Romans 2 (BOATCB2)

1 Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. 2 Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara ne no. 3 Na wo, onipa, wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho a, wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn ana? 4 Anaasɛ, ebia wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ? Wunnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anu wo ho? 5 Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no. 6 Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so. 9 Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10 Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso wɔ nʼatemmu mu. 12 Wɔn a wonnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wonim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. 13 Ɛnyɛ mmaratiefo na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔyɛ osetie ma mmara no na wobebu wɔn bem. 14 Amanamanmufo no nni mmara, nanso wofi wɔn awosu mu yɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwɔ mu sɛ wonni mmara de, nanso eyinom bɛyɛ mmara ama wɔn. 15 Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea mmara no hwehwɛ no, wɔakyerɛw wɔ wɔn koma mu no nti, wɔn ahonim di adanse sɛ wodi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. 16 Enti asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn. 17 Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye, efisɛ ɔde ne mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka wɔ mo anofafa nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. 19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. 20 Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ munim ne mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no. 21 Mokyerɛkyerɛ afoforo. Na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mo nso mobɔ korɔn ana? 22 Mo a moka se aguamammɔ nye. Mo nso mobɔ aguaman ana? Mo a moka se mukyi ahoni no, mobɔ korɔn wɔ hyiadan mu ana? 23 Mo a mohoahoa mo ho wɔ mmara no mu no, monam mmara no so bu so bu Onyankopɔn animtiaa ana? 24 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti wiasefo kasa tia Onyankopɔn. 25 Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne momonotofo ntam. 26 Sɛ momonotofo di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ana? 27 Enti momonotoni a odi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafo a munim Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw no, nanso munni so no. 28 Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann. 29 Yudani kann no ne nea ɔyɛ no wɔ ne mu. Ɛnyɛ ɔhonam mu twetiatwa ne twetiatwa turodoo, na mmom koma mu nsakrae a efi Onyankopɔn Honhom mu ba no. Nsakrae yi mfi di a obi di mmara bi a wɔakyerɛw mu. Saa onipa no ayeyi mfi nnipa afoforo bi, na mmom, efi Onyankopɔn.

In Other Versions

Romans 2 in the ANGEFD

Romans 2 in the ANTPNG2D

Romans 2 in the AS21

Romans 2 in the BAGH

Romans 2 in the BBPNG

Romans 2 in the BBT1E

Romans 2 in the BDS

Romans 2 in the BEV

Romans 2 in the BHAD

Romans 2 in the BIB

Romans 2 in the BLPT

Romans 2 in the BNT

Romans 2 in the BNTABOOT

Romans 2 in the BNTLV

Romans 2 in the BOATCB

Romans 2 in the BOBCV

Romans 2 in the BOCNT

Romans 2 in the BOECS

Romans 2 in the BOGWICC

Romans 2 in the BOHCB

Romans 2 in the BOHCV

Romans 2 in the BOHLNT

Romans 2 in the BOHNTLTAL

Romans 2 in the BOICB

Romans 2 in the BOILNTAP

Romans 2 in the BOITCV

Romans 2 in the BOKCV

Romans 2 in the BOKCV2

Romans 2 in the BOKHWOG

Romans 2 in the BOKSSV

Romans 2 in the BOLCB

Romans 2 in the BOLCB2

Romans 2 in the BOMCV

Romans 2 in the BONAV

Romans 2 in the BONCB

Romans 2 in the BONLT

Romans 2 in the BONUT2

Romans 2 in the BOPLNT

Romans 2 in the BOSCB

Romans 2 in the BOSNC

Romans 2 in the BOTLNT

Romans 2 in the BOVCB

Romans 2 in the BOYCB

Romans 2 in the BPBB

Romans 2 in the BPH

Romans 2 in the BSB

Romans 2 in the CCB

Romans 2 in the CUV

Romans 2 in the CUVS

Romans 2 in the DBT

Romans 2 in the DGDNT

Romans 2 in the DHNT

Romans 2 in the DNT

Romans 2 in the ELBE

Romans 2 in the EMTV

Romans 2 in the ESV

Romans 2 in the FBV

Romans 2 in the FEB

Romans 2 in the GGMNT

Romans 2 in the GNT

Romans 2 in the HARY

Romans 2 in the HNT

Romans 2 in the IRVA

Romans 2 in the IRVB

Romans 2 in the IRVG

Romans 2 in the IRVH

Romans 2 in the IRVK

Romans 2 in the IRVM

Romans 2 in the IRVM2

Romans 2 in the IRVO

Romans 2 in the IRVP

Romans 2 in the IRVT

Romans 2 in the IRVT2

Romans 2 in the IRVU

Romans 2 in the ISVN

Romans 2 in the JSNT

Romans 2 in the KAPI

Romans 2 in the KBT1ETNIK

Romans 2 in the KBV

Romans 2 in the KJV

Romans 2 in the KNFD

Romans 2 in the LBA

Romans 2 in the LBLA

Romans 2 in the LNT

Romans 2 in the LSV

Romans 2 in the MAAL

Romans 2 in the MBV

Romans 2 in the MBV2

Romans 2 in the MHNT

Romans 2 in the MKNFD

Romans 2 in the MNG

Romans 2 in the MNT

Romans 2 in the MNT2

Romans 2 in the MRS1T

Romans 2 in the NAA

Romans 2 in the NASB

Romans 2 in the NBLA

Romans 2 in the NBS

Romans 2 in the NBVTP

Romans 2 in the NET2

Romans 2 in the NIV11

Romans 2 in the NNT

Romans 2 in the NNT2

Romans 2 in the NNT3

Romans 2 in the PDDPT

Romans 2 in the PFNT

Romans 2 in the RMNT

Romans 2 in the SBIAS

Romans 2 in the SBIBS

Romans 2 in the SBIBS2

Romans 2 in the SBICS

Romans 2 in the SBIDS

Romans 2 in the SBIGS

Romans 2 in the SBIHS

Romans 2 in the SBIIS

Romans 2 in the SBIIS2

Romans 2 in the SBIIS3

Romans 2 in the SBIKS

Romans 2 in the SBIKS2

Romans 2 in the SBIMS

Romans 2 in the SBIOS

Romans 2 in the SBIPS

Romans 2 in the SBISS

Romans 2 in the SBITS

Romans 2 in the SBITS2

Romans 2 in the SBITS3

Romans 2 in the SBITS4

Romans 2 in the SBIUS

Romans 2 in the SBIVS

Romans 2 in the SBT

Romans 2 in the SBT1E

Romans 2 in the SCHL

Romans 2 in the SNT

Romans 2 in the SUSU

Romans 2 in the SUSU2

Romans 2 in the SYNO

Romans 2 in the TBIAOTANT

Romans 2 in the TBT1E

Romans 2 in the TBT1E2

Romans 2 in the TFTIP

Romans 2 in the TFTU

Romans 2 in the TGNTATF3T

Romans 2 in the THAI

Romans 2 in the TNFD

Romans 2 in the TNT

Romans 2 in the TNTIK

Romans 2 in the TNTIL

Romans 2 in the TNTIN

Romans 2 in the TNTIP

Romans 2 in the TNTIZ

Romans 2 in the TOMA

Romans 2 in the TTENT

Romans 2 in the UBG

Romans 2 in the UGV

Romans 2 in the UGV2

Romans 2 in the UGV3

Romans 2 in the VBL

Romans 2 in the VDCC

Romans 2 in the YALU

Romans 2 in the YAPE

Romans 2 in the YBVTP

Romans 2 in the ZBP