John 16 (BOATCB2)

1 “Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina pintinn. 2 Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a na ɔresom Onyankopɔn. 3 Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me. 4 Nanso mereka eyi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfiase no manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.” 5 “Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6 Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow. 7 Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8 Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. 9 Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni. 10 Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. 11 Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw. 12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso mprempren de, morentumi nte ase. 13 Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14 Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15 Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekae se Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no na wabɛka akyerɛ mo no.” 16 “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.” 17 Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” 18 Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.” 19 Yesu huu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio.’ Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20 Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21 Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase. 22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam. 23 Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo. 24 Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ. 25 “Menam mmebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa wɔ mmebu mu bio, na mmom mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26 Sɛ saa da no du a mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo, 27 efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae. 28 Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.” 29 Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. 30 Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.” 31 Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di ana? 32 Bere bi rebedu; na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ nʼankasa fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ Agya no ka me ho. 33 “Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”

In Other Versions

John 16 in the ANGEFD

John 16 in the ANTPNG2D

John 16 in the AS21

John 16 in the BAGH

John 16 in the BBPNG

John 16 in the BBT1E

John 16 in the BDS

John 16 in the BEV

John 16 in the BHAD

John 16 in the BIB

John 16 in the BLPT

John 16 in the BNT

John 16 in the BNTABOOT

John 16 in the BNTLV

John 16 in the BOATCB

John 16 in the BOBCV

John 16 in the BOCNT

John 16 in the BOECS

John 16 in the BOGWICC

John 16 in the BOHCB

John 16 in the BOHCV

John 16 in the BOHLNT

John 16 in the BOHNTLTAL

John 16 in the BOICB

John 16 in the BOILNTAP

John 16 in the BOITCV

John 16 in the BOKCV

John 16 in the BOKCV2

John 16 in the BOKHWOG

John 16 in the BOKSSV

John 16 in the BOLCB

John 16 in the BOLCB2

John 16 in the BOMCV

John 16 in the BONAV

John 16 in the BONCB

John 16 in the BONLT

John 16 in the BONUT2

John 16 in the BOPLNT

John 16 in the BOSCB

John 16 in the BOSNC

John 16 in the BOTLNT

John 16 in the BOVCB

John 16 in the BOYCB

John 16 in the BPBB

John 16 in the BPH

John 16 in the BSB

John 16 in the CCB

John 16 in the CUV

John 16 in the CUVS

John 16 in the DBT

John 16 in the DGDNT

John 16 in the DHNT

John 16 in the DNT

John 16 in the ELBE

John 16 in the EMTV

John 16 in the ESV

John 16 in the FBV

John 16 in the FEB

John 16 in the GGMNT

John 16 in the GNT

John 16 in the HARY

John 16 in the HNT

John 16 in the IRVA

John 16 in the IRVB

John 16 in the IRVG

John 16 in the IRVH

John 16 in the IRVK

John 16 in the IRVM

John 16 in the IRVM2

John 16 in the IRVO

John 16 in the IRVP

John 16 in the IRVT

John 16 in the IRVT2

John 16 in the IRVU

John 16 in the ISVN

John 16 in the JSNT

John 16 in the KAPI

John 16 in the KBT1ETNIK

John 16 in the KBV

John 16 in the KJV

John 16 in the KNFD

John 16 in the LBA

John 16 in the LBLA

John 16 in the LNT

John 16 in the LSV

John 16 in the MAAL

John 16 in the MBV

John 16 in the MBV2

John 16 in the MHNT

John 16 in the MKNFD

John 16 in the MNG

John 16 in the MNT

John 16 in the MNT2

John 16 in the MRS1T

John 16 in the NAA

John 16 in the NASB

John 16 in the NBLA

John 16 in the NBS

John 16 in the NBVTP

John 16 in the NET2

John 16 in the NIV11

John 16 in the NNT

John 16 in the NNT2

John 16 in the NNT3

John 16 in the PDDPT

John 16 in the PFNT

John 16 in the RMNT

John 16 in the SBIAS

John 16 in the SBIBS

John 16 in the SBIBS2

John 16 in the SBICS

John 16 in the SBIDS

John 16 in the SBIGS

John 16 in the SBIHS

John 16 in the SBIIS

John 16 in the SBIIS2

John 16 in the SBIIS3

John 16 in the SBIKS

John 16 in the SBIKS2

John 16 in the SBIMS

John 16 in the SBIOS

John 16 in the SBIPS

John 16 in the SBISS

John 16 in the SBITS

John 16 in the SBITS2

John 16 in the SBITS3

John 16 in the SBITS4

John 16 in the SBIUS

John 16 in the SBIVS

John 16 in the SBT

John 16 in the SBT1E

John 16 in the SCHL

John 16 in the SNT

John 16 in the SUSU

John 16 in the SUSU2

John 16 in the SYNO

John 16 in the TBIAOTANT

John 16 in the TBT1E

John 16 in the TBT1E2

John 16 in the TFTIP

John 16 in the TFTU

John 16 in the TGNTATF3T

John 16 in the THAI

John 16 in the TNFD

John 16 in the TNT

John 16 in the TNTIK

John 16 in the TNTIL

John 16 in the TNTIN

John 16 in the TNTIP

John 16 in the TNTIZ

John 16 in the TOMA

John 16 in the TTENT

John 16 in the UBG

John 16 in the UGV

John 16 in the UGV2

John 16 in the UGV3

John 16 in the VBL

John 16 in the VDCC

John 16 in the YALU

John 16 in the YAPE

John 16 in the YBVTP

John 16 in the ZBP