Revelation 9 (BOATCB2)
1 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. 2 Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. 3 Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre. 4 Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn. 5 Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de. 6 Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn. 7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. 8 Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se. 9 Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10 Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no. 11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo). 12 Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba. 13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa. 14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn wɔ, Asubɔnten Eufrate ho no.” 15 Wɔsansan abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa ɔsram yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adesamma mu nkyɛmu abiɛsa mu baako. 16 Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee. 17 Na mʼanisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn akafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm, ne akokɔsrade sɛ sufre. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti na na ogya wusiw ne sufre fi wɔn anom. 18 Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sufre no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adesamma nkyɛmu abiɛsa mu baako. 19 Efisɛ na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa. 20 Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som. 21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho.
In Other Versions
Revelation 9 in the ANGEFD
Revelation 9 in the ANTPNG2D
Revelation 9 in the AS21
Revelation 9 in the BAGH
Revelation 9 in the BBPNG
Revelation 9 in the BBT1E
Revelation 9 in the BDS
Revelation 9 in the BEV
Revelation 9 in the BHAD
Revelation 9 in the BIB
Revelation 9 in the BLPT
Revelation 9 in the BNT
Revelation 9 in the BNTABOOT
Revelation 9 in the BNTLV
Revelation 9 in the BOATCB
Revelation 9 in the BOBCV
Revelation 9 in the BOCNT
Revelation 9 in the BOECS
Revelation 9 in the BOGWICC
Revelation 9 in the BOHCB
Revelation 9 in the BOHCV
Revelation 9 in the BOHLNT
Revelation 9 in the BOHNTLTAL
Revelation 9 in the BOICB
Revelation 9 in the BOILNTAP
Revelation 9 in the BOITCV
Revelation 9 in the BOKCV
Revelation 9 in the BOKCV2
Revelation 9 in the BOKHWOG
Revelation 9 in the BOKSSV
Revelation 9 in the BOLCB
Revelation 9 in the BOLCB2
Revelation 9 in the BOMCV
Revelation 9 in the BONAV
Revelation 9 in the BONCB
Revelation 9 in the BONLT
Revelation 9 in the BONUT2
Revelation 9 in the BOPLNT
Revelation 9 in the BOSCB
Revelation 9 in the BOSNC
Revelation 9 in the BOTLNT
Revelation 9 in the BOVCB
Revelation 9 in the BOYCB
Revelation 9 in the BPBB
Revelation 9 in the BPH
Revelation 9 in the BSB
Revelation 9 in the CCB
Revelation 9 in the CUV
Revelation 9 in the CUVS
Revelation 9 in the DBT
Revelation 9 in the DGDNT
Revelation 9 in the DHNT
Revelation 9 in the DNT
Revelation 9 in the ELBE
Revelation 9 in the EMTV
Revelation 9 in the ESV
Revelation 9 in the FBV
Revelation 9 in the FEB
Revelation 9 in the GGMNT
Revelation 9 in the GNT
Revelation 9 in the HARY
Revelation 9 in the HNT
Revelation 9 in the IRVA
Revelation 9 in the IRVB
Revelation 9 in the IRVG
Revelation 9 in the IRVH
Revelation 9 in the IRVK
Revelation 9 in the IRVM
Revelation 9 in the IRVM2
Revelation 9 in the IRVO
Revelation 9 in the IRVP
Revelation 9 in the IRVT
Revelation 9 in the IRVT2
Revelation 9 in the IRVU
Revelation 9 in the ISVN
Revelation 9 in the JSNT
Revelation 9 in the KAPI
Revelation 9 in the KBT1ETNIK
Revelation 9 in the KBV
Revelation 9 in the KJV
Revelation 9 in the KNFD
Revelation 9 in the LBA
Revelation 9 in the LBLA
Revelation 9 in the LNT
Revelation 9 in the LSV
Revelation 9 in the MAAL
Revelation 9 in the MBV
Revelation 9 in the MBV2
Revelation 9 in the MHNT
Revelation 9 in the MKNFD
Revelation 9 in the MNG
Revelation 9 in the MNT
Revelation 9 in the MNT2
Revelation 9 in the MRS1T
Revelation 9 in the NAA
Revelation 9 in the NASB
Revelation 9 in the NBLA
Revelation 9 in the NBS
Revelation 9 in the NBVTP
Revelation 9 in the NET2
Revelation 9 in the NIV11
Revelation 9 in the NNT
Revelation 9 in the NNT2
Revelation 9 in the NNT3
Revelation 9 in the PDDPT
Revelation 9 in the PFNT
Revelation 9 in the RMNT
Revelation 9 in the SBIAS
Revelation 9 in the SBIBS
Revelation 9 in the SBIBS2
Revelation 9 in the SBICS
Revelation 9 in the SBIDS
Revelation 9 in the SBIGS
Revelation 9 in the SBIHS
Revelation 9 in the SBIIS
Revelation 9 in the SBIIS2
Revelation 9 in the SBIIS3
Revelation 9 in the SBIKS
Revelation 9 in the SBIKS2
Revelation 9 in the SBIMS
Revelation 9 in the SBIOS
Revelation 9 in the SBIPS
Revelation 9 in the SBISS
Revelation 9 in the SBITS
Revelation 9 in the SBITS2
Revelation 9 in the SBITS3
Revelation 9 in the SBITS4
Revelation 9 in the SBIUS
Revelation 9 in the SBIVS
Revelation 9 in the SBT
Revelation 9 in the SBT1E
Revelation 9 in the SCHL
Revelation 9 in the SNT
Revelation 9 in the SUSU
Revelation 9 in the SUSU2
Revelation 9 in the SYNO
Revelation 9 in the TBIAOTANT
Revelation 9 in the TBT1E
Revelation 9 in the TBT1E2
Revelation 9 in the TFTIP
Revelation 9 in the TFTU
Revelation 9 in the TGNTATF3T
Revelation 9 in the THAI
Revelation 9 in the TNFD
Revelation 9 in the TNT
Revelation 9 in the TNTIK
Revelation 9 in the TNTIL
Revelation 9 in the TNTIN
Revelation 9 in the TNTIP
Revelation 9 in the TNTIZ
Revelation 9 in the TOMA
Revelation 9 in the TTENT
Revelation 9 in the UBG
Revelation 9 in the UGV
Revelation 9 in the UGV2
Revelation 9 in the UGV3
Revelation 9 in the VBL
Revelation 9 in the VDCC
Revelation 9 in the YALU
Revelation 9 in the YAPE
Revelation 9 in the YBVTP
Revelation 9 in the ZBP