Numbers 23 (BOATCB)

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.” 2 Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ. 3 Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ AWURADE bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi. 4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ AWURADE sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.” 5 Afei, AWURADE de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak. 6 Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’ 8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madomewɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ,nnipa a AWURADE mmuu wɔn fɔ? 9 Mehunu wɔn firi abotan atifi;mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,a wɔayi wɔn afiri amanaman mu. 10 Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?Ma menwu sɛ ɔteneneeni;na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.” 11 Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!” 12 Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a AWURADE nkaa sɛ menka anaa?” 13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.” 14 Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ. 15 Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia AWURADE.” 16 AWURADE hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no. 17 Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “AWURADE aka sɛn?” 18 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:“Balak, sɔre na tie;Sipor babarima tie me. 19 Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.Wakasa a wanyɛ anaa?Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa? 20 Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira;wahyira, na merentumi nnane no! 21 “Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel! AWURADE, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.Ɔne wɔn ɔhene! 22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim;ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn. 23 Nnome biara renka Yakob,abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so.Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ,‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’ 24 Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu.Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ.Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awiena wanom ne mogya nyinaa!” 25 Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.” 26 Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a AWURADE bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?” 27 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.” 28 Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so. 29 Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ. 30 Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.

In Other Versions

Numbers 23 in the ANGEFD

Numbers 23 in the ANTPNG2D

Numbers 23 in the AS21

Numbers 23 in the BAGH

Numbers 23 in the BBPNG

Numbers 23 in the BBT1E

Numbers 23 in the BDS

Numbers 23 in the BEV

Numbers 23 in the BHAD

Numbers 23 in the BIB

Numbers 23 in the BLPT

Numbers 23 in the BNT

Numbers 23 in the BNTABOOT

Numbers 23 in the BNTLV

Numbers 23 in the BOATCB2

Numbers 23 in the BOBCV

Numbers 23 in the BOCNT

Numbers 23 in the BOECS

Numbers 23 in the BOGWICC

Numbers 23 in the BOHCB

Numbers 23 in the BOHCV

Numbers 23 in the BOHLNT

Numbers 23 in the BOHNTLTAL

Numbers 23 in the BOICB

Numbers 23 in the BOILNTAP

Numbers 23 in the BOITCV

Numbers 23 in the BOKCV

Numbers 23 in the BOKCV2

Numbers 23 in the BOKHWOG

Numbers 23 in the BOKSSV

Numbers 23 in the BOLCB

Numbers 23 in the BOLCB2

Numbers 23 in the BOMCV

Numbers 23 in the BONAV

Numbers 23 in the BONCB

Numbers 23 in the BONLT

Numbers 23 in the BONUT2

Numbers 23 in the BOPLNT

Numbers 23 in the BOSCB

Numbers 23 in the BOSNC

Numbers 23 in the BOTLNT

Numbers 23 in the BOVCB

Numbers 23 in the BOYCB

Numbers 23 in the BPBB

Numbers 23 in the BPH

Numbers 23 in the BSB

Numbers 23 in the CCB

Numbers 23 in the CUV

Numbers 23 in the CUVS

Numbers 23 in the DBT

Numbers 23 in the DGDNT

Numbers 23 in the DHNT

Numbers 23 in the DNT

Numbers 23 in the ELBE

Numbers 23 in the EMTV

Numbers 23 in the ESV

Numbers 23 in the FBV

Numbers 23 in the FEB

Numbers 23 in the GGMNT

Numbers 23 in the GNT

Numbers 23 in the HARY

Numbers 23 in the HNT

Numbers 23 in the IRVA

Numbers 23 in the IRVB

Numbers 23 in the IRVG

Numbers 23 in the IRVH

Numbers 23 in the IRVK

Numbers 23 in the IRVM

Numbers 23 in the IRVM2

Numbers 23 in the IRVO

Numbers 23 in the IRVP

Numbers 23 in the IRVT

Numbers 23 in the IRVT2

Numbers 23 in the IRVU

Numbers 23 in the ISVN

Numbers 23 in the JSNT

Numbers 23 in the KAPI

Numbers 23 in the KBT1ETNIK

Numbers 23 in the KBV

Numbers 23 in the KJV

Numbers 23 in the KNFD

Numbers 23 in the LBA

Numbers 23 in the LBLA

Numbers 23 in the LNT

Numbers 23 in the LSV

Numbers 23 in the MAAL

Numbers 23 in the MBV

Numbers 23 in the MBV2

Numbers 23 in the MHNT

Numbers 23 in the MKNFD

Numbers 23 in the MNG

Numbers 23 in the MNT

Numbers 23 in the MNT2

Numbers 23 in the MRS1T

Numbers 23 in the NAA

Numbers 23 in the NASB

Numbers 23 in the NBLA

Numbers 23 in the NBS

Numbers 23 in the NBVTP

Numbers 23 in the NET2

Numbers 23 in the NIV11

Numbers 23 in the NNT

Numbers 23 in the NNT2

Numbers 23 in the NNT3

Numbers 23 in the PDDPT

Numbers 23 in the PFNT

Numbers 23 in the RMNT

Numbers 23 in the SBIAS

Numbers 23 in the SBIBS

Numbers 23 in the SBIBS2

Numbers 23 in the SBICS

Numbers 23 in the SBIDS

Numbers 23 in the SBIGS

Numbers 23 in the SBIHS

Numbers 23 in the SBIIS

Numbers 23 in the SBIIS2

Numbers 23 in the SBIIS3

Numbers 23 in the SBIKS

Numbers 23 in the SBIKS2

Numbers 23 in the SBIMS

Numbers 23 in the SBIOS

Numbers 23 in the SBIPS

Numbers 23 in the SBISS

Numbers 23 in the SBITS

Numbers 23 in the SBITS2

Numbers 23 in the SBITS3

Numbers 23 in the SBITS4

Numbers 23 in the SBIUS

Numbers 23 in the SBIVS

Numbers 23 in the SBT

Numbers 23 in the SBT1E

Numbers 23 in the SCHL

Numbers 23 in the SNT

Numbers 23 in the SUSU

Numbers 23 in the SUSU2

Numbers 23 in the SYNO

Numbers 23 in the TBIAOTANT

Numbers 23 in the TBT1E

Numbers 23 in the TBT1E2

Numbers 23 in the TFTIP

Numbers 23 in the TFTU

Numbers 23 in the TGNTATF3T

Numbers 23 in the THAI

Numbers 23 in the TNFD

Numbers 23 in the TNT

Numbers 23 in the TNTIK

Numbers 23 in the TNTIL

Numbers 23 in the TNTIN

Numbers 23 in the TNTIP

Numbers 23 in the TNTIZ

Numbers 23 in the TOMA

Numbers 23 in the TTENT

Numbers 23 in the UBG

Numbers 23 in the UGV

Numbers 23 in the UGV2

Numbers 23 in the UGV3

Numbers 23 in the VBL

Numbers 23 in the VDCC

Numbers 23 in the YALU

Numbers 23 in the YAPE

Numbers 23 in the YBVTP

Numbers 23 in the ZBP