Revelation 3 (BOATCB)

1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2 Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. 3 Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba. 4 Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. 5 Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim sɛ ɔyɛ me dea. 6 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. 7 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokorɛ na ɔkura Dawid safoa no nkyɛn. Deɛ ɔbue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no. 8 Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. 9 Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo. 10 Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu. 11 Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. 12 Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho. 13 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. 14 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no sodifoɔ nkyɛn. 15 Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. 16 Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu enti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom. 17 Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira. 18 Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguaseɛ adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so, sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ. 19 Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho. 20 Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. 21 Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho, sɛdeɛ madi nkonim enti, mete mʼAgya ahennwa ho seesei no. 22 Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

In Other Versions

Revelation 3 in the ANGEFD

Revelation 3 in the ANTPNG2D

Revelation 3 in the AS21

Revelation 3 in the BAGH

Revelation 3 in the BBPNG

Revelation 3 in the BBT1E

Revelation 3 in the BDS

Revelation 3 in the BEV

Revelation 3 in the BHAD

Revelation 3 in the BIB

Revelation 3 in the BLPT

Revelation 3 in the BNT

Revelation 3 in the BNTABOOT

Revelation 3 in the BNTLV

Revelation 3 in the BOATCB2

Revelation 3 in the BOBCV

Revelation 3 in the BOCNT

Revelation 3 in the BOECS

Revelation 3 in the BOGWICC

Revelation 3 in the BOHCB

Revelation 3 in the BOHCV

Revelation 3 in the BOHLNT

Revelation 3 in the BOHNTLTAL

Revelation 3 in the BOICB

Revelation 3 in the BOILNTAP

Revelation 3 in the BOITCV

Revelation 3 in the BOKCV

Revelation 3 in the BOKCV2

Revelation 3 in the BOKHWOG

Revelation 3 in the BOKSSV

Revelation 3 in the BOLCB

Revelation 3 in the BOLCB2

Revelation 3 in the BOMCV

Revelation 3 in the BONAV

Revelation 3 in the BONCB

Revelation 3 in the BONLT

Revelation 3 in the BONUT2

Revelation 3 in the BOPLNT

Revelation 3 in the BOSCB

Revelation 3 in the BOSNC

Revelation 3 in the BOTLNT

Revelation 3 in the BOVCB

Revelation 3 in the BOYCB

Revelation 3 in the BPBB

Revelation 3 in the BPH

Revelation 3 in the BSB

Revelation 3 in the CCB

Revelation 3 in the CUV

Revelation 3 in the CUVS

Revelation 3 in the DBT

Revelation 3 in the DGDNT

Revelation 3 in the DHNT

Revelation 3 in the DNT

Revelation 3 in the ELBE

Revelation 3 in the EMTV

Revelation 3 in the ESV

Revelation 3 in the FBV

Revelation 3 in the FEB

Revelation 3 in the GGMNT

Revelation 3 in the GNT

Revelation 3 in the HARY

Revelation 3 in the HNT

Revelation 3 in the IRVA

Revelation 3 in the IRVB

Revelation 3 in the IRVG

Revelation 3 in the IRVH

Revelation 3 in the IRVK

Revelation 3 in the IRVM

Revelation 3 in the IRVM2

Revelation 3 in the IRVO

Revelation 3 in the IRVP

Revelation 3 in the IRVT

Revelation 3 in the IRVT2

Revelation 3 in the IRVU

Revelation 3 in the ISVN

Revelation 3 in the JSNT

Revelation 3 in the KAPI

Revelation 3 in the KBT1ETNIK

Revelation 3 in the KBV

Revelation 3 in the KJV

Revelation 3 in the KNFD

Revelation 3 in the LBA

Revelation 3 in the LBLA

Revelation 3 in the LNT

Revelation 3 in the LSV

Revelation 3 in the MAAL

Revelation 3 in the MBV

Revelation 3 in the MBV2

Revelation 3 in the MHNT

Revelation 3 in the MKNFD

Revelation 3 in the MNG

Revelation 3 in the MNT

Revelation 3 in the MNT2

Revelation 3 in the MRS1T

Revelation 3 in the NAA

Revelation 3 in the NASB

Revelation 3 in the NBLA

Revelation 3 in the NBS

Revelation 3 in the NBVTP

Revelation 3 in the NET2

Revelation 3 in the NIV11

Revelation 3 in the NNT

Revelation 3 in the NNT2

Revelation 3 in the NNT3

Revelation 3 in the PDDPT

Revelation 3 in the PFNT

Revelation 3 in the RMNT

Revelation 3 in the SBIAS

Revelation 3 in the SBIBS

Revelation 3 in the SBIBS2

Revelation 3 in the SBICS

Revelation 3 in the SBIDS

Revelation 3 in the SBIGS

Revelation 3 in the SBIHS

Revelation 3 in the SBIIS

Revelation 3 in the SBIIS2

Revelation 3 in the SBIIS3

Revelation 3 in the SBIKS

Revelation 3 in the SBIKS2

Revelation 3 in the SBIMS

Revelation 3 in the SBIOS

Revelation 3 in the SBIPS

Revelation 3 in the SBISS

Revelation 3 in the SBITS

Revelation 3 in the SBITS2

Revelation 3 in the SBITS3

Revelation 3 in the SBITS4

Revelation 3 in the SBIUS

Revelation 3 in the SBIVS

Revelation 3 in the SBT

Revelation 3 in the SBT1E

Revelation 3 in the SCHL

Revelation 3 in the SNT

Revelation 3 in the SUSU

Revelation 3 in the SUSU2

Revelation 3 in the SYNO

Revelation 3 in the TBIAOTANT

Revelation 3 in the TBT1E

Revelation 3 in the TBT1E2

Revelation 3 in the TFTIP

Revelation 3 in the TFTU

Revelation 3 in the TGNTATF3T

Revelation 3 in the THAI

Revelation 3 in the TNFD

Revelation 3 in the TNT

Revelation 3 in the TNTIK

Revelation 3 in the TNTIL

Revelation 3 in the TNTIN

Revelation 3 in the TNTIP

Revelation 3 in the TNTIZ

Revelation 3 in the TOMA

Revelation 3 in the TTENT

Revelation 3 in the UBG

Revelation 3 in the UGV

Revelation 3 in the UGV2

Revelation 3 in the UGV3

Revelation 3 in the VBL

Revelation 3 in the VDCC

Revelation 3 in the YALU

Revelation 3 in the YAPE

Revelation 3 in the YBVTP

Revelation 3 in the ZBP