Romans 2 (BOATCB)

1 Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. 2 Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. 3 Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? 4 Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho? 5 Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no. 6 Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. 9 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho. 10 Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu. 12 Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. 13 Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. 14 Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn. 15 Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. 16 Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn. 17 Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. 19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu. 20 Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. 21 Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? 22 Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa? 23 Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. 24 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn. 25 Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. 26 Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa? 27 Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no. 28 Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann. 29 Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.

In Other Versions

Romans 2 in the ANGEFD

Romans 2 in the ANTPNG2D

Romans 2 in the AS21

Romans 2 in the BAGH

Romans 2 in the BBPNG

Romans 2 in the BBT1E

Romans 2 in the BDS

Romans 2 in the BEV

Romans 2 in the BHAD

Romans 2 in the BIB

Romans 2 in the BLPT

Romans 2 in the BNT

Romans 2 in the BNTABOOT

Romans 2 in the BNTLV

Romans 2 in the BOATCB2

Romans 2 in the BOBCV

Romans 2 in the BOCNT

Romans 2 in the BOECS

Romans 2 in the BOGWICC

Romans 2 in the BOHCB

Romans 2 in the BOHCV

Romans 2 in the BOHLNT

Romans 2 in the BOHNTLTAL

Romans 2 in the BOICB

Romans 2 in the BOILNTAP

Romans 2 in the BOITCV

Romans 2 in the BOKCV

Romans 2 in the BOKCV2

Romans 2 in the BOKHWOG

Romans 2 in the BOKSSV

Romans 2 in the BOLCB

Romans 2 in the BOLCB2

Romans 2 in the BOMCV

Romans 2 in the BONAV

Romans 2 in the BONCB

Romans 2 in the BONLT

Romans 2 in the BONUT2

Romans 2 in the BOPLNT

Romans 2 in the BOSCB

Romans 2 in the BOSNC

Romans 2 in the BOTLNT

Romans 2 in the BOVCB

Romans 2 in the BOYCB

Romans 2 in the BPBB

Romans 2 in the BPH

Romans 2 in the BSB

Romans 2 in the CCB

Romans 2 in the CUV

Romans 2 in the CUVS

Romans 2 in the DBT

Romans 2 in the DGDNT

Romans 2 in the DHNT

Romans 2 in the DNT

Romans 2 in the ELBE

Romans 2 in the EMTV

Romans 2 in the ESV

Romans 2 in the FBV

Romans 2 in the FEB

Romans 2 in the GGMNT

Romans 2 in the GNT

Romans 2 in the HARY

Romans 2 in the HNT

Romans 2 in the IRVA

Romans 2 in the IRVB

Romans 2 in the IRVG

Romans 2 in the IRVH

Romans 2 in the IRVK

Romans 2 in the IRVM

Romans 2 in the IRVM2

Romans 2 in the IRVO

Romans 2 in the IRVP

Romans 2 in the IRVT

Romans 2 in the IRVT2

Romans 2 in the IRVU

Romans 2 in the ISVN

Romans 2 in the JSNT

Romans 2 in the KAPI

Romans 2 in the KBT1ETNIK

Romans 2 in the KBV

Romans 2 in the KJV

Romans 2 in the KNFD

Romans 2 in the LBA

Romans 2 in the LBLA

Romans 2 in the LNT

Romans 2 in the LSV

Romans 2 in the MAAL

Romans 2 in the MBV

Romans 2 in the MBV2

Romans 2 in the MHNT

Romans 2 in the MKNFD

Romans 2 in the MNG

Romans 2 in the MNT

Romans 2 in the MNT2

Romans 2 in the MRS1T

Romans 2 in the NAA

Romans 2 in the NASB

Romans 2 in the NBLA

Romans 2 in the NBS

Romans 2 in the NBVTP

Romans 2 in the NET2

Romans 2 in the NIV11

Romans 2 in the NNT

Romans 2 in the NNT2

Romans 2 in the NNT3

Romans 2 in the PDDPT

Romans 2 in the PFNT

Romans 2 in the RMNT

Romans 2 in the SBIAS

Romans 2 in the SBIBS

Romans 2 in the SBIBS2

Romans 2 in the SBICS

Romans 2 in the SBIDS

Romans 2 in the SBIGS

Romans 2 in the SBIHS

Romans 2 in the SBIIS

Romans 2 in the SBIIS2

Romans 2 in the SBIIS3

Romans 2 in the SBIKS

Romans 2 in the SBIKS2

Romans 2 in the SBIMS

Romans 2 in the SBIOS

Romans 2 in the SBIPS

Romans 2 in the SBISS

Romans 2 in the SBITS

Romans 2 in the SBITS2

Romans 2 in the SBITS3

Romans 2 in the SBITS4

Romans 2 in the SBIUS

Romans 2 in the SBIVS

Romans 2 in the SBT

Romans 2 in the SBT1E

Romans 2 in the SCHL

Romans 2 in the SNT

Romans 2 in the SUSU

Romans 2 in the SUSU2

Romans 2 in the SYNO

Romans 2 in the TBIAOTANT

Romans 2 in the TBT1E

Romans 2 in the TBT1E2

Romans 2 in the TFTIP

Romans 2 in the TFTU

Romans 2 in the TGNTATF3T

Romans 2 in the THAI

Romans 2 in the TNFD

Romans 2 in the TNT

Romans 2 in the TNTIK

Romans 2 in the TNTIL

Romans 2 in the TNTIN

Romans 2 in the TNTIP

Romans 2 in the TNTIZ

Romans 2 in the TOMA

Romans 2 in the TTENT

Romans 2 in the UBG

Romans 2 in the UGV

Romans 2 in the UGV2

Romans 2 in the UGV3

Romans 2 in the VBL

Romans 2 in the VDCC

Romans 2 in the YALU

Romans 2 in the YAPE

Romans 2 in the YBVTP

Romans 2 in the ZBP