark 4 in the SCHL

Mark 4 in the SNT

Mark 4 in the SUSU

Mark 4 in the SUSU2

Mark 4 in the SYNO

Mark 4 in the TBIAOTANT

Mark 4 in the TBT1E

Mark 4 in the TBT1E2

Mark 4 in the TFTIP

Mark 4 in the TFTU

Mark 4 in the TGNTATF3T

Mark 4 in the THAI

Mark 4 in the TNFD

Mark 4 in the TNT

Mark 4 in the TNTIK

Mark 4 in the TNTIL

Mark 4 in the TNTIN

Mark 4 in the TNTIP

Mark 4 in the TNTIZ

Mark 4 in the TOMA

Mark 4 in the TTENT

Mark 4 in the UBG

Mark 4 in the UGV

Mark 4 in the UGV2

Mark 4 in the UGV3

Mark 4 in the VBL

Mark 4 in the VDCC

Mark 4 in the YALU

Mark 4 in the YAPE

Mark 4 in the YBVTP

Mark 4 in the ZBP