James 2 (BOATCB2)
1 Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim. 2 Sɛ muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi. 3 Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, 4 wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho. 5 Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. 6 Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! 7 Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no. 8 Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. 9 Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho fɔ na mmara no di tia mo sɛ mmaratofo. 10 Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11 Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so. 12 Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. 13 Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so. 14 Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana? 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi, 16 na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu. 18 Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.”Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.” 19 Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ osuro mu. 20 Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana? 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no. 22 Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. 23 Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24 Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so. 25 Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so. 26 Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu.
In Other Versions
James 2 in the ANGEFD
James 2 in the ANTPNG2D
James 2 in the AS21
James 2 in the BAGH
James 2 in the BBPNG
James 2 in the BBT1E
James 2 in the BDS
James 2 in the BEV
James 2 in the BHAD
James 2 in the BIB
James 2 in the BLPT
James 2 in the BNT
James 2 in the BNTABOOT
James 2 in the BNTLV
James 2 in the BOATCB
James 2 in the BOBCV
James 2 in the BOCNT
James 2 in the BOECS
James 2 in the BOGWICC
James 2 in the BOHCB
James 2 in the BOHCV
James 2 in the BOHLNT
James 2 in the BOHNTLTAL
James 2 in the BOICB
James 2 in the BOILNTAP
James 2 in the BOITCV
James 2 in the BOKCV
James 2 in the BOKCV2
James 2 in the BOKHWOG
James 2 in the BOKSSV
James 2 in the BOLCB
James 2 in the BOLCB2
James 2 in the BOMCV
James 2 in the BONAV
James 2 in the BONCB
James 2 in the BONLT
James 2 in the BONUT2
James 2 in the BOPLNT
James 2 in the BOSCB
James 2 in the BOSNC
James 2 in the BOTLNT
James 2 in the BOVCB
James 2 in the BOYCB
James 2 in the BPBB
James 2 in the BPH
James 2 in the BSB
James 2 in the CCB
James 2 in the CUV
James 2 in the CUVS
James 2 in the DBT
James 2 in the DGDNT
James 2 in the DHNT
James 2 in the DNT
James 2 in the ELBE
James 2 in the EMTV
James 2 in the ESV
James 2 in the FBV
James 2 in the FEB
James 2 in the GGMNT
James 2 in the GNT
James 2 in the HARY
James 2 in the HNT
James 2 in the IRVA
James 2 in the IRVB
James 2 in the IRVG
James 2 in the IRVH
James 2 in the IRVK
James 2 in the IRVM
James 2 in the IRVM2
James 2 in the IRVO
James 2 in the IRVP
James 2 in the IRVT
James 2 in the IRVT2
James 2 in the IRVU
James 2 in the ISVN
James 2 in the JSNT
James 2 in the KAPI
James 2 in the KBT1ETNIK
James 2 in the KBV
James 2 in the KJV
James 2 in the KNFD
James 2 in the LBA
James 2 in the LBLA
James 2 in the LNT
James 2 in the LSV
James 2 in the MAAL
James 2 in the MBV
James 2 in the MBV2
James 2 in the MHNT
James 2 in the MKNFD
James 2 in the MNG
James 2 in the MNT
James 2 in the MNT2
James 2 in the MRS1T
James 2 in the NAA
James 2 in the NASB
James 2 in the NBLA
James 2 in the NBS
James 2 in the NBVTP
James 2 in the NET2
James 2 in the NIV11
James 2 in the NNT
James 2 in the NNT2
James 2 in the NNT3
James 2 in the PDDPT
James 2 in the PFNT
James 2 in the RMNT
James 2 in the SBIAS
James 2 in the SBIBS
James 2 in the SBIBS2
James 2 in the SBICS
James 2 in the SBIDS
James 2 in the SBIGS
James 2 in the SBIHS
James 2 in the SBIIS
James 2 in the SBIIS2
James 2 in the SBIIS3
James 2 in the SBIKS
James 2 in the SBIKS2
James 2 in the SBIMS
James 2 in the SBIOS
James 2 in the SBIPS
James 2 in the SBISS
James 2 in the SBITS
James 2 in the SBITS2
James 2 in the SBITS3
James 2 in the SBITS4
James 2 in the SBIUS
James 2 in the SBIVS
James 2 in the SBT
James 2 in the SBT1E
James 2 in the SCHL
James 2 in the SNT
James 2 in the SUSU
James 2 in the SUSU2
James 2 in the SYNO
James 2 in the TBIAOTANT
James 2 in the TBT1E
James 2 in the TBT1E2
James 2 in the TFTIP
James 2 in the TFTU
James 2 in the TGNTATF3T
James 2 in the THAI
James 2 in the TNFD
James 2 in the TNT
James 2 in the TNTIK
James 2 in the TNTIL
James 2 in the TNTIN
James 2 in the TNTIP
James 2 in the TNTIZ
James 2 in the TOMA
James 2 in the TTENT
James 2 in the UBG
James 2 in the UGV
James 2 in the UGV2
James 2 in the UGV3
James 2 in the VBL
James 2 in the VDCC
James 2 in the YALU
James 2 in the YAPE
James 2 in the YBVTP
James 2 in the ZBP