Mark 15 (BOATCB2)

1 Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa. 2 Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”Yesu buae se, “Mo na muse.” 3 Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee. 4 Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?” 5 Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa. 6 Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu. 7 Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. 8 Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no. 9 Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?” 10 Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti. 11 Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba. 12 Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?” 13 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!” 14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!” 15 Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu. 16 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ. 17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no. 18 Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” 19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20 Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu. 21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no. 22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ. 23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24 Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto. 25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu. 26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se,“YUDAFO HENE NO NI.” 27 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28 Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu. 29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30 Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.” 31 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!” 32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi. 33 Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. 34 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” 35 Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.” 36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!” 37 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui. 38 Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. 39 Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!” 40 Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome. 41 Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ. 42 Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda no nti, 43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no. 44 Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45 Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no. 46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano. 47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.

In Other Versions

Mark 15 in the ANGEFD

Mark 15 in the ANTPNG2D

Mark 15 in the AS21

Mark 15 in the BAGH

Mark 15 in the BBPNG

Mark 15 in the BBT1E

Mark 15 in the BDS

Mark 15 in the BEV

Mark 15 in the BHAD

Mark 15 in the BIB

Mark 15 in the BLPT

Mark 15 in the BNT

Mark 15 in the BNTABOOT

Mark 15 in the BNTLV

Mark 15 in the BOATCB

Mark 15 in the BOBCV

Mark 15 in the BOCNT

Mark 15 in the BOECS

Mark 15 in the BOGWICC

Mark 15 in the BOHCB

Mark 15 in the BOHCV

Mark 15 in the BOHLNT

Mark 15 in the BOHNTLTAL

Mark 15 in the BOICB

Mark 15 in the BOILNTAP

Mark 15 in the BOITCV

Mark 15 in the BOKCV

Mark 15 in the BOKCV2

Mark 15 in the BOKHWOG

Mark 15 in the BOKSSV

Mark 15 in the BOLCB

Mark 15 in the BOLCB2

Mark 15 in the BOMCV

Mark 15 in the BONAV

Mark 15 in the BONCB

Mark 15 in the BONLT

Mark 15 in the BONUT2

Mark 15 in the BOPLNT

Mark 15 in the BOSCB

Mark 15 in the BOSNC

Mark 15 in the BOTLNT

Mark 15 in the BOVCB

Mark 15 in the BOYCB

Mark 15 in the BPBB

Mark 15 in the BPH

Mark 15 in the BSB

Mark 15 in the CCB

Mark 15 in the CUV

Mark 15 in the CUVS

Mark 15 in the DBT

Mark 15 in the DGDNT

Mark 15 in the DHNT

Mark 15 in the DNT

Mark 15 in the ELBE

Mark 15 in the EMTV

Mark 15 in the ESV

Mark 15 in the FBV

Mark 15 in the FEB

Mark 15 in the GGMNT

Mark 15 in the GNT

Mark 15 in the HARY

Mark 15 in the HNT

Mark 15 in the IRVA

Mark 15 in the IRVB

Mark 15 in the IRVG

Mark 15 in the IRVH

Mark 15 in the IRVK

Mark 15 in the IRVM

Mark 15 in the IRVM2

Mark 15 in the IRVO

Mark 15 in the IRVP

Mark 15 in the IRVT

Mark 15 in the IRVT2

Mark 15 in the IRVU

Mark 15 in the ISVN

Mark 15 in the JSNT

Mark 15 in the KAPI

Mark 15 in the KBT1ETNIK

Mark 15 in the KBV

Mark 15 in the KJV

Mark 15 in the KNFD

Mark 15 in the LBA

Mark 15 in the LBLA

Mark 15 in the LNT

Mark 15 in the LSV

Mark 15 in the MAAL

Mark 15 in the MBV

Mark 15 in the MBV2

Mark 15 in the MHNT

Mark 15 in the MKNFD

Mark 15 in the MNG

Mark 15 in the MNT

Mark 15 in the MNT2

Mark 15 in the MRS1T

Mark 15 in the NAA

Mark 15 in the NASB

Mark 15 in the NBLA

Mark 15 in the NBS

Mark 15 in the NBVTP

Mark 15 in the NET2

Mark 15 in the NIV11

Mark 15 in the NNT

Mark 15 in the NNT2

Mark 15 in the NNT3

Mark 15 in the PDDPT

Mark 15 in the PFNT

Mark 15 in the RMNT

Mark 15 in the SBIAS

Mark 15 in the SBIBS

Mark 15 in the SBIBS2

Mark 15 in the SBICS

Mark 15 in the SBIDS

Mark 15 in the SBIGS

Mark 15 in the SBIHS

Mark 15 in the SBIIS

Mark 15 in the SBIIS2

Mark 15 in the SBIIS3

Mark 15 in the SBIKS

Mark 15 in the SBIKS2

Mark 15 in the SBIMS

Mark 15 in the SBIOS

Mark 15 in the SBIPS

Mark 15 in the SBISS

Mark 15 in the SBITS

Mark 15 in the SBITS2

Mark 15 in the SBITS3

Mark 15 in the SBITS4

Mark 15 in the SBIUS

Mark 15 in the SBIVS

Mark 15 in the SBT

Mark 15 in the SBT1E

Mark 15 in the SCHL

Mark 15 in the SNT

Mark 15 in the SUSU

Mark 15 in the SUSU2

Mark 15 in the SYNO

Mark 15 in the TBIAOTANT

Mark 15 in the TBT1E

Mark 15 in the TBT1E2

Mark 15 in the TFTIP

Mark 15 in the TFTU

Mark 15 in the TGNTATF3T

Mark 15 in the THAI

Mark 15 in the TNFD

Mark 15 in the TNT

Mark 15 in the TNTIK

Mark 15 in the TNTIL

Mark 15 in the TNTIN

Mark 15 in the TNTIP

Mark 15 in the TNTIZ

Mark 15 in the TOMA

Mark 15 in the TTENT

Mark 15 in the UBG

Mark 15 in the UGV

Mark 15 in the UGV2

Mark 15 in the UGV3

Mark 15 in the VBL

Mark 15 in the VDCC

Mark 15 in the YALU

Mark 15 in the YAPE

Mark 15 in the YBVTP

Mark 15 in the ZBP