Numbers 23 (BOATCB2)

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 2 Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre. 3 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na AWURADE bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee. 4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.” 5 AWURADE de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.” 6 Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. 7 Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:“Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me;bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’ 8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adomewɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm aguwɔn a AWURADE mmuu wɔn fɔ so? 9 Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;mehwɛ wɔn fi nkoko so.Mihu nnipa a wɔatew wɔn hoa wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa. 10 Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?Ma minwu atreneefo wu,na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.” 11 Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!” 12 Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea AWURADE de ahyɛ mʼano no ana?” 13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.” 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so. 15 Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia AWURADEwɔ hɔ.” 16 AWURADE hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.” 17 Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “AWURADE aka dɛn?” 18 Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:“Balak, sɔre na tie;Sipor babarima tie me. 19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana? 20 Wɔahyɛ me sɛ minhyira;wahyira, na merentumi nnan ani! 21 “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu,wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu. AWURADE, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;Ɔhene ka wɔn ho! 22 Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn. 23 Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,mmusu biara nni Israel so.Afei, wɔbɛka afa Yakobne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’ 24 Nnipa no sɔre sɛ gyatabere.Wɔwosow wɔn ho sɛ gyataa onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaana ɔnom nea wakyere no no mogya.” 25 Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.” 26 Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea AWURADE bɛka biara na mɛyɛ ana?” 27 Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.” 28 Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so. 29 Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 30 Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.

In Other Versions

Numbers 23 in the ANGEFD

Numbers 23 in the ANTPNG2D

Numbers 23 in the AS21

Numbers 23 in the BAGH

Numbers 23 in the BBPNG

Numbers 23 in the BBT1E

Numbers 23 in the BDS

Numbers 23 in the BEV

Numbers 23 in the BHAD

Numbers 23 in the BIB

Numbers 23 in the BLPT

Numbers 23 in the BNT

Numbers 23 in the BNTABOOT

Numbers 23 in the BNTLV

Numbers 23 in the BOATCB

Numbers 23 in the BOBCV

Numbers 23 in the BOCNT

Numbers 23 in the BOECS

Numbers 23 in the BOGWICC

Numbers 23 in the BOHCB

Numbers 23 in the BOHCV

Numbers 23 in the BOHLNT

Numbers 23 in the BOHNTLTAL

Numbers 23 in the BOICB

Numbers 23 in the BOILNTAP

Numbers 23 in the BOITCV

Numbers 23 in the BOKCV

Numbers 23 in the BOKCV2

Numbers 23 in the BOKHWOG

Numbers 23 in the BOKSSV

Numbers 23 in the BOLCB

Numbers 23 in the BOLCB2

Numbers 23 in the BOMCV

Numbers 23 in the BONAV

Numbers 23 in the BONCB

Numbers 23 in the BONLT

Numbers 23 in the BONUT2

Numbers 23 in the BOPLNT

Numbers 23 in the BOSCB

Numbers 23 in the BOSNC

Numbers 23 in the BOTLNT

Numbers 23 in the BOVCB

Numbers 23 in the BOYCB

Numbers 23 in the BPBB

Numbers 23 in the BPH

Numbers 23 in the BSB

Numbers 23 in the CCB

Numbers 23 in the CUV

Numbers 23 in the CUVS

Numbers 23 in the DBT

Numbers 23 in the DGDNT

Numbers 23 in the DHNT

Numbers 23 in the DNT

Numbers 23 in the ELBE

Numbers 23 in the EMTV

Numbers 23 in the ESV

Numbers 23 in the FBV

Numbers 23 in the FEB

Numbers 23 in the GGMNT

Numbers 23 in the GNT

Numbers 23 in the HARY

Numbers 23 in the HNT

Numbers 23 in the IRVA

Numbers 23 in the IRVB

Numbers 23 in the IRVG

Numbers 23 in the IRVH

Numbers 23 in the IRVK

Numbers 23 in the IRVM

Numbers 23 in the IRVM2

Numbers 23 in the IRVO

Numbers 23 in the IRVP

Numbers 23 in the IRVT

Numbers 23 in the IRVT2

Numbers 23 in the IRVU

Numbers 23 in the ISVN

Numbers 23 in the JSNT

Numbers 23 in the KAPI

Numbers 23 in the KBT1ETNIK

Numbers 23 in the KBV

Numbers 23 in the KJV

Numbers 23 in the KNFD

Numbers 23 in the LBA

Numbers 23 in the LBLA

Numbers 23 in the LNT

Numbers 23 in the LSV

Numbers 23 in the MAAL

Numbers 23 in the MBV

Numbers 23 in the MBV2

Numbers 23 in the MHNT

Numbers 23 in the MKNFD

Numbers 23 in the MNG

Numbers 23 in the MNT

Numbers 23 in the MNT2

Numbers 23 in the MRS1T

Numbers 23 in the NAA

Numbers 23 in the NASB

Numbers 23 in the NBLA

Numbers 23 in the NBS

Numbers 23 in the NBVTP

Numbers 23 in the NET2

Numbers 23 in the NIV11

Numbers 23 in the NNT

Numbers 23 in the NNT2

Numbers 23 in the NNT3

Numbers 23 in the PDDPT

Numbers 23 in the PFNT

Numbers 23 in the RMNT

Numbers 23 in the SBIAS

Numbers 23 in the SBIBS

Numbers 23 in the SBIBS2

Numbers 23 in the SBICS

Numbers 23 in the SBIDS

Numbers 23 in the SBIGS

Numbers 23 in the SBIHS

Numbers 23 in the SBIIS

Numbers 23 in the SBIIS2

Numbers 23 in the SBIIS3

Numbers 23 in the SBIKS

Numbers 23 in the SBIKS2

Numbers 23 in the SBIMS

Numbers 23 in the SBIOS

Numbers 23 in the SBIPS

Numbers 23 in the SBISS

Numbers 23 in the SBITS

Numbers 23 in the SBITS2

Numbers 23 in the SBITS3

Numbers 23 in the SBITS4

Numbers 23 in the SBIUS

Numbers 23 in the SBIVS

Numbers 23 in the SBT

Numbers 23 in the SBT1E

Numbers 23 in the SCHL

Numbers 23 in the SNT

Numbers 23 in the SUSU

Numbers 23 in the SUSU2

Numbers 23 in the SYNO

Numbers 23 in the TBIAOTANT

Numbers 23 in the TBT1E

Numbers 23 in the TBT1E2

Numbers 23 in the TFTIP

Numbers 23 in the TFTU

Numbers 23 in the TGNTATF3T

Numbers 23 in the THAI

Numbers 23 in the TNFD

Numbers 23 in the TNT

Numbers 23 in the TNTIK

Numbers 23 in the TNTIL

Numbers 23 in the TNTIN

Numbers 23 in the TNTIP

Numbers 23 in the TNTIZ

Numbers 23 in the TOMA

Numbers 23 in the TTENT

Numbers 23 in the UBG

Numbers 23 in the UGV

Numbers 23 in the UGV2

Numbers 23 in the UGV3

Numbers 23 in the VBL

Numbers 23 in the VDCC

Numbers 23 in the YALU

Numbers 23 in the YAPE

Numbers 23 in the YBVTP

Numbers 23 in the ZBP