Psalms 11 (BOATCB)
undefined Dawid dwom. 1 AWURADE mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so. 2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma sosɛ wɔbɛto wɔ esum mude awɔ akoma mu ahotefoɔ. 3 Sɛ wɔresɛe fapem no a,ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?” 4 AWURADE wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; AWURADE te ne soro ahennwa so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu. 5 AWURADE hwehwɛ ɔteneneeni mu,na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,ne kra kyiri wɔn. 6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛagu Amumuyɛfoɔ so;na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa. 7 AWURADE yɛ ɔteneneeni,na ɔpɛ atɛntenenee;wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so.