Romans 9 (BOATCB)

1 Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ. 2 Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ. 3 Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho. 4 Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5 Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen. 6 Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ. 7 Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” 8 Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 9 Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no. 10 Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak. 11 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti, 12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so, 13 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no. 14 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi! 15 Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,“Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ,na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.” 16 Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so. 17 Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.” 18 Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa. 19 Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?” 20 Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?” 21 Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara. 22 Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn. 23 Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ. 24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso. 25 Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ,“Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’,na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’ ” 26 na“Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no,ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ” 27 Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ,“Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a,wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa. 28 Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.” 29 Yesaia nso kaa sɛ,“Sɛ Awurade Otumfoɔ noannya yɛn asefoɔ a,anka yɛayɛ sɛ Sodom,na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.” 30 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; 31 Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32 Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no. 33 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,“Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sionne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase,na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”

In Other Versions

Romans 9 in the ANGEFD

Romans 9 in the ANTPNG2D

Romans 9 in the AS21

Romans 9 in the BAGH

Romans 9 in the BBPNG

Romans 9 in the BBT1E

Romans 9 in the BDS

Romans 9 in the BEV

Romans 9 in the BHAD

Romans 9 in the BIB

Romans 9 in the BLPT

Romans 9 in the BNT

Romans 9 in the BNTABOOT

Romans 9 in the BNTLV

Romans 9 in the BOATCB2

Romans 9 in the BOBCV

Romans 9 in the BOCNT

Romans 9 in the BOECS

Romans 9 in the BOGWICC

Romans 9 in the BOHCB

Romans 9 in the BOHCV

Romans 9 in the BOHLNT

Romans 9 in the BOHNTLTAL

Romans 9 in the BOICB

Romans 9 in the BOILNTAP

Romans 9 in the BOITCV

Romans 9 in the BOKCV

Romans 9 in the BOKCV2

Romans 9 in the BOKHWOG

Romans 9 in the BOKSSV

Romans 9 in the BOLCB

Romans 9 in the BOLCB2

Romans 9 in the BOMCV

Romans 9 in the BONAV

Romans 9 in the BONCB

Romans 9 in the BONLT

Romans 9 in the BONUT2

Romans 9 in the BOPLNT

Romans 9 in the BOSCB

Romans 9 in the BOSNC

Romans 9 in the BOTLNT

Romans 9 in the BOVCB

Romans 9 in the BOYCB

Romans 9 in the BPBB

Romans 9 in the BPH

Romans 9 in the BSB

Romans 9 in the CCB

Romans 9 in the CUV

Romans 9 in the CUVS

Romans 9 in the DBT

Romans 9 in the DGDNT

Romans 9 in the DHNT

Romans 9 in the DNT

Romans 9 in the ELBE

Romans 9 in the EMTV

Romans 9 in the ESV

Romans 9 in the FBV

Romans 9 in the FEB

Romans 9 in the GGMNT

Romans 9 in the GNT

Romans 9 in the HARY

Romans 9 in the HNT

Romans 9 in the IRVA

Romans 9 in the IRVB

Romans 9 in the IRVG

Romans 9 in the IRVH

Romans 9 in the IRVK

Romans 9 in the IRVM

Romans 9 in the IRVM2

Romans 9 in the IRVO

Romans 9 in the IRVP

Romans 9 in the IRVT

Romans 9 in the IRVT2

Romans 9 in the IRVU

Romans 9 in the ISVN

Romans 9 in the JSNT

Romans 9 in the KAPI

Romans 9 in the KBT1ETNIK

Romans 9 in the KBV

Romans 9 in the KJV

Romans 9 in the KNFD

Romans 9 in the LBA

Romans 9 in the LBLA

Romans 9 in the LNT

Romans 9 in the LSV

Romans 9 in the MAAL

Romans 9 in the MBV

Romans 9 in the MBV2

Romans 9 in the MHNT

Romans 9 in the MKNFD

Romans 9 in the MNG

Romans 9 in the MNT

Romans 9 in the MNT2

Romans 9 in the MRS1T

Romans 9 in the NAA

Romans 9 in the NASB

Romans 9 in the NBLA

Romans 9 in the NBS

Romans 9 in the NBVTP

Romans 9 in the NET2

Romans 9 in the NIV11

Romans 9 in the NNT

Romans 9 in the NNT2

Romans 9 in the NNT3

Romans 9 in the PDDPT

Romans 9 in the PFNT

Romans 9 in the RMNT

Romans 9 in the SBIAS

Romans 9 in the SBIBS

Romans 9 in the SBIBS2

Romans 9 in the SBICS

Romans 9 in the SBIDS

Romans 9 in the SBIGS

Romans 9 in the SBIHS

Romans 9 in the SBIIS

Romans 9 in the SBIIS2

Romans 9 in the SBIIS3

Romans 9 in the SBIKS

Romans 9 in the SBIKS2

Romans 9 in the SBIMS

Romans 9 in the SBIOS

Romans 9 in the SBIPS

Romans 9 in the SBISS

Romans 9 in the SBITS

Romans 9 in the SBITS2

Romans 9 in the SBITS3

Romans 9 in the SBITS4

Romans 9 in the SBIUS

Romans 9 in the SBIVS

Romans 9 in the SBT

Romans 9 in the SBT1E

Romans 9 in the SCHL

Romans 9 in the SNT

Romans 9 in the SUSU

Romans 9 in the SUSU2

Romans 9 in the SYNO

Romans 9 in the TBIAOTANT

Romans 9 in the TBT1E

Romans 9 in the TBT1E2

Romans 9 in the TFTIP

Romans 9 in the TFTU

Romans 9 in the TGNTATF3T

Romans 9 in the THAI

Romans 9 in the TNFD

Romans 9 in the TNT

Romans 9 in the TNTIK

Romans 9 in the TNTIL

Romans 9 in the TNTIN

Romans 9 in the TNTIP

Romans 9 in the TNTIZ

Romans 9 in the TOMA

Romans 9 in the TTENT

Romans 9 in the UBG

Romans 9 in the UGV

Romans 9 in the UGV2

Romans 9 in the UGV3

Romans 9 in the VBL

Romans 9 in the VDCC

Romans 9 in the YALU

Romans 9 in the YAPE

Romans 9 in the YBVTP

Romans 9 in the ZBP