2 Timothy 1 (BOATCB)

1 Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, sɛ menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro. 2 Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. 3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaeɛbɔ mu. 4 Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye. 5 Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu. 6 Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7 Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. 11 Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi. 12 Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso. 13 Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no. 14 Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban. 15 Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho. 16 Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, 17 na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ɔhunuu me. 18 Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

In Other Versions

2 Timothy 1 in the ANGEFD

2 Timothy 1 in the ANTPNG2D

2 Timothy 1 in the AS21

2 Timothy 1 in the BAGH

2 Timothy 1 in the BBPNG

2 Timothy 1 in the BBT1E

2 Timothy 1 in the BDS

2 Timothy 1 in the BEV

2 Timothy 1 in the BHAD

2 Timothy 1 in the BIB

2 Timothy 1 in the BLPT

2 Timothy 1 in the BNT

2 Timothy 1 in the BNTABOOT

2 Timothy 1 in the BNTLV

2 Timothy 1 in the BOATCB2

2 Timothy 1 in the BOBCV

2 Timothy 1 in the BOCNT

2 Timothy 1 in the BOECS

2 Timothy 1 in the BOGWICC

2 Timothy 1 in the BOHCB

2 Timothy 1 in the BOHCV

2 Timothy 1 in the BOHLNT

2 Timothy 1 in the BOHNTLTAL

2 Timothy 1 in the BOICB

2 Timothy 1 in the BOILNTAP

2 Timothy 1 in the BOITCV

2 Timothy 1 in the BOKCV

2 Timothy 1 in the BOKCV2

2 Timothy 1 in the BOKHWOG

2 Timothy 1 in the BOKSSV

2 Timothy 1 in the BOLCB

2 Timothy 1 in the BOLCB2

2 Timothy 1 in the BOMCV

2 Timothy 1 in the BONAV

2 Timothy 1 in the BONCB

2 Timothy 1 in the BONLT

2 Timothy 1 in the BONUT2

2 Timothy 1 in the BOPLNT

2 Timothy 1 in the BOSCB

2 Timothy 1 in the BOSNC

2 Timothy 1 in the BOTLNT

2 Timothy 1 in the BOVCB

2 Timothy 1 in the BOYCB

2 Timothy 1 in the BPBB

2 Timothy 1 in the BPH

2 Timothy 1 in the BSB

2 Timothy 1 in the CCB

2 Timothy 1 in the CUV

2 Timothy 1 in the CUVS

2 Timothy 1 in the DBT

2 Timothy 1 in the DGDNT

2 Timothy 1 in the DHNT

2 Timothy 1 in the DNT

2 Timothy 1 in the ELBE

2 Timothy 1 in the EMTV

2 Timothy 1 in the ESV

2 Timothy 1 in the FBV

2 Timothy 1 in the FEB

2 Timothy 1 in the GGMNT

2 Timothy 1 in the GNT

2 Timothy 1 in the HARY

2 Timothy 1 in the HNT

2 Timothy 1 in the IRVA

2 Timothy 1 in the IRVB

2 Timothy 1 in the IRVG

2 Timothy 1 in the IRVH

2 Timothy 1 in the IRVK

2 Timothy 1 in the IRVM

2 Timothy 1 in the IRVM2

2 Timothy 1 in the IRVO

2 Timothy 1 in the IRVP

2 Timothy 1 in the IRVT

2 Timothy 1 in the IRVT2

2 Timothy 1 in the IRVU

2 Timothy 1 in the ISVN

2 Timothy 1 in the JSNT

2 Timothy 1 in the KAPI

2 Timothy 1 in the KBT1ETNIK

2 Timothy 1 in the KBV

2 Timothy 1 in the KJV

2 Timothy 1 in the KNFD

2 Timothy 1 in the LBA

2 Timothy 1 in the LBLA

2 Timothy 1 in the LNT

2 Timothy 1 in the LSV

2 Timothy 1 in the MAAL

2 Timothy 1 in the MBV

2 Timothy 1 in the MBV2

2 Timothy 1 in the MHNT

2 Timothy 1 in the MKNFD

2 Timothy 1 in the MNG

2 Timothy 1 in the MNT

2 Timothy 1 in the MNT2

2 Timothy 1 in the MRS1T

2 Timothy 1 in the NAA

2 Timothy 1 in the NASB

2 Timothy 1 in the NBLA

2 Timothy 1 in the NBS

2 Timothy 1 in the NBVTP

2 Timothy 1 in the NET2

2 Timothy 1 in the NIV11

2 Timothy 1 in the NNT

2 Timothy 1 in the NNT2

2 Timothy 1 in the NNT3

2 Timothy 1 in the PDDPT

2 Timothy 1 in the PFNT

2 Timothy 1 in the RMNT

2 Timothy 1 in the SBIAS

2 Timothy 1 in the SBIBS

2 Timothy 1 in the SBIBS2

2 Timothy 1 in the SBICS

2 Timothy 1 in the SBIDS

2 Timothy 1 in the SBIGS

2 Timothy 1 in the SBIHS

2 Timothy 1 in the SBIIS

2 Timothy 1 in the SBIIS2

2 Timothy 1 in the SBIIS3

2 Timothy 1 in the SBIKS

2 Timothy 1 in the SBIKS2

2 Timothy 1 in the SBIMS

2 Timothy 1 in the SBIOS

2 Timothy 1 in the SBIPS

2 Timothy 1 in the SBISS

2 Timothy 1 in the SBITS

2 Timothy 1 in the SBITS2

2 Timothy 1 in the SBITS3

2 Timothy 1 in the SBITS4

2 Timothy 1 in the SBIUS

2 Timothy 1 in the SBIVS

2 Timothy 1 in the SBT

2 Timothy 1 in the SBT1E

2 Timothy 1 in the SCHL

2 Timothy 1 in the SNT

2 Timothy 1 in the SUSU

2 Timothy 1 in the SUSU2

2 Timothy 1 in the SYNO

2 Timothy 1 in the TBIAOTANT

2 Timothy 1 in the TBT1E

2 Timothy 1 in the TBT1E2

2 Timothy 1 in the TFTIP

2 Timothy 1 in the TFTU

2 Timothy 1 in the TGNTATF3T

2 Timothy 1 in the THAI

2 Timothy 1 in the TNFD

2 Timothy 1 in the TNT

2 Timothy 1 in the TNTIK

2 Timothy 1 in the TNTIL

2 Timothy 1 in the TNTIN

2 Timothy 1 in the TNTIP

2 Timothy 1 in the TNTIZ

2 Timothy 1 in the TOMA

2 Timothy 1 in the TTENT

2 Timothy 1 in the UBG

2 Timothy 1 in the UGV

2 Timothy 1 in the UGV2

2 Timothy 1 in the UGV3

2 Timothy 1 in the VBL

2 Timothy 1 in the VDCC

2 Timothy 1 in the YALU

2 Timothy 1 in the YAPE

2 Timothy 1 in the YBVTP

2 Timothy 1 in the ZBP